Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 12:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na wo nso, san kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn; so adɔe ne atemmu mu, na hwɛ wo Nyankopɔn kwan daa yi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na wo nso, sane kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn; sɔ adɔeɛ ne atemmuo mu, na hwɛ wo Nyankopɔn kwan daa daa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛsɛ sɛ wosan kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn. Tena ɔdɔ ne trenee mu, na twɛn wo Nyankopɔn daa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na wo nso, sane kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn; sɔ adɔeɛ ne atemmuo mu, na hwɛ wo Nyankopɔn kwan daa daa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛsɛ sɛ wo sane kɔ wo Onyankopɔn nkyɛn. Tena ɔdɔ ne tenenee mu, na twɛn wo Onyankopɔn daa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na wo nso, san kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn; so adɔe ne atemmu mu, na hwɛ wo Nyankopɔn kwan daa yi.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 12:6
39 Referencias Cruzadas  

AWURADE, wo nkwagye na mehwɛ no kwan.


Hwɛ, sɛnea nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa ano, sɛ afenaa ani hwɛ n’awuraa nsa ano no, sɛ yɛn ani hwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ne no, kosi sɛ ɔbɛdom yɛn.


Ma w’ani nna AWURADE so, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru, Yiw, ma w’ani nna AWURADE so.


Yɛ komm ma AWURADE, na tɔ wo bo ase twɛn no. Nhoran wo bo, nea ne kwan asi no yiye no nti, onipa a odi ne koko so asɛm so nti.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: Ka kyerɛ Israel mma sɛ: AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn yi, eyi ne me din de kosi daa, na eyi na wɔmfa nkae me awo ntoatoaso nyinaa mu.


Monnan mo ho mma me kasakyerɛ. Hwɛ, mɛworo me honhom mama mo, mɛma moahu me nsɛm.


Asɛntreneedi ne atemmu sɔ AWURADE ani sen afɔrebɔ.


Munguare, munnwira mo ho. Munyi mo nneyɛe mu bɔne mfi m’ani so, munnyae bɔneyɛ.


Na enti AWURADE twɛn ansa na wadom mo, na ɛno nti na ɔma ne ho so ansa na wahu mo mmɔbɔ, na atemmu Nyankopɔn ne AWURADE, nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.


Monsan mmra nea Israel mma wae fii ne ho no nkyɛn.


Na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no benya ahoɔden foforo, wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔre, wobetu mmirika, na wɔremmrɛ, wɔbɛnantew, na wɔrempa abaw.


Ɛno ɛnyɛ eyi ne abuadadi a mepɛ? Sɛ mobɛsansan abɔnefo apɔw, ayiyi kɔndua nhama, ama wɔn a wɔhyɛ wɔn so no afa wɔn ho akodi, na moabubu kɔndua nyinaa?


Na metwɛn AWURADE a oyi n’ani hintaw Yakob fi no, na m’ani da no so.


W’ani abere kyeneduru ho yi nti, so wubedi hene nen? So w’agya annidi annom ammu atɛntrenee anyɛ adetrenee? Ɛno nti nso na esii no yiye.


Ɛno nti, Israel fi, mebu mo mo akwan so atɛn mmiako mmiako, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Monsan na monnan mo ho mfi mo mmaratode nyinaa mu, na mmusu anyɛ hintidua amma mo.


Mungu aba mma trenee mfifi mma mo, muntwa adɔe so ade; monnɔw kwaebirentuw mfa, na adu bere a wɔde hwehwɛ AWURADE akyi kwan, kosi sɛ ɔbɛba abɛtɔ trenee su ama mo.


Israel, san bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumɔyɛ nti woahwe ase.


Muntie AWURADE asɛm, Israel mma, na AWURADE ne asase no sofo anya ɔham; na nokware ne adɔe ne Onyankopɔn ho nimdeɛ bi nni asase so.


Na afei nso, AWURADE na ose, monsan mmra me nkyɛn, mo koma nyinaa ne abuadadi ne osu ne adwotwa mu.


Munsunsuane mo koma, na ɛnyɛ mo ntade mu, na monsan mmra AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn, na ɔyɛ ɔdomfo ne mmɔborohunufo, ne bo kyɛ fuw, na n’adɔe so, na ɔsakra n’adwene adebɔne ho.


Na hwɛ, nea ɔnwenee mmepɔw na ɔbɔɔ mframa na ɔkyerɛ onipa nea ɛwɔ n’adwenem no, nea ɔyɛ adekyeehema ne kusuu na otiatia asase sorɔnsorɔmmea so no, Awurade, asafo Nyankopɔn ne ne din.


Na atemmu mpirew mmra sɛ nsu, na trenee mmra sɛ asu a ɛsen daa.


Wɔaka nea eye akyerɛ wo, onipa, ne nea AWURADE hwehwɛ wo hɔ, ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew.


Na me de, AWURADE na mehwɛ no kwan, mɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no; me Nyankopɔn betie me.


Na adehu no da so kyerɛ bere a wɔahyɛ, na ɛrepɛ kwan aba na ɛyɛ nokware, sɛ ɛtwentwɛn ase nso a, twɛn no ara, na ba de, ɛbɛba, ɛrenka akyiri.


Enti monhwɛ me kwan, Awurade asɛm ni, nkosi da a mɛsɔre mabegye asade. Na ɛyɛ m’atemmude sɛ meboa amanaman ano na mihyia ahenni aman, na mahwie m’abohuru, m’abufuhyew nyinaa, agu wɔn so; na me ninkuntwe gya no mu asase no nyinaa bɛhyew.


Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan maba mo nkyɛn, asafo Awurade na ose.


Sɛ asafo Awurade se ni: Mummu nokwatɛn, na onipa ne ne nua nni no adɔe ne mmɔborohunu so;


Eyinom ne ade a monyɛ: Monkeka nokwasɛm nkyerɛkyerɛ mo ho; nokware ne asomdwoe na momfa mmu atɛn mo nkurow apon mu.


Na Petro see wɔn sɛ: Monsakra mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu mma mo bɔne fakyɛ, na mubenya Honhom Kronkron akyɛde no.


na meka mekyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko kan, ne wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea asase nyinaa so, ne amanaman no, sɛ wɔnsakra wɔn adwene, na wɔnnan mmra Onyankopɔn nkyɛn, na wɔnyɛ nnwuma a ɛsɛ adwensakra.


Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fi agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase nkekae mu.


Na mmɔborohunu nni atemmu mu mma nea wanhu mmɔbɔ, na mmɔborohunu hoahoa ne ho di atemmu so nim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios