Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 10:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Bet-awen nantwi mma nti na Samariafo besuro; na ne man di ne ho nkɔmmɔ, na n’asɔfo ho popo n’anuonyam ho, sɛ wɔatu afi wɔn mu kɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Bet-awen nantwie mma nti na Samariafoɔ bɛsuro; na ne man di ne ho abooboo, na n’asɔfoɔ ho popo n’animuonyam ho, sɛ wɔatu afiri wɔn mu korɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nnipa a wɔte Samaria no suro ma Bet-Awen nantwi ba ohoni no. Ne nkurɔfo besu. Saa ara na nʼakɔmfo nso bɛyɛ, wɔn a wogyee wɔn ani wɔ nʼanuonyam ho no. Efisɛ wɔafa no afi wɔn nkyɛn kɔ nnommum mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Bet-awen nantwie mma nti na Samariafoɔ bɛsuro; na ne man di ne ho abooboo, na n’asɔfoɔ ho popo n’animuonyam ho, sɛ wɔatu afiri wɔn mu korɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Nnipa a wɔte Samaria no suro ma Bet Awen nantwie ba ohoni no. Ne nkurɔfoɔ bɛsu. Saa ara na nʼabosomfoɔ nso bɛyɛ, wɔn a wɔgyee wɔn ani wɔ nʼanimuonyam ho no. Ɛfiri sɛ wɔafa no afiri wɔn nkyɛn kɔ nnommumfa mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Bet-awen nantwi mma nti na Samariafo besuro; na ne man di ne ho nkɔmmɔ, na n’asɔfo ho popo n’anuonyam ho, sɛ wɔatu afi wɔn mu kɔ.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 10:5
20 Referencias Cruzadas  

Nanso Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne akyi de, Yehu amfi, ɛne sika nantwi mma a ɛwɔ Betel ne Dan no.


Na wogyaw AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nsɛm nyinaa, na wɔyɛɛ ahoni a wɔagu, nantwi mma abien, na wɔyɛɛ Asera nnua, na wɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa, na wɔsom Baal.


Na otutuu asɔfo hunu a Yuda ahene sisii a wɔhyew nnuhuam Yuda nkurow mu ne Yerusalem ho sorɔnsorɔmmea so, ne wɔn a wɔhyew nnuhuam ma Baal ne owia ne ɔsram ne owia atenae, nsoromma ne ɔsoro asafo no nyinaa.


na ɔhyehyɛɛ n’asɔfo maa sorɔnsorɔmmea no ne mpapo ne anantwi mma a ɔyɛe no.


Na afei, mo de, muse moresɔre atia AWURADE ahenni a ɛwɔ Dawid mma nsam no, efisɛ modɔɔso na mowɔ sika anantwi a Yeroboam ayɛ ama mo sɛ anyame.


Wɔbom kotow butuw; wontumi ansoa nnosoa no; na wɔn ankasa nso kɔ atukɔ mu.


Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne, na wɔde wɔn dwetɛ yɛ ogu ahoni ne wɔn nhumu ano adwinhoni; ɛyɛ odwumfo adwuma ara nko. Nnipa a wɔbɔ afɔre kasa kyerɛ wɔn. Wofew anantwi mma ano.


Ɛwom sɛ wo, Israel, wobɔ aguaman de, nanso mma Yuda nnni so. Na momman nnkɔ Gilgal, na mommforo mmma Bet-awen, na monnkeka ntam sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi.


Monhyɛn abɛn Gibea, monhyɛn torobɛnto Rama. Mommɔ ose Bet-awen, hwɛ w’akyi, Benyamin.


Israel, mma w’ani nnnye na nni ahurusi sɛ aman bi, efisɛ woafi wo Nyankopɔn akyi akɔbɔ aguaman, woapɛ apɛde awiporowbea nyinaa so.


Efraim de, wɔn anuonyam betu sɛ anomaa, awo ne afurufa ne nyinsɛn nni wɔn mu.


Sɛ ɛda a mɛba mabɛtwe Israel mmarato so aso no, mɛtwe Betel afɔremuka nso aso, na wɔatwitwa afɔremuka no mmɛn, na agu fam.


Na mɛteɛ me nsa, Yuda so ne Yerusalemfo nyinaa so, na metwa Baal nkae ne abosom asɔfo no din afi ha yi agu,


Na ɛnyɛ yɛn adwuma nko na ɛrekame asɛe, na mmom ɔbosombea kɛse Artemi asɔrefi rekɔyɛ sɛ wommu no hwee bio, na n’anuonyam kɛse a Asia nyinaa ne wiase de sɔre no no rebɔ no.


Na Yosua somaa mmarima bi fi Yeriko kɔɔ Ai a ɛwɔ Bet-awen ho, Betel apuei, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsra asase no. Na mmarima no kɔe kɔsraa Ai.


Na ose: M’anyame a meyɛe ne ɔsɔfo no, moafa de rekɔ, na ɛdɛn na mewɔ bio? Na afei adɛn na moka kyerɛ me sɛ: Dɛn na ɛyɛ wo, yi?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios