Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 12:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na AWURADE ne Yuda anya asɛm, na ɔreba abɛtwe Yakob aso sɛ n’akwan te; sɛ ne nsɛnnii te no na obetua no ka.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na AWURADE ne Yuda anya asɛm, na ɔreba abɛtwe Yakob aso sɛdeɛ n’akwan teɛ; sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ no na ɔbɛtua no ka.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Awurade wɔ sobo de bɔ Yuda; ɔbɛtwe Yakob aso wɔ nʼakwan ho na watua no ne nneyɛe so ka.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na AWURADE ne Yuda anya asɛm, na ɔreba abɛtwe Yakob aso sɛdeɛ n’akwan teɛ; sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ no na ɔbɛtua no ka.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Awurade wɔ soboɔ de bɔ Yuda; ɔbɛtwe Yakob aso, wɔ nʼakwan ho na watua no ne nneyɛeɛ so ka.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na AWURADE ne Yuda anya asɛm, na ɔreba abɛtwe Yakob aso sɛ n’akwan te; sɛ ne nsɛnnii te no na obetua no ka.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 12:2
32 Referencias Cruzadas  

Na Asaria hene hui sɛ Hosea apam ne tiri so na wasoma abɔfo akɔ Misraim hene So nkyɛn, efisɛ wamfa ayɛyɛde ankɔma Asaria hene sɛ ɔyɛ daa afe no; ɛnna Asaria hene bɛkyeree no kɔtoo nneduadan mu.


So onyansafo de nimdeɛ huhuw bebua, na ɔde apuei mframa ahyɛ n’afuru ma?


Wɔde wɔn ano dɛfɛdɛfɛɛ no, na wɔde wɔn tɛkrɛma dii atoro kyerɛɛ no,


Sɛnea ofi ne na yam adagyaw mu bae no, saa ara na ɔbɛsan akɔ, sɛ ɔbae no, na ɔremfa ne brɛ mu hwee a ɔde bekita ne nsam akɔ.


Na sɛ Awurade nya yɛ n’ade a ɔbɛyɛ, Sion bepɔw so ne Yerusalem wie a, mɛba mabetua Asaria hene komapirim ne n’ani a atra ne ntɔn no so ka.


Ɔman nkɔnkɔnsafo mu na mɛsoma no makɔ, na m’abufuw man no so na mɛhyɛ no sɛ ɔnkɔ nkɔfa asade na ɔnkɔfow, na ontiatia wɔn so sɛ mmorɔn so dɔte.


Ɛda no, AWURADE bɛtwe ɔsoro dɔm aso, ɔsoro, ne fam ahene aso, ɛfam.


Ao, ɔbɔnefo nnue: Na obedi mmusu, na ne nneyɛe so ade na wɔde bɛma no.


Anafo fam mmoa ho atemmusɛm. Wɔfa ahohia ne ahokyere asase so, nea gyatabere ne gyatanini wɔ no, nea ahurutoa ne ɔwɔ a otu wɔ no, wɔde wɔn nneɛma agugu mfurum akyi, ne wɔn akorade nso yoma akyi apɔw so, wɔde rekɔ ɔman a wɔn ho remma wɔn mfaso bi no nkyɛn.


Sɛ wɔyɛe no, saa ara na ɔbɛhyɛ wɔn ananmu de abufuhyew ama n’ahohiafo, ne akatua ama n’atamfo; mpoano aman nso, ɔde akatua bɛhyɛ wɔn ananmu.


Hooyɛ no bedu asase ano noho, na AWURADE ne amanaman reham; ɔrebu ɔhonam nyinaa atɛn; ɔde abɔnefo ato afoa ano, AWURADE asɛm ni.


Na mɛba mabɛtwe no nna a odi maa Baalim no so aso, sɛ ɔhyew aduhuam maa wɔn, na ɔde ne hwene mu kaa ne ne nnwinne kekaa ne ho, na odii n’adɔfo akyi, na me de, ne werɛ fii me no, AWURADE asɛm ni.


Muntie AWURADE asɛm, Israel mma, na AWURADE ne asase no sofo anya ɔham; na nokware ne adɔe ne Onyankopɔn ho nimdeɛ bi nni asase so.


Na wɔbɛyɛ ɔman no sɛ wɔbɛyɛ ɔsɔfo no, na mɛba mabɛtwe wɔn aso wɔn bɔne ho, na mama wɔn nneyɛe asan abebua wɔn atifi;


Meresa Israel yare yi, na Efraim amumɔyɛ ne Samaria nnebɔne reda adi; wodi atoro, na owifo bubu ba mu, akwamukafo asafo nso fow mmorɔn so.


Na Efraim adan sɛ aborɔnoma ayemfo, onni ti; wɔrepɛ mmoa afi Misraim no na wɔdan Asaria nso.


Na wɔnka wɔn komam sɛ mekaa wɔn bɔneyɛ nyinaa; afei wɔn nsɛnnii atwa wɔn ho ahyia, egu m’anim.


Sɛ wɔabobɔ amanaman mu bi paa mpo a, afei mɛboa wɔn ano, na ahemfo mu hene no nhyɛso nti, wɔn so afi ase ahuan.


M’ayɛyɛde afɔre a wɔbɔ no, nam nko na wokum; AWURADE ani nsɔ; afei ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ na wabɛtwe wɔn bɔne so aso; Misraim na wɔbɛsan akɔ.


Na wɔn de, wɔaforo kɔ Asiria; wuram afurum a ne nko atew ne ho; Efraim abobɔ adɔfo paa.


Wɔn bɔne nyinaa wɔ Gilgal, na ɛhɔ na mifi metan wɔn; wɔn nneyɛe bɔne nti, mɛpam wɔn afi me fi, merenna so mennɔ wɔn; wɔn mmapɔmma nyinaa yɛ atuatewfo nko.


Wɔama ɔsɛe a wɔasɛe no mu adɔ sɛ Gibea nna no mu, ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ, ɔbɛtwe wɔn bɔne so aso.


Sɛ AWURADE se ni: Yuda amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wɔapa AWURADE mmara na wɔanni n’ahyɛde so, na wɔn atoro a wɔn agyanom dii akyiri no ma wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ nti.


Mmepɔw, muntie AWURADE nkurobɔ, ne mo a mowɔ, asase nnyinaso daa no! Na AWURADE ne ne man anya ɔham, na ɔne Israel beyi ntɛn.


Na Onipa Ba no de n’agya anuonyam ne n’abɔfo na ɛbɛba; ɛno na obetua onipa biara ka sɛnea ne nneyɛe te.


Ɔno na obesusuw nnipa nyinaa nnwuma so ade ama wɔn mmiako mmiako.


Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios