Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 11:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na wɔn agyinatu horow no nti afoa bekyinkyin ne nkurow mu, na ɛbɛsɛe n’apon akyi adaban awie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na wɔn agyinatuo ahodoɔ no nti afena bɛkyinkyini ne nkuro mu, na ɛbɛsɛe n’apono akyiri adaban awie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Afoa bedi ahim wɔ wɔn kuropɔn mu na ɛbɛsɛe wɔn apon akyi adaban na wɔn nhyehyɛe to betwa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na wɔn agyinatuo ahodoɔ no nti afena bɛkyinkyini ne nkuro mu, na ɛbɛsɛe n’apono akyiri adaban awie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Akofena bɛdi ahim wɔ wɔn kuropɔn mu na ɛbɛsɛe wɔn apono akyi adaban na wɔn nhyehyɛeɛ to bɛtwa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na wɔn agyinatu horow no nti afoa bekyinkyin ne nkurow mu, na ɛbɛsɛe n’apon akyi adaban awie.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 11:6
25 Referencias Cruzadas  

Na wɔde wɔn nneyɛe maa wɔn ho yɛɛ nwini, na wɔde wɔn nsɛnnii dan nguaman.


Ogyee wɔn mpɛn pii, na wɔn de, wɔyɛɛ mpi tew atua, na wɔbrɛɛ wɔn ase wɔn amumɔyɛ mu.


Na ennya nnuu twabere a nhwiren no aporow na dwennaa reyɛ bobe kasiaw a ɛregyigye no, ɔde dade betwitwa abaa no agu, na wayi ne nhama no abubu mu;


Na kurow a ɛyɛ den no ada ntuw ayɛ tenabea a wɔato no sraha na wɔagyaw no sɛ sare so; ɛhɔ na anantwi mma didi, na ɛhɔ na wobutubutuw awie n’abaa no we.


Wonnue, mma atuatewfo, AWURADE na ose, wɔn a wodi agyinatusɛm so, na emfi me, na wɔyɛ nkabom bi, na ɛnyɛ me honhom so sɛ wɔde bɔne bɛka bɔne ho no.


Enti AWURADE betwa Israel mu, eti ne dua akyene, berɛw ne mmɛw da koro.


Na wobedi wo nnɔbae ne w’aduan a anka wo mmammarima ne wo mmabea bedi, na wobedi wo nguan ne w’anantwi, wobedi wo bobe ne w’aborɔdɔma, na wɔde afoa abobɔ wo nkurow a ɛyɛ den a wode wo ho too so no.


Afoa wɔ Kaldeafo so, AWURADE asɛm ni, ne Babelfo so ne wɔn mmapɔmma ne wɔn anyansafo so.


N’aponkɛse amem kɔ fam, akyiri adaban asɛe, na abubu. Ne hene ne ne mmapɔmma wɔ amanaman no mu, akwankyerɛ nni hɔ bio, n’adiyifo nhu AWURADE hɔ ani so ade.


na ka kyerɛ nifa fam kwae no sɛ: Tie AWURADE asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, meresɔ wo mu gya, na ahyew wo mu dumono nyinaa ne duwui nyinaa. Ogyaframa a ɛdɛw framframfram no rennum, na ahyew asase ani nyinaa afi anafo fam akosi atifi fam.


Enti hooyɛ bɛsɔre w’aman no mu, na wɔabɛsɛe w’abandennen nyinaa, sɛnea Salman sɛee Bet-arbel, ɔko da no, wɔbɛtetew ɛna mu asinasin agu mma so.


Ɛno nso wɔbɛfa akɔ Aseria de akɔkyɛ ɔhene Yareb; aniwu bɛka Efraim, na Israel ani awu n’agyinatu ho.


Samaria ti ato, sɛ watew ne Nyankopɔn anim atua; afoa ano na wɔbɛtotɔ; wɔbɛtew wɔn nkokoaa abobɔ hɔ, na wɔapaepae wɔn apemfo mu.


Na Israel aso asorow sɛ nantwi buruwa aso; afei AWURADE bɛyɛn wɔn sɛ oguammaa, asase haharaa so.


Efraim akɔdɔm abosom adum; gyaa no.


Na mede aweredi nkrante a ebedi m'apam no so were mɛba mo so, na moaboaboa mo ho ano akɔ mo nkurow mu, na mɛma ɔyaredɔm aba mo mu, na wɔde mo ahyɛ ɔtamfo nsa.


Na megu mo nkurow mayɛ no amamfo na masɛe mo kronkronbea, na merennye mo aduhuam no hua.


na mo de, mɛbɔ mo apete wiase amanaman mu, na matwe nkrante madi mo akyi, na mo asase bɛda ntuw, na mo nkurow ayɛ fo.


AWURADE Nyankopɔn aka ne ho ntam, AWURADE, asafo Nyankopɔn, asɛm ni: Me de, Yakob ahantan ayɛ me nwini, na metan n’aban afɛfɛ no, na meyi kurow no ne ne mayɛ mama.


na matwitwa w’asase so nkurow agu, na madwiriw w’abandennen nyinaa;


Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhyew sɛ fononoo, na ahantanfo nyinaa ne obiara a odi abɔnefosɛm bɛyɛ sakran, na ɛda a ɛreba no bɛhyew wɔn, asafo Awurade na ose, na ɛrennyaw wɔn ntini anaa baa.


Na wɔbɛka wo ahyɛ mu wo nkurow apon nyinaa mu akosi sɛ w’afasu atenten a ɛyɛ den a wode wo ho too so bɛba fam, w’asase nyinaa so, na wɔbɛka wo ahyɛ mu wo nkurow nyinaa mu, w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de ama wo no nyinaa so.


Nkrante bɛfa wɔn mma abɔnten so, na ehu akum wɔn mpia mu, aberante ne ababaa, akokoaa ne nea wafuw dwen nyinaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios