Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 2:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na Satan buaa AWURADE sɛ: Wɔde were pere were, na nea onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na Satan buaa AWURADE sɛ: Wɔde wedeɛ pere wedeɛ, na deɛ onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Satan buaa Awurade sɛ, “Were pere were. Onipa de nea ɔwɔ nyinaa bɛma de apere ne nkwa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na Satan buaa AWURADE sɛ: Wɔde wedeɛ pere wedeɛ, na deɛ onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Satan buaa Awurade sɛ, “Wedeɛ pere wedeɛ. Onipa de deɛ ɔwɔ nyinaa bɛma de apere ne nkwa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na Satan buaa AWURADE sɛ: Wɔde were pere were, na nea onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 2:4
15 Referencias Cruzadas  

Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya? Anaasɛ dɛn na onipa bɛma de asesa ne kra?


Eyi nti mise mo sɛ: Munnnwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaasɛ dɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura. Ɔkra nsen aduan, na nipadua nsen ntama anaa?


Nanso wɔn mu mmarima du ka kyerɛɛ Ismael sɛ: Nkum yɛn, na yɛwɔ akorade wɔ wuram, awi ne atoko ne ngo ne ɛwo. Ɛnna ogyaee, na wankum wɔn ampae wɔn nuanom no so.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: So woadwen m’akoa Hiob ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho; nanso ɔda so kura ne mudi no mu ara, na woahwanyan me ahyɛ no sɛ mensɛe no kwa.


Na afei teɛ wo nsa na ka ne dompe ne ne nam, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!


Na wɔde wɔn mmoa bae, na Yosef maa wɔn aduan gyigyee apɔnkɔ ne nguan ne anantwi ne mfurum, na ɔde aduan yɛn wɔn afirihyia no, ogyee wɔn mmoa nyinaa.


Ɛdɛn nti na yɛn ne yɛn asase nwu w'anim? Tɔ yɛn ne yɛn asase, na ma yɛn aduan, na yɛde yɛn ho ne yɛn asase bɛsom Farao, na ma yɛn aduaba, na yɛntena ase, na yɛanwu amma asase yi anna mpan.


Na wobuaa Yosua sɛ: Ampa ara, wɔka kyerɛɛ wo nkoa sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Mose sɛ ɔmfa asase no nyinaa mma mo na ɔnsɛe asase no sofo nyinaa mfi mo anim, na mo nti yesuroo yɛn nkwa ho papaapa, enti na yedii saa asɛm yi.


Na ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, yɛate sɛ Israel fi ahene yɛ ahene a wɔyɛ adɔe. Ma yɛmfa ayitama nkyekyere yɛn asen, na yɛmfa ntampehama mmobɔ yɛn ti, na yemfi nkɔ Israel hene nkyɛn; ebia obegye wo kra nkwa.


Obi kra nnwensa ne n’ahonyade, na ohiani de, ɔnte ntwiwanim.


Ɔkra sen aduan, na nipadua sen ntama.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios