Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 3:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Esum ne sunsuma nnye no, omununkum ntena so, nea ɛma adekyee duru sum nyi no hu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Esum ne sunsum nnye no, mununkum ntena so, deɛ ɛma adekyeeɛ duru sum nyi no hu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ma sum ne owusum nnye no mfa; ma omununkum nkata so; na sum mmunkam ne hann so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Esum ne sunsum nnye no, mununkum ntena so, deɛ ɛma adekyeeɛ duru sum nyi no hu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ma esum ne owusum nnye no mfa; ma omununkum nkata so; na esum mmunkam ne hann so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Esum ne sunsuma nnye no, omununkum ntena so, nea ɛma adekyee duru sum nyi no hu.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 3:5
25 Referencias Cruzadas  

Sɛ mpo menam owu sum kabii bon mu a, minsuro bɔne bi, efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ, w’abaa ne wo poma na ɛkyekye me werɛ.


Monhyɛ AWURADE mo Nyankopɔn anuonyam ansa na wama sum aduru, ansa na mo anan ahintiw mmepɔw kusuu no, na morehwɛ hann kwan a, wadan no sunsuma, na wama sum kabii aduru.


Ɔman a wɔnam sum mu hu hann kɛse, wɔn a wɔte sum kabii asase so no, hann aharan wɔn so.


Onipa ma esum to twa, na ɔhwehwɛ kodu akyirikyiri pɛ sum kabii ne sunsum mu abo.


sɛ ɛbɛhyerɛn ama wɔn a wɔtete sum mu ne owu sunsuma ase, na wagye yɛn taataa akɔ asomdwoe kwan so.


ɔman a wɔte sum mu no ahu hann kɛse bi, na wɔn a wɔte owu asase so ne ne sunsuma mu no, hann bi apue ama wɔn.


Na wɔanka sɛ: AWURADE wɔ he? Nea oyii yɛn fii Misraim asase so no, na ɔma yɛfaa sare so, na ɔma yɛfaa anwea ne abon asase so, keseeyɛ ne sum kabii asase so, asase a obi mfa so na onipa bi nte hɔ so no!


So wɔayi owu aponkɛse adi akyerɛ wo, anaasɛ woahu esum kabii abobow no?


Na wɔn nyinaa, esum kabii yɛ wɔn sɛ anɔpa, efisɛ wɔne sum kabii mu ahuyide yɛ nnamfo.


Na moamma bepɔw a wɔde nsa ka no ho, ne ogya a ɛrehyew ne omununkum kusuu ne esum ne mframa a ɛbɔ huu


Na madannan mo nnapɔnna nkɔmmɔdi, ne mo nnwom nyinaa kwadwom, na mama ayitam akyekyere asen nyinaa, na tipae aba atiri nyinaa so; na mama ayɛ sɛ ɔba koro ho nkɔmmɔdi, na n’awiei ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwene.


Ɔno na ɔyɛ nsoromma ahorow a ebi ne: Aberewa-ne-ne-mma ne Nyankrɛnte, na ɔdan sum kabii adekyee, na ɔma awia duru sum sɛ anadwo, ɔfrɛ ɛpo mu nsu hwie gu asase ani, AWURADE ne ne din.


esum ne kusuuyɛ da, amununkum ne kusukuukuu da. Ɔman bi a wɔdɔɔso na wɔyɛ den a ebi nte sɛ no fi teteete, na n’akyi nso ebi renyɛ sɛ ɛno awo ntoatoaso a edidi so mfe mu reyerɛw sɛ adekyeehema yerɛw mmepɔw so no.


Sɛnea oguanhwɛfo hwehwɛ ne nguankuw akyi kwan da a ɔwɔ ne nguan a wɔabɔ apete no mu no, saa ara na mɛhwehwɛ me nguan akyi kwan, na meyi wɔn afi nea wɔapansam wɔn akɔ nyinaa, omununkum ne sum kabii da no.


Na ɛda no abɛn, ɛda no abɛn ama AWURADE, ɛbɛyɛ awerɛhow da, ɛbɛyɛ bere bɔne ama amanaman.


Ɛno nti na asase di nkɔmmɔ, na ɔsoro biri tumm wɔ so, efisɛ maka, mabɔ me tirim, na merennu me ho, na merensan mimfi ho.


Oyii wɔn fii sum ne sum kabii mu, na obubuu wɔn mpokyerɛ mu.


Wɔn a wɔtenaa sum ne sum kabii mu, na wɔkyeree wɔn guu amane ne dade [nkɔnsɔnkɔnsɔn] mu,


Nanso woabubu yɛn pasaa, nea sakraman wɔ, na wode sum kabii akata yɛn so.


Osu nti m’anim abere kɔkɔkɔkɔ, na owu sunsuma da m’anisuatɛtɛ so.


Na mutwiw bɛnee begyinaa bepɔw no ase, na bepɔw no de gya redɛw kɔ ɔsoro tɔnn, ne esum, omununkum ne esum kabii.


Ɛda no nnuru sum, mma Onyankopɔn mmfi soro mmmisa akyi kwan, na ɔharan bi nnhyerɛn so.


Anadwo no, esum kabii nkita no, wɔmmma ennnya anigye bi, afe nna no mu, wɔmmma ɛmmma asram dodow no mu.


Esum nni hɔ, na esum kabii nni hɔ, na amumɔyɛfo de wɔn ho ahintaw hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios