Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 1:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na ɛbae sɛ da bi Onyankopɔn mma no bae begyinaa AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu bae.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na ɛbaa sɛ da bi Ɔsoro dɔm no ba bɛgyinaa AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu bae.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Da bi, abɔfo no de wɔn ho bɛkyerɛɛ Awurade, na Satan kaa wɔn ho bae.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɛbaa sɛ da bi Ɔsoro dɔm no ba bɛgyinaa AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu bae.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛda bi, abɔfoɔ no de wɔn ho bɛkyerɛɛ Awurade, na Satan kaa wɔn ho baeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɛbae sɛ da bi Onyankopɔn mma no bae begyinaa AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu bae.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 1:6
16 Referencias Cruzadas  

Onyankopɔn mma huu nnipa mmabea sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.


Nna no mu na abran akɛse wɔ asase so, na akyiri yi nso a Onyankopɔn mma kɔɔ nnipa mmabea ho na wɔwoo mma maa wɔn no, eyinom ne abirempɔn a wɔwɔ din fi tete.


Ɛnna ɔkae sɛ: Enti tie AWURADE asɛm: Mahu AWURADE sɛ ɔte n’agua so, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne ho, ne nifa ne ne benkum.


Na Satan gyina hyɛɛ Israel, na opiapiaa Dawid sɛ ɔnkan Israel.


Na honhom bi fi begyinaa AWURADE anim, na ɔkae sɛ: Me na mɛdaadaa no. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Wode dɛn?


Na da foforo bi, ɔsoro dɔm no bae sɛ wobegyina AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu bae bi sɛ obegyina AWURADE anim.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: So woadwen m’akoa Hiob ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho; nanso ɔda so kura ne mudi no mu ara, na woahwanyan me ahyɛ no sɛ mensɛe no kwa.


bere a adekyee nsoromma boom too ahurusi dwom, na Ɔsoro dɔm nyinaa bɔɔ ose no?


AWURADE abɔfo, munhyira no, ahoɔdenfo a mudi n’asɛm so na mutie ne kasa no.


Obuae sɛ: Hwɛ, mihu mmarima baanan a wɔasan wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu, na wɔn ho ntɔɔ kyima ɛ, na nea ɔto so anan no tebea te sɛ anyame ba bi.


Na ɔma mihuu ɔsɔfopanyin Yosua sɛ ogyina Awurade bɔfo no anim, na Satan gyina ne nifa sɛ ɔretoto n’ano.


Monhwɛ, na moammu nkumaa yi mu biako abomfiaa; na mise mo sɛ ɔsoro no, wɔn abɔfo hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.


Simon, Simon, hwɛ, anka na Satan pɛ sɛ onya mo, na ohuhu mo so sɛ aburow.


Enos ba, Set ba, Adam ba, Onyankopɔn ba.


Yesu buaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mapaw mo dumien yi anaa? Na mo mu biako yɛ ɔbonsam!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios