Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 11:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Wɔde ahopere befi Misraim aba sɛ nnomaa, na wɔafi Aseria asase so aba sɛ mmorɔnoma, na mede wɔn madua wɔn afi mu, AWURADE asɛm ni.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Wɔde ahopere bɛfiri Misraim aba sɛ nnomaa, na wɔafiri Asiria asase so aba sɛ mmuruburo, na mede wɔn madua wɔn afie mu, AWURADE asɛm nie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔde ahopopo bɛba te sɛ nnomaa a wofi Misraim, te sɛ mmorɔnoma a wofi Asiria. Mɛbɔ wɔn atenase wɔ wɔn afi mu,” sɛnea Awurade se ni.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Wɔde ahopere bɛfiri Misraim aba sɛ nnomaa, na wɔafiri Asiria asase so aba sɛ mmuruburo, na mede wɔn madua wɔn afie mu, AWURADE asɛm nie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔde ahopopoɔ bɛba te sɛ nnomaa a wɔfiri Misraim te sɛ mmorɔnoma a wɔfiri Asiria. Mɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔ wɔn afie mu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Wɔde ahopere befi Misraim aba sɛ nnomaa, na wɔafi Aseria asase so aba sɛ mmorɔnoma, na mede wɔn madua wɔn afi mu, AWURADE asɛm ni.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 11:11
17 Referencias Cruzadas  

Na da no, Awurade bɛteɛ ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkae a wɔaka afi Asaria ne Misraim ne Patros ne Etiopia ne Elam ne Sinear ne Hamat ne po mu nsupɔw mu.


Henanom ne eyinom a wotu sɛ omununkum, ne mmorɔnoma a wɔba wɔn ahunaniankansa mu yi?


Na wɔbɛba abɛto ahurusi dwom, Sion sorɔnsorɔmmea ho, na wɔn ani aka AWURADE nnepa ho, aduan ne nsa ne ngo ne nguammaa ne anantwi ho, na wɔn kra ayɛ sɛ turo a anya nsu pii, na wɔrenkɔ so ntɔ piti bio.


na petee mu nnua bɛsow n’aba, na asase ama ne nnɔbae, na wɔn ho adwo wɔn, wɔn asase so, na wɔahu sɛ mene AWURADE, sɛ mabubu wɔn kɔndua na mayi wɔn afi wɔn a wodi wɔn nya nsam.


Na wɔrenyɛ amanaman afow ade bio, na asase so mmoa rensɛe wɔn bio, na wɔbɛtena ase dwoodwoo a obi bi renyi wɔn hu.


na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merekɔfa Israel mma afi amanaman a wɔakokɔ hɔ no mu, na maboa wɔn ano afi mmaa nyinaa ahyia, na mede wɔn makɔ wɔn asase so,


na wɔatena asase a mede memaa m’akoa Yakob a mo agyanom tenaa so no so, wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma akosi daa, na m’akoa Dawid bɛyɛ wɔn ɔberɛmpɔn akosi daa.


Akyiri no Israel mma bɛsan abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n'adɔe ho, nna a edi akyiri no mu.


Na Efraim adan sɛ aborɔnoma ayemfo, onni ti; wɔrepɛ mmoa afi Misraim no na wɔdan Asaria nso.


Na Sion bepɔw so de, mfimufo bɛtena hɔ, na ayɛ kronkronbea, na Yakob fi bɛfa wɔn agyapade adi so.


Na mɛma wɔasan afi Misraim asase so aba, na mɛboa wɔn ano afi Asiria, na mede wɔn maba Gilead ne Lebanon asase so, na wɔrennya ɔkwan po mma wɔn.


Sɛ asafo AWURADE se ni: Hwɛ, me ara meregye me man nkwa afi owia apuei asase ne atɔe asase so,


na mede wɔn maba na wɔabɛtena Yerusalem, na wɔabɛyɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, nokware ne trenee mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios