Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 11:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Me so atuatew nko na me man de asi wɔn anim, na wɔfrɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ soro a, wɔn mu biara mma ne ho so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Me so atuateɛ nko ara na me man de asi wɔn anim, na wɔfrɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ soro a, wɔn mu biara mmua me mpo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Me nkurɔfo asi no pi sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi me nkyɛn. Sɛ mpo wosu frɛ me Onyankopɔn Ɔsorosoroni no mpo a meremma wɔn so ɔkwan biara so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Me so atuateɛ nko ara na me man de asi wɔn anim, na wɔfrɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ soro a, wɔn mu biara mmua me mpo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Me nkurɔfoɔ asi no pi sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afiri me nkyɛn. Sɛ wosu frɛ Ɔsorosoroni no mpo a ɔrempagya wɔn ɛkwan biara so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Me so atuatew nko na me man de asi wɔn anim, na wɔfrɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ soro a, wɔn mu biara mma ne ho so.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 11:7
18 Referencias Cruzadas  

Nanso me man antie me nne, na Israel ampene me.


Komam kyirisanfo akwan bɛmee no, na onipa pa nso ade bɛmee no.


Wɔdom ɔbɔnefo a, onsua trenee; nsɛntrenee asase so na odi amumɔyɛsɛm, na onhu AWURADE kɛseyɛ.


Sɛ yɛn amumɔyɛ kasa tia yɛn mpo a, AWURADE, wo din nti yɛ ɛho biara; na yɛn nsanakyiri adɔɔso, wo na yɛayɛ wo bɔne.


Wo bɔne bɛtwe w’aso, na wo nsanakyiri atwiw w’anim, na hu na hwɛ ogyaw a wugyaw AWURADE wo Nyankopɔn, ne me ho hu a wunni no mu bɔne ne awerɛhow, AWURADE, asafo AWURADE asɛm ni.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɔkobɔfo Israel kra teɛ sen ɔsansani Yuda.


Efi da a mo agyanom fii Misraim asase so de besi nnɛ da yi, masoma me nkoa nyinaa, adiyifo no, aba mo nkyɛn; daa na mitua ahema mesoma wɔn,


nanso wɔantie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wosen wɔn kɔn yɛɛ bɔne sen wɔn agyanom.


Yerusalem, ɛdɛn nti na ɔman yi adan wɔn ho a wɔnsan da? Wokura nnaadaa kwan mu pintinn, wɔmpɛ sɛ wɔsan ba.


Dodow a mefrɛɛ wɔn no, dodow no ara na wofii m’anim kɔe, wɔkɔbɔɔ afɔre maa Baal ahorow na wɔhyew aduhuam maa ahoni.


Mɛsa wɔn nsanakyiri mu yare, meyi me yam madɔ wɔn, na m’abufuw adan afi no so.


Na Israel aso asorow sɛ nantwi buruwa aso; afei AWURADE bɛyɛn wɔn sɛ oguammaa, asase haharaa so.


Wɔsan wɔn akyi, kɔ nea ɛho nni mfaso ho, wɔayɛ sɛ ɔta a agow. Afoa ano na wɔn mmapɔmma bɛtotɔ, keka a wɔn tɛkrɛma yɛ nti; eyi bɛma wɔadi wɔn ho fɛw Misraim asase so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios