Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 1:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na apontow nna no fa wɔn so hyia a, Hiob soma kodwira wɔn, na otua ahema kɔbɔ ɔhyew afɔre sɛnea wɔn nyinaa dodow te, efisɛ Hiob ka sɛ: Ebia me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn koma mu. Saa na Hiob yɛ daa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na apontoɔ nna no fa wɔn so hyia a, Hiob soma kɔdwira wɔn, na ɔtua nhema kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔn nyinaa dodoɔ teɛ, ɛfiri sɛ Hiob kaa sɛ: Ebia me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn akoma mu. Saa na na Hiob yɛ daa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ aponto nna no twa mu a, Hiob soma kɔfrɛ wɔn na wodwira wɔn ho. Ɔsɔre anɔpahema bɔ ɔhyew afɔre ma wɔn mu biara, efisɛ na osusuw sɛ, “Ebia na me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔ wɔn koma mu.” Eyi yɛ dwuma a na Hiob di no bere ano bere ano.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na apontoɔ nna no fa wɔn so hyia a, Hiob soma kɔdwira wɔn, na ɔtua nhema kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔn nyinaa dodoɔ teɛ, ɛfiri sɛ Hiob kaa sɛ: Ebia me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn akoma mu. Saa na na Hiob yɛ daa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ apontoɔ nna no twam a, Hiob soma kɔfrɛ wɔn na wɔdwira wɔn ho. Ɔsɔre anɔpahema bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma wɔn mu biara, ɛfiri sɛ ɔdwene sɛ, “Ebia na me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔ wɔn akoma mu.” Yei yɛ dwuma a na Hiob di no ɛberɛ-ano-berɛ ano.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na apontow nna no fa wɔn so hyia a, Hiob soma kodwira wɔn, na otua ahema kɔbɔ ɔhyew afɔre sɛnea wɔn nyinaa dodow te, efisɛ Hiob ka sɛ: Ebia me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn koma mu. Saa na Hiob yɛ daa.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 1:5
36 Referencias Cruzadas  

Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n'afurum, na ɔfaa ne mmofra mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho, na otwaa ɔhyew afɔre nnyina, na osiim kɔɔ nea Onyankopɔn kyerɛɛ no no.


Na AWURADE hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.


Na Noa sii afɔremuka maa AWURADE, na ɔfaa ntɔteboa a wɔn ho tew nyinaa mu bi ne nnomaa a wɔn ho tew nyinaa mu bi de wɔn bobɔɔ ɔhyew afɔre wɔ muka no so.


Na Elia tasee abo dumien sɛ Yakob a AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Israel ne wo din no, mma mmusuakuw no ano si.


Na momfa mmarima baanu a wɔyɛ mmahuhufo nnyina n’anim, na wonni no adanse sɛ: Woadome Onyankopɔn ne ɔhene! Na momfa no mfi nkosiw no abo mma onwu.


Na mmarima mmahuhufo baanu bae bɛtenaa n’anim, na mmarima ahuhufo no dii Nabot adanse ɔman no anim sɛ: Nabot adome Onyankopɔn ne ɔhene. Na woyii no fii kurow no akyi kosiw no abo ma owui.


Na asɔfo ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, na wodwiraa ɔman ne kurow apon ne afasu no.


Na afei teɛ wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa hwɛ, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!


Na ne mmammarima no kɔtow pon wɔ obiako biara fi, obiara ne ne da, na wɔsoma kɔfrɛfrɛ wɔn nuammeanom baasa no bae sɛ wɔne wɔn mmedidi na wɔnnom.


Na ne yere ka kyerɛɛ no sɛ: Woda so kura wo mudi no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!


Anaasɛ n’ani begye Otumfo ho, ɔbɛfrɛ Onyankopɔn bere nyinaa mu anaa?


Sɛ ɔma ne ho so a, atumfo ho popo, na ehu ma wɔn ani so yɛ wɔn krakra.


Na afei momfa anantwinini ason ne adwennini asɔn, na monkɔ m’akoa Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyew afɔre mma mo ho, na m’akoa Hiob mmɔ mo ti so mpae, na ne nko anim na mɛhwɛ, na me ne mo anni no mo nkwaseasɛm so, efisɛ moanka me ho asɛm tee sɛ m’akoa Hiob.


Nea n’ahome tew no no, ɛsɛ no ne yɔnko nsam adɔe; anyɛ saa a, ogyaa Otumfo no suro.


Sɛ wo mma ayɛ no bɔne a, wagyaa wɔn de wɔn ahyɛ wɔn mmarato nsam.


AWURADE, tie me nne anɔpa, anɔpa na mesiesie mama wo, na mɛhwɛ wo kwan.


Na Yetro, Mose n'ase, de ɔhyew afɔre ne okum afɔre brɛɛ Onyankopɔn. Na Aaron ne Israel mpanyin nyinaa bae sɛ wɔne Mose n'ase rebedidi wɔ Onyankopɔn anim.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ ɔman no nkyɛn na dwira wɔn ho nnɛ ne ɔkyena, na ma wɔnhoro wɔn ntade;


Na ɔsomaa Israelfo no mu mmerante na wɔde anantwinini kɔbɔɔ ɔhyɛw afɔre ne asomdwoe afɔre maa AWURADE.


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.


Hohoro wo koma ho fi bɔne mu, Yerusalem, na wɔagye wo. Da bɛn na w’abusudwene ntena wo mu nkosi?


na sɛ mmarima baasa yi, Noa, Daniel ne Hiob wɔ hɔ a, wɔn de, wɔn trenee so na wobegye wɔn kra, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


ahotew ne trenee mu wɔ n’anim, yɛn nna nyinaa.


Na sɛ Onyankopɔn, tɔ ne bo ase kyɛ wɔn ho nso a, ɔremmu ntɛn nnye wɔn a wapaw wɔn a wosu frɛ no awia ne anadwo no anaa?


Na Yudafo Twam no abɛn; na nnipa pii fii asase no so kɔɔ Yerusalem ansa na Twam no dui, sɛ wokodwira wɔn ho.


Ɛnna Paulo faa mmarima no, na n’adekyee a ɔne wɔn dwiraa wɔn ho no, ɔne wɔn kɔɔ asɔrefi sɛ ɔkɔkyerɛ ahodwira nna no wie a wobewie no, na wɔabɛbɔ afɔre ama wɔn nyinaa mmiako mmiako.


Enti sakra w’adwene fi wo bɔne yi ho, na srɛ Onyankopɔn sɛ ebia wɔde wo komam adwene no bɛkyɛ wo.


Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn, kosi sɛ bere no bedu ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde nea ahintaw sum mu bɛba hann mu, na wayi komam agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyi bɛma no.


Na ninkunu a metwe no mo ho no, metwe no Onyankopɔn mu ninkunu. Magye mo aware sɛ ababaa a efi nkaa no na mede no rekɔma ɔbarima biako a ɔno ne Kristo.


na momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefo nyinaa,


Na ose: Asomdwoe mu: AWURADE afɔrebɔ na mebae yi; munnwira mo ho na mo ne me nkɔ afɔre no ho. Na odwiraa Yese ne ne mma no, na ɔfrɛɛ wɔn baa afɔre no ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios