Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 10:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Mungu aba mma trenee mfifi mma mo, muntwa adɔe so ade; monnɔw kwaebirentuw mfa, na adu bere a wɔde hwehwɛ AWURADE akyi kwan, kosi sɛ ɔbɛba abɛtɔ trenee su ama mo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Mongu aba mma tenenee mfifiri mma mo, montwa adɔeɛ so adeɛ. Monnɔ kwaeɛbirentuo mfa, na aduru berɛ a wɔde hwehwɛ AWURADE akyiri kwan, kɔsi sɛ ɔbɛba abɛtɔ tenenee suo ama mo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Dua trenee aba ma wo ho, twa ɔdɔ aba a ɛtena hɔ daa, siesie wʼasase a womfuntumii so no; na bere adu sɛ wohwehwɛ Awurade, kosi sɛ ɔbɛba abɛpete trenee agu wo so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Mongu aba mma tenenee mfifiri mma mo, montwa adɔeɛ so adeɛ. Monnɔ kwaeɛbirentuo mfa, na aduru berɛ a wɔde hwehwɛ AWURADE akyiri kwan, kɔsi sɛ ɔbɛba abɛtɔ tenenee suo ama mo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Dua tenenee aba ma wo ho, twa ɔdɔ aba a ɛtena hɔ daa, siesie wʼasase a wɔmfuntum so no; na ɛberɛ aduru sɛ wohwehwɛ Awurade, kɔsi sɛ ɔbɛba abɛpete tenenee agu wo so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Mungu aba mma trenee mfifi mma mo, muntwa adɔe so ade; monnɔw kwaebirentuw mfa, na adu bere a wɔde hwehwɛ AWURADE akyi kwan, kosi sɛ ɔbɛba abɛtɔ trenee su ama mo.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 10:12
33 Referencias Cruzadas  

Mompɛ AWURADE ne ne tumi akyi kwan, monhwehwɛ n’anim daa yi.


Ɔbɛba sɛ osu a ɛtɔ gu sare a wɔahuw so so, sɛ osu kɛse a ɛtɔ dwudwo asase mu.


Ɔbɔnefo yɛ adwuma hunu, na nea ogu trenee no nya nokware akatua.


Owu ne nkwa wɔ tɛkrɛma nsam, na nea ɔdɔ no no bedi n’aba.


Gu w’aba anɔpa, na anwummere nso nyi wo nsa mfi ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, eyi anaa eyi, anaasɛ n’abien nyinaa bɛbom ayɛ yiye.


Na ɔbɛma osu agu w’aba a woagu ɛfam ne asase nnɔbae aduan so, na ayɛ aduan pa sɔɔsɔɔ. Wo mmoakuw bedidi da no, adidibea a ɛtrɛw so;


Wonnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, na wɔn ani da apɔnkɔ so, na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam so sɛ ɛdɔɔso, ne apɔnkɔsotefo so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti, na wɔn ani nna Israel kronkronni no so, na AWURADE akyi kwan nso, wɔnhwehwɛ.


Nhyira ne mo a mugu aba, asu nyinaa ho, na moma nantwi ne afurum nantew kwa.


Na mehwie nsu magu nea osukɔm de no so, ne nsuwansuwa magu asase kesee so; mehwie me honhom magu w’asefo so, ne me nhyira magu wɔn a wofi wo mu so,


Ɔsoro, momma trenee mfi soro nsosɔ, na emfi amununkum mu ntɔ; asase mmue, na ɛmfa ogye mmra, na ɛne trenee mmom mfifi: Me, AWURADE, na mebɔe.


Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye,


mɛma adan ntuw, wɔrentwitwa ho, na wɔrennɔw mu, na afuw nsɔe ne nnɛnkyɛnse ara nko, na mɛhyɛ osu sɛ ɛnntɔ nngu so.


Trenee mu na w’ase betim; wo ne nhyɛso ntam bɛpan, na worensuro, na wo ne ahude nso ntam bɛpan, na ɛremmɛn wo.


Monhwehwɛ AWURADE, bere a ɔma wohu no no, momfrɛ no bere a ɔbɛn no.


Nna no mu ne bere no mu no, AWURADE asɛm ni, Israel mma bɛba, wɔne Yuda mma bɛbom aba, wɔde ɔnantesu bɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn.


Na mɛma wɔn ne nsaase a ɛdeda me koko ho hyia no ayɛ nhyira, na mɛma osu atɔ ne bere mu; ɛbɛyɛ nhyira su;


Na wo nso, san kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn; so adɔe ne atemmu mu, na hwɛ wo Nyankopɔn kwan daa yi.


Israel, san bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumɔyɛ nti woahwe ase.


Na momma yenhu na yentiw AWURADE nimdeɛ no; wɔasiesie n’adifi sɛ adekyee, na ɔbɛba ama yɛn sɛ obosu, sɛ adonsu a ɛtɔ gu asase so.


Na mframa na wogu, na ahum nso na wobetwa; awi a egyina hɔ nni mu; nea efifi no, wɔyam a, wonnya mu siam; sɛ ebi wɔ mu po a, ahɔho na wobedi.


Montan bɔne na monnɔ papa, na momma atɛmpa ntim kurow apon mu; ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn, behu Yosef nkae no mmɔbɔ.


Na sɛ AWURADE ka kyerɛ Israel fi ni: Monhwehwɛ m’akyi kwan na munnya nkwa.


Monhwehwɛ AWURADE akyi kwan na munnya nkwa, na wampue sɛ ogya Yosef fi, na wanhyew a obi a obedum nni hɔ mma Betel;


Ɔno na ɔyɛ nsoromma ahorow a ebi ne: Aberewa-ne-ne-mma ne Nyankrɛnte, na ɔdan sum kabii adekyee, na ɔma awia duru sum sɛ anadwo, ɔfrɛ ɛpo mu nsu hwie gu asase ani, AWURADE ne ne din.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mompere nhyɛn ɔpon teateaa no mu! Na mise mo sɛ: Nnipa pii bɛhwehwɛ mu ahyɛn, na wɔrentumi.


na me nkoa ne me mfanaa so na nna no mu mehwie me Honhom no bi magu, na wɔahyɛ nkɔm.


Na nea ɔde aba ma ogufo na ɔma abodoo sɛ aduan no, ɔbɛma aba a mugu no adɔɔso, na wama mo trenee aba no ase adɔre.


Na wogu trenee aba asomdwoe mu ma wɔn a wɔyɛ asomdwoe ade.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios