Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 10:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na Efraim yɛ nantwiforo a wɔakyerɛ no na ɔpɛ awiporow, nanso mede kɔndua mɛto ne kɔn fɛfɛ no so; mɛma Efraim atwe ade, Yuda bɛfɛntɛm, Yakob bɛka asram so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na Efraim yɛ nantwiburuwa a wɔakyerɛ no na ɔpɛ ayuporeɛ, nanso mede kɔnnua bɛto ne kɔn fɛfɛ no so; mɛma Efraim atwe adeɛ, Yuda bɛfuntum, Yakob bɛka asram so afa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Efraim yɛ nantwi ba a wɔayɛn no, a ɔpɛ awiporowbea adwuma, enti mede konnua bɛto ne kɔn fɛɛfɛ mu. Mɛkyerɛ Efraim ɔkwan, ɛsɛ sɛ Yuda funtum asase no, na Yakob nso siesie so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na Efraim yɛ nantwiburuwa a wɔakyerɛ no na ɔpɛ ayuporeɛ, nanso mede kɔnnua bɛto ne kɔn fɛfɛ no so; mɛma Efraim atwe adeɛ, Yuda bɛfuntum, Yakob bɛka asram so afa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Efraim yɛ nantwie ba a wɔayɛn no, a ɔpɛ ayuporeeɛ adwuma, enti mede kɔnnua bɛto ne kɔn fɛfɛ mu. Mɛkyerɛ Efraim ɛkwan, ɛsɛ sɛ Yuda funtum asase no, na Yakob nso siesie so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na Efraim yɛ nantwiforo a wɔakyerɛ no na ɔpɛ awiporow, nanso mede kɔndua mɛto ne kɔn fɛfɛ no so; mɛma Efraim atwe ade, Yuda bɛfɛntɛm, Yakob bɛka asram so.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 10:11
13 Referencias Cruzadas  

So daa nyinaa na ɔfɛtɛwfo fɛtɛw sɛ obegu n’aba? Ofuntum siesie n’asase ani daa a?


Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Dade kɔndua na mede mato amanaman yi nyinaa kɔn so, sɛ wɔnsom Babel hene Nebukadnesar; nso wɔbɛsom no, na mede wuram mmoa po mama no.


Misraim yɛ nantwiba ɔbere a ne ho yɛ fɛ; ɔsɛe fi atifi fam reba, ɛreba.


Esiane sɛ mo ani gye, na mudi ahurusi, mo a mofom m’agyapade no, na muduɔbo sɛ nantwiforo, sare momono mu, na mobɔ mmɔn sɛ apɔnkɔ akunini nti,


Nnipa nhama na mede metwee wɔn, ne ɔdɔ ntampehama nso, na meyɛɛ wɔn sɛ nea ɔmoma kɔndua so, wɔn nnyepi so, na meyɛɛ no brɛoo memaa no didii.


Na aguaman na wɔn na bɔe, na nea onyinsɛn wɔn no yɛɛ aniwude; na ɔkae sɛ: Medi m’adɔfo akyi; wɔn na wɔma me m’aduan ne me nsu, me guannwi ne m’asaawa, me ngo ne me nsa.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ bio na kɔdɔ ɔbea guamammɔni a ɔyɛ ɔwaresɛefo, sɛ AWURADE dɔ Israel mma na wɔn de, wɔdan kɔ anyame foforo nkyɛn na wɔdɔ bobe aba tetare no.


Na Israel aso asorow sɛ nantwi buruwa aso; afei AWURADE bɛyɛn wɔn sɛ oguammaa, asase haharaa so.


Israel, mma w’ani nnnye na nni ahurusi sɛ aman bi, efisɛ woafi wo Nyankopɔn akyi akɔbɔ aguaman, woapɛ apɛde awiporowbea nyinaa so.


Sɔre, porow, O Sion babea, na mɛyɛ wo dade mmɛn, na mayɛ wo ntɔte kɔbere, na wode adwerɛw aman pii dukuduku, na mehyira wɔn ahonyade so mama AWURADE, ne wɔn ade dodow so mama asase nyinaa wura no.


Na wɔn a wɔte saa no nsom yɛn Awurade Yesu Kristo, na mmom wɔsom wɔn ankasa yafunu, na wɔde tɛkrɛmadɛ ne adɔkɔdɔkɔsɛm daadaa wɔn a wonnim bɔne no koma.


Nkata nantwi a ɔporow awi ano.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios