Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 11:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Wɔbɛsan wɔn akyi akɔ Misraim asase so bio, na Aseria na ɔbɛyɛ wɔn hene, efisɛ wɔampene sɛ wɔsan wɔn akyi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Ɔbɛsane n’akyiri akɔ Misraim asase so bio, na Asiria na ɔyɛ ne hene, ɛfiri sɛ wɔampene sɛ wɔsane wɔn akyire ba me nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 “Wɔbɛsan akɔ Misraim, na Asiria adi wɔn so, esiane sɛ wɔannu wɔn ho nti.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Ɔbɛsane n’akyiri akɔ Misraim asase so bio, na Asiria na ɔyɛ ne hene, ɛfiri sɛ wɔampene sɛ wɔsane wɔn akyire ba me nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 “Wɔbɛsane akɔ Misraim, na Asiria adi wɔn so, ɛsiane sɛ wɔannu wɔn ho enti.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Wɔbɛsan wɔn akyi akɔ Misraim asase so bio, na Aseria na ɔbɛyɛ wɔn hene, efisɛ wɔampene sɛ wɔsan wɔn akyi.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 11:5
20 Referencias Cruzadas  

Asaria hene Pul baa asase no so, na Menahem maa Pul dwetɛ talente apem, sɛ ɔmmoa no nhyɛ ne nsam den ahenni no mu.


Israel hene Peka bere so na Asaria hene Tiglat-pileser ba bɛfaa Iyon ne Abel-bet-maaka ne Yanoa ne Kedes ne Hasor ne Gilead ne Galilea, Naftali asase nyinaa, na otuu wɔn kɔɔ Asiria.


Ɛno nso wɔbɛfa akɔ Aseria de akɔkyɛ ɔhene Yareb; aniwu bɛka Efraim, na Israel ani awu n’agyinatu ho.


Bere a Efraim huu ne yare, na Yuda huu ne kuru; na Efraim siim kɔɔ Asiria, na ɔsoma kɔɔ ɔhene Yareb nkyɛn; na ɔno nso, ɔrentumi nsa mo yare, na ɔrenkum mo ho kuru.


Mommra mma yɛnsan nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watetew yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yare, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.


Wɔsan wɔn akyi, kɔ nea ɛho nni mfaso ho, wɔayɛ sɛ ɔta a agow. Afoa ano na wɔn mmapɔmma bɛtotɔ, keka a wɔn tɛkrɛma yɛ nti; eyi bɛma wɔadi wɔn ho fɛw Misraim asase so.


M’ayɛyɛde afɔre a wɔbɔ no, nam nko na wokum; AWURADE ani nsɔ; afei ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ na wabɛtwe wɔn bɔne so aso; Misraim na wɔbɛsan akɔ.


Wɔrentena AWURADE asase so, na Efraim bɛsan akɔ Misraim, na wobedi nea ɛho ntew wɔ Asiria.


Na hwɛ, ɔsɛe nti wɔatu kɔ; Misraim bɛboa wɔn ano, Memfis besie wɔn; wɔn dwetɛ nnwinne ananmu na nnɛnkyɛnse besi, na nsɔe befuw nea wɔn ntamadan sii no.


Mibutuw mo mu binom, sɛ mibutuw Sodom ne Gomora no, na moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afi ogya mu; nanso moansan amma me nkyɛn, AWURADE asɛm ni.


Na me nso memaa mo se so daa mpan, mo nkurow nyinaa mu, na mudii aduankɔm mo tenabea nyinaa mu; nanso moansan amma me nkyɛn, AWURADE asɛm ni.


Enti metu mo akɔ Damasko akyi noho, AWURADE na ose, asafo Nyankopɔn ne ne din.


Nanso ɔmmma n’apɔnkɔ nnnɔɔso, na ɔmmma ɔman no nnsan nnkɔ Misraim nkɔpɛ apɔnkɔ dodow; na AWURADE aka akyerɛ mo sɛ monnsan mmfa ɔkwan yi so bio.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios