Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 2:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na afei teɛ wo nsa na ka ne dompe ne ne nam, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na afei tene wo nsa na ka ne dompe ne ne nam, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ ebetumi a teɛ wo nsa fa ka ne honam ne ne nnompe, na ɔbɛdome wo wɔ wʼanim!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na afei tene wo nsa na ka ne dompe ne ne nam, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ ɛbɛtumi a tene wo nsa fa ka ne honam ne ne nnompe, na ɔbɛdome wo wɔ wʼanim!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na afei teɛ wo nsa na ka ne dompe ne ne nam, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!

Ver Capítulo Copiar




Hiob 2:5
16 Referencias Cruzadas  

Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: So ɛnyɛ me na mise wɔnkan ɔman no, na me na mayɛ bɔne, na mayɛ nea enye yi, na nguan yi de, dɛn na wɔayɛ? AWURADE me Nyankopɔn, ma wo nsa mmra me so ne m’agya fi so, na mma ɛmmma wo man so mmmɛbɔ wɔn.


Na afei teɛ wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa hwɛ, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, nea ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, na ɔno ankasa de, mfa wo nsa nka no. Ɛnna Satan fii AWURADE anim kɔe.


Na apontow nna no fa wɔn so hyia a, Hiob soma kodwira wɔn, na otua ahema kɔbɔ ɔhyew afɔre sɛnea wɔn nyinaa dodow te, efisɛ Hiob ka sɛ: Ebia me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn koma mu. Saa na Hiob yɛ daa.


Na Satan buaa AWURADE sɛ: Wɔde were pere were, na nea onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, oni, ɔwɔ wo nsam, ne nkwa nko na kyɛe so.


Na ne yere ka kyerɛɛ no sɛ: Woda so kura wo mudi no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!


Yi wo haw fi me so. Wo nsa ano hwe rehyew me.


ɔman a woyi me ahii m’anim daa yi, wɔbobɔ afɔre nturo mu, na wɔhyew nnuhuam ntayaa so,


Na wɔbɛfa asase no mu akɔ, na aden wɔn na ɔkɔm ade wɔn; na ɛbere a ɔkɔm rede wɔn no, wɔn ho bɛyeraw wɔn, na wɔadome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn, na wɔadannan wɔn ani akyerɛ soro,


Na Israelni bea no ba no kaa din no ho abususɛm, na ɔdomee. Na wɔde no brɛɛ Mose; nso ne na din de Selomit, Dibri ba a ofi Dan abusuakuw mu;


Na kasa kyerɛ Israelfo nso sɛ obiara a ɔbɛdome ne Nyankopɔn no, ɔbɛsoa ne bɔne.


Na metee nne kɛse bi ɔsoro sɛ: Afei nkwagye ne tumi ne ahenni ayɛ yɛn Nyankopɔn de, na tumi ayɛ ne Kristo no dea, efisɛ wɔatow yɛn nuanom anototofo no akyene; ɔno na ɔtoto wɔn ano yɛn Nyankopɔn anim awia ne anadwo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios