Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 10:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Ɛbere a mepɛ na mɛtwe wɔn aso, na wɔahyiahyia aman aba wɔn so abetua wɔn wɔn amumɔyɛ mmɔho no so ka.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Ɛberɛ a mepɛ na mɛtwe wɔn aso, na wɔahyiahyia aman aba wɔn so abɛtua wɔn wɔn amumuyɛ mmɔho no so ka.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Bere a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso; aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn. Wɔde mpokyerɛ begu wɔn wɔ wɔn bɔne dodow ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Ɛberɛ a mepɛ na mɛtwe wɔn aso, na wɔahyiahyia aman aba wɔn so abɛtua wɔn wɔn amumuyɛ mmɔho no so ka.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɛberɛ a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso; aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn. Wɔde mpokyerɛ bɛgu wɔn wɔ wɔn bɔne dodoɔ ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Ɛbere a mepɛ na mɛtwe wɔn aso, na wɔahyiahyia aman aba wɔn so abetua wɔn wɔn amumɔyɛ mmɔho no so ka.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 10:10
20 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene no tuu agyina, na ɔyɛɛ sika nantwi mma abien, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moaforo akɔ Yerusalem bi ara! Israel, hwɛ, wo anyame a ɔde wo fi Misraim bae ni.


So wode hama bɛsa okoo, mfɛtɛwee ka ho, anaasɛ ɔbɛtwe abon mu mfɛtɛwee so adi w’akyi?


Enti Asafo AWURADE, Israel tumfo no, asɛm ni: Ao, meyi m’abufuhyew makyerɛ m’ahohiafo, na mɛtɔ were m’atamfo so.


Woapa me, AWURADE asɛm ni, na wo nsanakyiri no kɔ so ara; enti na meteɛɛ me nsa wo so, na mesɛee wo; mabrɛ ne mmɔborohunu.


Hwɛ, mɛma wɔakɔfa apofofo pii aba, AWURADE asɛm ni, na wɔakoyi wɔn, na eyi akyi no mɛma wɔakɔfa abɔmmɔfo pii aba, na wɔakɔtwee wɔn afi mmepɔw nyinaa so ne nkoko nyinaa so ne abotan ntokuru mu.


Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, meredan mo nsam akode a mode ne Babel hene ne Kaldeafo a wɔabetua mo ɔfasu akyi reko no, na maboa ano maba kurow yi mfinimfini.


hwɛ, merehyiahyia w’adɔfo a woafam wɔn ho nyinaa ne wɔn a woadɔ wɔn nyinaa mabɔ wɔn a woatan wɔn no nyinaa so afi afa nyinaa maboaboa wɔn ano mahyɛ wo, na mayi w’adagyaw adi makyerɛ wɔn, na wɔahu w’adagyaw nyinaa.


Na mɛma m’abufuhyew no adwo wo ho, na me ninkuntwe afi wo so, na mɛyɛ komm a me bo renhuru bio.


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛma asafo bi atu aba wɔn so, na mayi wɔn mama ahoguan ne ɔfom,


Ɛno nti mayi no mahyɛ n’adɔfo no nsa, Asiriafo a n’ani beree wɔn no nsa.


Na m’abufuw bewie na mama m’anibere adwo, wɔn so, na me werɛ akyekye; na sɛ meyɛ m’anibere no so ade wɔ wɔn so a, wɔahu sɛ me, AWURADE, makasa me ninkuntwe mu.


Israel, wufi Gibea nna no so ayɛ bɔne; ɛhɔ na wogyinae; Gibea sa a wotui mmabusufo no so no anto wɔn.


Mframa akyere no ne ntaban mu, na wɔn ani bewuwu wɔn afɔrebɔ ho.


Na wɔbɛyɛ ɔman no sɛ wɔbɛyɛ ɔsɔfo no, na mɛba mabɛtwe wɔn aso wɔn bɔne ho, na mama wɔn nneyɛe asan abebua wɔn atifi;


Fa torobɛnto tua w’ano. Ɛbɛba AWURADE fi so sɛ ɔkɔre, efisɛ wɔafomfom m’apam na wɔato me mmara.


Sɛ wɔabobɔ amanaman mu bi paa mpo a, afei mɛboa wɔn ano, na ahemfo mu hene no nhyɛso nti, wɔn so afi ase ahuan.


Na ɔhene no tee no, ne bo fuwii, na ɔsomaa ne dɔm kokunkum awudifo no, na ɔhyew wɔn kurow.


Na sɛnea AWURADE ani gyee mo ho sɛ ɔbɛyɛ mo yiye na wama moadɔ no, saa ara nso na AWURADE ani begye mo ho sɛ ɔbɛsɛe mo na wadwerɛw mo; na wobetutu mo afi asase a morekɔ hɔ akodi so no so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios