Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 12:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ɔyafunum na osoo ne nua nantin, na n’ahoɔden mu na ɔne Onyankopɔn koe;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Ɔyafunum na ɔsɔɔ ne nua nantin, na n’ahoɔden mu na ɔne Onyankopɔn koeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔyafunu mu na osoo ne nua nantin; onyinii no, ɔne Onyankopɔn peperee so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɔyafunum na ɔsɔɔ ne nua nantin, na n’ahoɔden mu na ɔne Onyankopɔn koeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔyafunu mu na ɔsɔɔ ne nua nantin; ɔnyiniiɛ no, ɔne Onyankopɔn pepree so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Ɔyafunum na osoo ne nua nantin, na n’ahoɔden mu na ɔne Onyankopɔn koe;

Ver Capítulo Copiar




Hosea 12:3
14 Referencias Cruzadas  

Na ɛno akyi no, ne nua no fi bae, na ne nsa kura Esau nantin, enti wɔtoo no din Yakob. Na wɔwoo wɔn no, na Isak adi mfe aduosia.


Enti AWURADE faa Israel abufuw sɛ, na oyii wɔn fii n’anim, wannyaw obi sɛ Yuda abusuakuw nko.


Enti na AWURADE poo Israel asefo nyinaa, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ɔde wɔn hyɛɛ afowfo nsa kosii sɛ ɔtow wɔn fii n’anim gui.


de kosii sɛ AWURADE yii Israel fii n’anim, sɛnea ɔnam ne nkoa adiyifo no nyinaa so kae no. Ɛno na wotuu Israel fii n’asase so kɔɔ Asaria de besi nnɛ.


Enti me ne mo da so ham, AWURADE asɛm ni, na me ne mo mma mma bɛham.


Afei awiei reba wo so, na mɛsoma m’abufuw aba wo so, na mabu wo w’akwan so atɛn, na mede w’akyide nyinaa aba wo so.


Afei ɛrenkyɛ na mehwie m’abufuhyew agu wo so, na mede m’abufuw aba wo so, na mabu w’akwan no atɛn, na mede w’akyide nyinaa agu wo so.


Muntie AWURADE asɛm, Israel mma, na AWURADE ne asase no sofo anya ɔham; na nokware ne adɔe ne Onyankopɔn ho nimdeɛ bi nni asase so.


Na wɔbɛyɛ ɔman no sɛ wɔbɛyɛ ɔsɔfo no, na mɛba mabɛtwe wɔn aso wɔn bɔne ho, na mama wɔn nneyɛe asan abebua wɔn atifi;


Sɛ AWURADE se ni: Yuda amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wɔapa AWURADE mmara na wɔanni n’ahyɛde so, na wɔn atoro a wɔn agyanom dii akyiri no ma wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ nti.


Mmepɔw, muntie AWURADE nkurobɔ, ne mo a mowɔ, asase nnyinaso daa no! Na AWURADE ne ne man anya ɔham, na ɔne Israel beyi ntɛn.


na onnya nwoo mma no, na wonnya nyɛɛ papa anaa bɔne no, nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn tirim a ɔbɔɔ no nyiyimu so no atena hɔ, na amfi nnwuma mu, na mmom ɛnam ne frɛ so nti,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios