Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 11:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Anka meyi wo mama sɛ dɛn, O! Efraim, na magyaa wo mu dɛn ara, A! Israel! Anka meyi wo mama sɛ Adma, na mayɛ wo sɛ Seboim! Me koma adan wɔ me mu, Yiw! Mmɔborohunu agye me yam nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Anka mɛyi wo mama sɛn, O Efraim, na magyaa wo mu sɛn, O Israel! Adɛn nti na mɛyi wo mama sɛ Adma, na mayɛ wo sɛ Seboim? M’akoma adane wɔ me mu, aane! mmɔborɔhunu agye me yam nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “Ɛbɛyɛ dɛn na meyi wo ama, Efraim? Ɛbɛyɛ dɛn ma meyi wo ama, Israel? Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma? Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim? Me koma asakra wɔ me mu; na mʼahummɔbɔ ahwanyan.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Anka mɛyi wo mama sɛn, O Efraim, na magyaa wo mu sɛn, O Israel! Adɛn nti na mɛyi wo mama sɛ Adma, na mayɛ wo sɛ Seboim? M’akoma adane wɔ me mu, aane! mmɔborɔhunu agye me yam nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyi wo ama, Efraim? Ɛbɛyɛ dɛn ma mɛyi wo ama, Israel? Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma? Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim? Mʼakoma asesa wɔ me mu; na mʼahummɔborɔ ahwanyane.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Anka meyi wo mama sɛ dɛn, O! Efraim, na magyaa wo mu dɛn ara, A! Israel! Anka meyi wo mama sɛ Adma, na mayɛ wo sɛ Seboim! Me koma adan wɔ me mu, Yiw! Mmɔborohunu agye me yam nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 11:8
38 Referencias Cruzadas  

So Efraim yɛ me dɔ ba? Anaa abotɔyam ba? Dodow ara a mekasa mekyerɛ no yi, nkae ara na meda so mekae no? Ɛno nti na me nsono mu twitwa me, ɔno ho, enti me yam hyehye me ma no, AWURADE asɛm ni.


Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo, na wusiw wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn abo, mpɛn ahe na anka mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ!


Dɛn na menyɛ wo, Efraim? Dɛn na menyɛ wo, Yuda? Na mo adɔe te sɛ anɔpa mununkum, na ɛte sɛ obosu a ɛpɛ ntɛm akɔ.


Na AWURADE bebu ne man atɛn, na ne nkoa ade bɛyɛ no mmɔbɔ, bere a obehu sɛ wɔagurow koraa, na akoa anaa ɔdehye nni hɔ bio.


sufre ne nkyene, ɔhyew a asase no nyinaa ahyew a wonnua so ade na ɛnsow, na wura biara mfifi so, sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim butuw a AWURADE de n’abufuw ne n’abufuhyew butuwii no a, wɔbɛka ho asɛm,


Na saa ara nso na Sodom ne Gomora ne nkurow a ɛdeda ho a wɔyɛe sɛ eyinom, de wɔn ho maa aguamammɔ na wɔbɔɔ mmusu kɛse no, wɔde wɔn asi hɔ sɛ sɛnnahɔ ama daa ogya asotwe.


na sɛ ɔdan Sodom ne Gomora nkurow nso, na ɔde ɔsɛe buu wɔn fɔ de wɔn yɛɛ nhwɛso maa wɔn a akyiri yi wɔbɛyɛ amumɔyɛde,


Mibutuw mo mu binom, sɛ mibutuw Sodom ne Gomora no, na moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afi ogya mu; nanso moansan amma me nkyɛn, AWURADE asɛm ni.


AWURADE hwɛ m’awerɛhow yi! M’ayamde kyinkyim; me koma adan me yam; efisɛ matew atua kɛse, afoa twitwa me mma abɔnten so, na owu nso wɔ fie.


Nanso AWURADE dom wɔn, na ne yam hyehyee no maa wɔn, na ɔdan ne ho kyerɛɛ wɔn, n’apam a ɔne Abraham, Isak ne Yakob pamee no nti, na wampɛ sɛ ɔsɛe wɔn, na wantow wɔn ankyene amfi n’anim de besi nnɛ.


Na ɔbɔfo no teɛɛ ne nsa Yerusalem so sɛ ɔresɛe no no, AWURADE nuu ne ho bɔne no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔresɛe ɔman no sɛ: Adɔɔso afei, pono wo nsa. Na AWURADE bɔfo no adu Yebusini Arauna awiporowbea ho.


Na woyiyii anyame ananafo no fii wɔn mu, na wɔsom AWURADE; na Israel amanehunu no yɛɛ ne kra ahometew.


Na Sodom, Gomora, Adma, Seboim ahemfo ne Bela (a ɛne Soar) hene fi bae.


na wohuu ne hyew wusiw no, wɔteɛɛm sɛ: Kurow bɛn na ɛte sɛ kurow kɛse yi?


Na wɔn afunu bɛdeda kurow kɛse no abɔnten so, kurow a honhom mu wɔfrɛ no Sodom ne Misraim, nea wɔbɔɔ wɔn Awurade nso asɛnnua mu no.


enti, sɛ mete ase yi, asafo Awurade, Israel Nyankopɔn asɛm ni, ampa, Moab bɛdan sɛ Sodom, na Amonfo ayɛ sɛ Gomora, nsansono sisibea ne nkyemmena ne daapem amamfo; me man nkae bɛfow wɔn, na me nkurɔfo a wɔbɛka no afa wɔn adi.


AWURADE sakraa n’adwene eyi ho; eyi nso renyɛ hɔ! AWURADE Nyankopɔn na ose.


AWURADE sakraa n’adwene eyi ho: Ɛrenyɛ hɔ! AWURADE na ose.


efisɛ ɛnyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛhyɛ obi yaw anaa ɔbɛhaw nnipa mma.


Enti sɛ asafo AWURADE se ni: Hwɛ, mɛnan wɔn na masɔ wɔn mahwɛ, na menyɛ dɛn, me man babea no ho?


Kɔ na kɔpae saa nsɛm yi kyerɛ atifi fam sɛ: San w’akyi, ɔkobɔfo Israel! AWURADE asɛm ni. Meremmuna m’anim menkyerɛ mo bio, na ɔdomfo ne me, AWURADE asɛm ni. Meremfa menhyɛ me yam nkosi daa.


Brɛ w’ani ase fi soro, na fi wo kronkronyɛ ne w’anuonyam tenabea hɔ hwɛ. Ɛhe na wo ninkuntwe ne wo mmaninne no wɔ? W’ayamhyehye ne wo mmɔborohunu afi me ho.


Na ɔkaee n’apam maa wɔn, na n’adɔe dodow nti ɔyɛɛ timmɔbɔ.


Ɛnna ɔbea a ne ba ne onikanfo no ka kyerɛɛ ɔhene, efisɛ ne yam hyehye no ne ba no ho sɛ: Me wura, mepa wo kyɛw, momfa ɔba onikanfo no mma no, na okum de, munnkum no! Na oyi se: Mma ɔnnyɛ me de, nso ɔnnyɛ wo de, monkyɛ mu!


Enti me kra ho yeraw no Moab ho sɛ ɔsanku, me yam nso hyehye me Kir-heres ho.


Na sɛ ɔman no san fi ne bɔne a mekaa ho asɛm no mu a, ɛnne minu me ho adebɔne a misusuwii sɛ mɛyɛ wɔn no ho.


Sɛ mobɛtena asase yi so a, ɛnne mesi mo, na merennwiriw, na medua mo, na merentutu mo, efisɛ manu me ho, bɔne a meyɛɛ mo no ho.


na sɛ ɔhyɛ wo awerɛhow mpo a, ne yam hyehye no ara, sɛ n’adɔeyɛ dodow no te;


Na mo mu nnipa a wobefi mu afi no bɛkae me, amanaman a wɔafa wɔn nnommum akɔ hɔ no mu, sɛ mabubu wɔn aguamammɔ koma a atwe afi me ho ne wɔn aniwa a edi wɔn abosom akyi aguamammɔ mu no; na wɔn ankasa ho bɛyɛ wɔn nwini, nnebɔne a wɔayɛ, wɔn akyide nyinaa mu no ho;


Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, ɔbɔnefo wu nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefo bɛsan afi ne kwan so na wanya nkwa. Monsan, monsan mfi mo akwammɔne so! Ɛdɛn nti na morewuwu yi, Israel fi?


Meresa Israel yare yi, na Efraim amumɔyɛ ne Samaria nnebɔne reda adi; wodi atoro, na owifo bubu ba mu, akwamukafo asafo nso fow mmorɔn so.


Enti ɔde wɔn bɛma akosi bere a ɔwofo bi bɛwo, na ne nuanom nkae bɛsan ne Israel mma nso aba.


Na sɛ awo ntoatoaso a ɛbɛba, mo mma a wɔbɛsɔre adi mo akyi, ne ɔnanani a ofi akyirikyiri asase so bɛba no hu asase yi haw ahorow ne nyarewa a AWURADE de aba so,


Na AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no somaa n’abɔfo baa wɔn nkyɛn, otua ahema somaa wɔn, efisɛ ne yam hyehyee no maa ne man ne ne tenabea no.


Wɔn tenabea wɔ nnaadaa ntam; nnaadaa nti wɔmpɛ sɛ wohu me, AWURADE asɛm ni.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios