Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 10:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Me nkwa yɛ me kra nwini, megyaa m’apinisi mu wɔ me mu, mɛkasa m’awerɛhow mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Me nkwa yɛ me kra nwunu, mɛgyaa m’apinisie mu wɔ me mu, mɛkasa m’awerɛhoɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “Abrabɔ afono me; enti mɛka mʼasɛm a meremfa hwee nsie na mɛkasa afi me kra yawdi mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Me nkwa yɛ me kra nwunu, mɛgyaa m’apinisie mu wɔ me mu, mɛkasa m’awerɛhoɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “Abrabɔ afono me; enti mɛka mʼasɛm a meremfa hwee nsie na mɛkasa afiri me kra yeadie mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Me nkwa yɛ me kra nwini, megyaa m’apinisi mu wɔ me mu, mɛkasa m’awerɛhow mu.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 10:1
21 Referencias Cruzadas  

Na ɔno de, ɔnantew sare so da koro kwan na ɔkɔtenaa sisia bi ase, na ɔsrɛe sɛ ne kra nwu. Na ɔkae sɛ: Ɛdɔɔso, afei, AWURADE, fa me kra, na minnye mensen m’agyanom.


Oo, sɛ wode me sie asaman ɛ, sɛ wode me hintaw kosi sɛ w’abufuw bɛsan akɔ ɛ, sɛ wohyɛ me da na wokae me ɛ!


Na mpo, sɛ ampa na mafom a, me so na mfomso no da.


Ɔkɔm bere obegye wo afi owu mu, na akodi mu nso wagye wo afi afoa ano.


So nsɛm ho animka na mudwen? Ɔwerɛhowni nsɛm te sɛ mframa.


Enti me nso meremmua m’ano, mɛkasa me honhom ahohia mu, mesi apini m’awerɛhow mu.


Afono me, merentena ase daa. Gyaa me, na me nna yɛ huruhuro.


Me de, midi mu de, nanso mimmu me ho; me nkwa afono me.


Dɛn na menka? Wakasa akyerɛ me na wayɛ. M’ani asare dwe, me kra awerɛhow no nti.


Hwɛ, sɛ na m’asomdwoe nti, na wo na woayi me kra afi ɔsɛe amoa mu de afam wo ho, efisɛ wotow me bɔne nyinaa guu w’akyi.


Na afei, AWURADE, gye me kra fi me nsam ɛ, na owu ye ma me sen nkwa.


Na owia puei no, Onyankopɔn siesiee apuei mframa a emu yɛ hyew, na owia bɔɔ Yona atifi ma ɔtɔɔ piti. Na ɔsrɛe sɛ anka onwu, na ose: Owu ye ma me sen nkwa.


Na sɛ saa na wo ne me bedi no a, ɛnne sɛ m'anim aba onyam w'anim a, okum mmom na kum me, na manhu amane no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios