Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 12:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Efraim hwew mframa, na odi apuei ahum akyi; daa nyinaa ɔma atoro ne ɔsɛe dɔɔso, na ɔne Aseria kɔ apam, na ɔsoa ngo kɔ Misraim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Efraim hwe mframa, na ɔdi apueeɛ ahum akyi; daa nyinaa wɔma atorɔ ne ɔsɛeɛ dɔɔso, na wɔne Asiria kɔ apam, na wɔsoa ngo kɔ Misraim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Efraim de mframa ayɛ aduan; odi apuei mframa akyi daa na odi atoro yɛ akakabensɛm bebree. Ɔne Asiria yɛ apam na ɔde ngo kɔ Misraim.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Efraim hwe mframa, na ɔdi apueeɛ ahum akyi; daa nyinaa wɔma atorɔ ne ɔsɛeɛ dɔɔso, na wɔne Asiria kɔ apam, na wɔsoa ngo kɔ Misraim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Efraim de mframa ayɛ aduane; ɔdi apueeɛ mframa akyi daa na ɔdi atorɔ yɛ akakabensɛm bebree. Ɔne Asiria yɛ apam na ɔde ngo kɔ Misraim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Efraim hwew mframa, na odi apuei ahum akyi; daa nyinaa ɔma atoro ne ɔsɛe dɔɔso, na ɔne Aseria kɔ apam, na ɔsoa ngo kɔ Misraim.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 12:1
20 Referencias Cruzadas  

Na hwɛ, mmɛtem ason nkorowankorowa a apuei mframa akisa no fifi dii akyiri bae.


Asaria hene Pul baa asase no so, na Menahem maa Pul dwetɛ talente apem, sɛ ɔmmoa no nhyɛ ne nsam den ahenni no mu.


Nso ɔyeyɛɛ sorɔnsorɔmmea Yuda mmepɔw so, na ɔde Yerusalemfo kɔɔ aguamammɔ mu, na ɔhyɛɛ Yuda ma wɔman kɔɔ bɔne mu.


So onyansafo de nimdeɛ huhuw bebua, na ɔde apuei mframa ahyɛ n’afuru ma?


Wɔde wɔn ano dɛfɛdɛfɛɛ no, na wɔde wɔn tɛkrɛma dii atoro kyerɛɛ no,


Hwɛ sɛnea wonennam kwa dannan wo kwan! Misraim ho nso w’ani bewu, sɛnea w’ani wui Asaria ho no.


Mframa bɛyɛn w’ayɛnfo nyinaa, na w’adɔfo bɛkɔ nnommumfa mu; ɛno ansa na w’ani bewu na w’anim agu ase, wo bɔne nyinaa ho.


na matotow mo mafi m’anim magu, sɛnea metow mo nuanom nyinaa, Efraim asefo nyinaa, migui no.


Yɛde yɛn ho ma Misraim ne Asiria, na yɛanya aduan adi amee.


Na hwɛ, wɔatɛw no yi, so ɛbɛkye ade? So bere a apuei mframa bɛka no no, ɛnyɛ okisa na ebekisa? Wɔ akofi a efifii so no so ara na ebetwintwam.


Efraim de atoro na Israel fi de nsisi atwa me ho asi, nanso Yuda de, ɔbɔ Onyankopɔn kronkronni nokwafo no ho anworaman.


Merenni m’abufuhyew no so, merensan memmɛsɛe Efraim; na Onyankopɔn ne me, na ɛnyɛ onipa, wo mu kronkronni ne me, na meremma abohuru so.


Ɛwom sɛ wo, Israel, wobɔ aguaman de, nanso mma Yuda nnni so. Na momman nnkɔ Gilgal, na mommforo mmma Bet-awen, na monnkeka ntam sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi.


Mframa akyere no ne ntaban mu, na wɔn ani bewuwu wɔn afɔrebɔ ho.


Bere a Efraim huu ne yare, na Yuda huu ne kuru; na Efraim siim kɔɔ Asiria, na ɔsoma kɔɔ ɔhene Yareb nkyɛn; na ɔno nso, ɔrentumi nsa mo yare, na ɔrenkum mo ho kuru.


Meresa Israel yare yi, na Efraim amumɔyɛ ne Samaria nnebɔne reda adi; wodi atoro, na owifo bubu ba mu, akwamukafo asafo nso fow mmorɔn so.


Na Efraim adan sɛ aborɔnoma ayemfo, onni ti; wɔrepɛ mmoa afi Misraim no na wɔdan Asaria nso.


Na mframa na wogu, na ahum nso na wobetwa; awi a egyina hɔ nni mu; nea efifi no, wɔyam a, wonnya mu siam; sɛ ebi wɔ mu po a, ahɔho na wobedi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios