Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 1:21 - KYERƐW KRONKRON

21 na ɔkae sɛ: Adagyaw na mede mifi me na yam mebae, na adagyaw na mede mɛsan makɔ: AWURADE de mae, na AWURADE afa, AWURADE din na nhyira nka no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 na ɔkaa sɛ: Adagya na mede mefiri me na yam baeɛ, na adagya na mede bɛsane akɔ. AWURADE de mae, na AWURADE afa, nhyira nka AWURADE din.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 kae se, “Adagyaw na mede fi me na yam bae, na adagyaw na mede bɛsan akɔ. Awurade de mae, na Awurade afa; nhyira nka Awurade din!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 na ɔkaa sɛ: Adagya na mede mefiri me na yam baeɛ, na adagya na mede bɛsane akɔ. AWURADE de mae, na AWURADE afa, nhyira nka AWURADE din.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 kaa sɛ, “Adagya na mede mefiri me maame yam baeɛ, na adagya na mede bɛsane akɔ. Awurade de maeɛ, na Awurade afa; nhyira nka Awurade din!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 na ɔkae sɛ: Adagyaw na mede mifi me na yam mebae, na adagyaw na mede mɛsan makɔ: AWURADE de mae, na AWURADE afa, AWURADE din na nhyira nka no.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 1:21
35 Referencias Cruzadas  

Sɛnea ofi ne na yam adagyaw mu bae no, saa ara na ɔbɛsan akɔ, sɛ ɔbae no, na ɔremfa ne brɛ mu hwee a ɔde bekita ne nsam akɔ.


Na yɛamfa hwee amma wiase, nanso yentumi mfa hwee mfi mu nkɔ.


Monna ase ade nyinaa mu, na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, Kristo Yesu mu wɔ mo ho.


Akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro, efi hann agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakrae ne adannan sunsuma nni ne mu.


Na Hiob buaa no sɛ: Sɛ mmea nnyennyentwi no mu bi kasa na wokasa yi. Yɛagye Onyankopɔn hɔ adepa, na adebɔne na yɛrennye anaa? Eyi nyinaa mu no Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne.


monna Agya Onyankopɔn ase daa ade nyinaa ho, yɛn Awurade Yesu Kristo din mu,


Me na mebɔ hann, na mebɔ sum, mema asomdwoe, na mede amane ba; me, AWURADE, na meyɛ eyinom nyinaa.


na owu a, ɔremfa emu biribiara nkɔ, n’anuonyam rensian nni n’akyi.


AWURADE ma obi di hia, na ɔma obi di yiye; ɔbrɛ onipa ase, na ɔma onipa so.


So ɛnyɛ ɔsorosoroni no anom na mmusu ne papa fi?


na dɔte asan akɔ asase mu sɛ ɛte kan no, na honhom asan akɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.


W'anim fifiri mu na wubedidi de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.


anaasɛ minni ho kwan sɛ mede me ara m’ade meyɛ nea mepɛ anaa? Sɛ me yam ye nti na w’ani abere yi?


Matɔ mum, mimmue m’ano, efisɛ wo na woayɛ.


sɛ wɔrebɛyɛ nea wo nsa ne w’agyina aka ato hɔ sɛ ɛnyɛ no nyinaa.


Hena na ɔde Yakob maa ɔfom, na ɔde Israel maa afowfo? So ɛnyɛ AWURADE a yɛayɛ no bɔne, na wɔampɛ sɛ wɔnantew n’akwan mu, na wɔantie ne mmara no?


Mehyira AWURADE nna nyinaa, n’ayeyi wɔ m’anom daa yi.


Na afei teɛ wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa hwɛ, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!


Ɛnna Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wansiw no bi so. Na Eli se: Ɛyɛ AWURADE, nea eye n’ani so no, ɔnyɛ.


Na afei mommma ɛnnyɛ mo yaw, nso mo bo mmfuw mo ho mo ho sɛ motɔn me baa ha, efisɛ nkwagye nti na Onyankopɔn somaa me dii mo anim.


Anaasɛ wɔhyɛn torobɛnto kurow mu a ɔman mmɔ piriw? Anaasɛ bɔne bi ba kurow bi mu a ɛnyɛ AWURADE na ɔma ɛbae?


Enti monhyɛ AWURADE anuonyam wɔ apuei fam, ne mpoano asase so monkamfo AWURADE, Israel Nyankopɔn, din.


Nso onipa biara a Onyankopɔn ma no ahonyade ne adedodow, na ɔma no ho kwan sɛ onni bi na ɔmfa sɛ ne kyɛfa, na n’ani nnye ne brɛ mu no, eyi nso, Onyankopɔn akyɛde ne no.


Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: AWURADE asɛm a woaka no ye. Na ɔkae sɛ: So ɛnyɛ sɛ asomdwoe ne nokware na ɛbɛba me bere so?


Na ɔhene antie ɔman no, efisɛ AWURADE na ɔdan no saa, sɛ ɔbɛma n’asɛm a AWURADE nam Siloni Ahia so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no atim.


Ebia AWURADE bɛhwɛ m’amanehunu, na AWURADE de papa ahyɛ me nnome a ɔredome me nnɛ yi ananmu.


Na Yakob bo fuw Rahel bisaa no sɛ: So misi Nyankopɔn a ɔkame wo wo yam mma no ananmu anaa?


Hwɛ, yebu wɔn a wohuu amane tɔɔ wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfo. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahu sɛnea Awurade ma ewiee no, sɛnea Awurade ayamye dɔɔso, na ɔyɛ timmɔbɔ.


Mekɔɔ no ma, na AWURADE de me hunu na aba; ɛdɛn na mofrɛ me Naomi, bere ko a AWURADE ayi me ntɛn, na Tweaduampɔn ne me adi no bɔne yi?


Ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu, na ɔma ohiani so fi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama wanya anuonyam agua so atena. Na asase nnyinaso yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so.


Na Lewifo no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kae sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfi daa nkosi daa, na wonhyira w’anuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyi nyinaa so no.


Hwɛ, ohwim kɔ, hena na ɔbɛsan no? Hena na ɔbɛka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woreyɛ yi?


AWURADE mu na me kra bɛhoahoa ne ho, ahobrɛasefo bɛte, na wɔn ani agye.


Na ahonyade no sɛe adwuma bɔne mu, na wawo ɔba a, biribiara nka ne nsam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios