Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 3:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Ɛda no nnuru sum, mma Onyankopɔn mmfi soro mmmisa akyi kwan, na ɔharan bi nnhyerɛn so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Ɛda no nnuru sum, mma Onyankopɔn mmfiri soro mmmisa akyire kwan, na hann biara nnhyerɛn so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Saa da no nnuru sum; mma Ɔsoro Nyankopɔn nhwehwɛ akyi kwan; mma hann biara ntɔ ngu so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛda no nnuru sum, mma Onyankopɔn mmfiri soro mmmisa akyiri kwan, na hann biara nnhyerɛn so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Saa ɛda no nnuru sum; mma Ɔsoro Onyankopɔn nhwehwɛ akyire kwan; mma hann biara ntɔ ngu so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Ɛda no nnuru sum, mma Onyankopɔn mmfi soro mmmisa akyi kwan, na ɔharan bi nnhyerɛn so.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 3:4
9 Referencias Cruzadas  

Na nea ɔto so anum no hwiee ne kuruwa no guu aboa no ahengua so. Na n’ahenni dan sum, na ɛyaw no nti wɔkekaa wɔn tɛkrɛma,


Na nnafua bebree na owia anaa nsoromma mpuei, nso na mframa a ɛrebɔ yɛn nyɛ adewa, enti yɛn nkwagye ho anidaso nyinaa yerae.


Na efi bɛyɛ awia dumien bere mu no, esum duruu asase nyinaa so kosii awia nnɔnabiɛsa.


Wonnue, wɔn a wɔfe AWURADE da no! AWURADE da yi bɛyɛ mo dɛn? Ɛyɛ esum, na ɛnyɛ hann.


esum ne kusuuyɛ da, amununkum ne kusukuukuu da. Ɔman bi a wɔdɔɔso na wɔyɛ den a ebi nte sɛ no fi teteete, na n’akyi nso ebi renyɛ sɛ ɛno awo ntoatoaso a edidi so mfe mu reyerɛw sɛ adekyeehema yerɛw mmepɔw so no.


asase a AWURADE wo Nyankopɔn hwɛ so daa yi, AWURADE wo Nyankopɔn ani wɔ so fi afe mfiase kosi afe awiei.


Ma ɛda a wɔwoo me mu no nyera, ne anadwo a ese: Wɔanyinsɛn ɔbabanin no.


Esum ne sunsuma nnye no, omununkum ntena so, nea ɛma adekyee duru sum nyi no hu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios