Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 2:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔfaa kyɛmfɛre bi sɛ ɔde rehuane ne ho, na ɔtenaa nso mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na ɔfaa kyɛmferɛ bi sɛ ɔde redwi ne ho na ɔtenaa nso mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Afei, na kyɛmfɛre na Hiob de twiw ne ho, bere a ɔte nsõ mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɔfaa kyɛmferɛ bi sɛ ɔde redwi ne ho na ɔtenaa nso mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Afei, na kyɛmferɛ na Hiob de dwi ne ho, ɛberɛ a ɔte nsõ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔfaa kyɛmfɛre bi sɛ ɔde rehuane ne ho, na ɔtenaa nso mu.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 2:8
14 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Tamar sesaw nso guu n’atifi na osunsuanee n’atade nworannworan a ɛhyɛ no no mu na ɔde ne nsa soaa ne ti de benabɔ ara kɔe.


Na Mordekai huu nea aba no nyinaa no, osunsuanee ne ntade mu, na ɔde ayitam ne nso kataa ne ho; na ofii adi kɔɔ kurow no mfinimfini, na osuu osu dennen.


Na asase no biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duu hɔ no, nkɔmmɔdi kɛse ne mmuadadi ne osu ne adwotwa baa Yudafo no mu, na nnipa pii dedaa ayitam ne nso mu.


Na ne yere ka kyerɛɛ no sɛ: Woda so kura wo mudi no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!


Enti na m’ani wu na minu me ho, dɔte ne nso mu.


M’akuru bɔn, na aporɔw m’agyimisɛm nti.


Na ahyehyekuru ayɛ m’asen mu ma, na ahoɔden bi nni me honam mu;


menhyehyɛ Sion nkɔmmɔdifo memma wɔnnɛnsow nsi nso mu da ananmu, memma wɔn anika ngo minsi nkɔmmɔdi ananmu, memma wɔn ayeyi ntade minsi honhom a watɔ beraw ananmu, na wɔmfrɛ wɔn trenee nnua, AWURADE tɛw nnua a ɛhyɛ no anuonyam.


Me man babea, fura atweaatam na yantam nso mu; twa agyaadwo a ɛte sɛ ɔbakoro ho de, bɔ abubuw a ɛyɛ yaw, efisɛ mpofirim na ɔsɛefo bɛba yɛn so.


na wo so na wɔmoma wɔn nne so, na wɔteɛm yawyaw de dɔte gugu wɔn atifi yantayantam nso mu,


Na asɛm no duu Niniwe hene nkyɛn no, ɔsɔre fii n’agua so, na oyii ne nguguso guu hɔ na ofuraa atweaatam, na ɔtenaa nso mu,


Korasin, due! Betsaida, due! Efisɛ tumide a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakra wɔn adwene ayitoma ne nso mu dedaw.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios