Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 11:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Merenni m’abufuhyew no so, merensan memmɛsɛe Efraim; na Onyankopɔn ne me, na ɛnyɛ onipa, wo mu kronkronni ne me, na meremma abohuru so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Merenni m’abufuhyeɛ no so, merensane memmɛsɛe Efraim; na Onyankopɔn ne me, na ɛnyɛ onipa, wo mu kronkronni ne me, na meremma abohuro so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Merenyɛ mʼabufuwhyew so ade, na merennan me ho nsɛe Efraim bio. Meyɛ Onyankopɔn na menyɛ onipa. Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mo mu. Meremma wɔ abufuw mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Merenni m’abufuhyeɛ no so, merensane memmɛsɛe Efraim; na Onyankopɔn ne me, na ɛnyɛ onipa, wo mu kronkronni ne me, na meremma abohuro so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Merenyɛ mʼabufuhyeɛsoɔ adeɛ, ɛna merennane me ho ɛnsɛe Efraim nso. Meyɛ Onyankopɔn na mennyɛ onipa. Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mu mu. Meremma wɔ abufuo mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Merenni m’abufuhyew no so, merensan memmɛsɛe Efraim; na Onyankopɔn ne me, na ɛnyɛ onipa, wo mu kronkronni ne me, na meremma abohuru so.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 11:9
30 Referencias Cruzadas  

Onyankopɔn nyɛ onipa, na wadi atoro, anaa onipa ba, na wanu ne ho. So ɔno de, ɔbɛka asɛm bi na ɔrenyɛ, anaasɛ ɔbɛkasa na ɔremma entim?


Na midi w’akyi sɛ megye wo nkwa, AWURADE asɛm ni; na mɛma amanaman a mabɔ wo apete hɔ no nyinaa awie sa, nso wo de, meremma wunwie sa, na mɛtwe w’aso atɛntrenee so, na bem de, meremma wunni.


Sion babea, huro na di ahurusi, na Israel kronkronni a ɔwɔ wo mu no so.


Na me, Awurade, mensakra; enti mo, Yakob mma, morenwie sa.


Mɛsa wɔn nsanakyiri mu yare, meyi me yam madɔ wɔn, na m’abufuw adan afi no so.


Na Amasa anhwɛ nkrante a ekura Yoab nsam no, na ɔde wɔɔ ne yafunu mu tuee ne nsono guu fam, na wamfea no so, na owui. Na Yoab ne ne nua Abisai tiw Bikri ba Seba.


Me din nti na metwentwɛn m’abufuw ase, na m’ayeyi nti midwoo m’ani memaa wo, na mansɛe wo.


Na ɔno de, ɔyɛ timmɔbɔ nti, ɔkataa wɔn amumɔyɛ so, na wansɛe wɔn; na ɔtaa sianka n’abufuw, na wanhwanyan n’awerɛhow nyinaa.


Na Abisai ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Onyankopɔn de wo tamfo ahyɛ wo nsa nnɛ, na afei ma memfa peaw no menwɔ no minkita fam prɛko, na meremfea no so.


Na mma abusude no bi nnka wo nsam; na AWURADE nnan mfi n’abufuhyew no ho, na onhu wo mmɔbɔ, na ne yam nhyehye no mma wo, na ɔmma wɔnnɔɔso sɛnea ɔkaa w’agyanom ntam no;


Onyankopɔn te mfinimfini, ɛnwosow, Onyankopɔn boa no anɔpahema.


Enti, sɛ ogyaframa hyew sakran na ogya framfram hyew wura guanguan no, saa ara nso na wɔn ntini bɛporɔw, na wɔn nhwiren betu akɔ sɛ otutuw, efisɛ wɔapa asafo AWURADE mmara, na wɔatew Israel kronkronni no asɛm ahi.


Wonnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, na wɔn ani da apɔnkɔ so, na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam so sɛ ɛdɔɔso, ne apɔnkɔsotefo so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti, na wɔn ani nna Israel kronkronni no so, na AWURADE akyi kwan nso, wɔnhwehwɛ.


Nsuro, aboawa Yakob, ne mo Israel mma! Me ara mɛboa wo, AWURADE na ɔkae, na wo gyefo ne Israel kronkronni no.


Wubehuw so na mframa asoa akɔ na ahum abɔ apete; na wo de, wubedi AWURADE mu ahurusi de Israel kronkronni no ahyehye wo ho.


ebia wobetie, na wɔasan afi wɔn akwammɔne so, na manu me ho, bɔne a ɛwɔ me tirim sɛ wɔn nneyɛe bɔne nti mɛyɛ wɔn no ho.


Yɛn nkwagye Nyankopɔn, san fa yɛn bra, na twa wo bo a ehuru yɛn no to wo yam.


Efraim hwew mframa, na odi apuei ahum akyi; daa nyinaa ɔma atoro ne ɔsɛe dɔɔso, na ɔne Aseria kɔ apam, na ɔsoa ngo kɔ Misraim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios