Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 1:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Ɔno da so rekasa no, ɔfoforo bae bɛkae sɛ: Onyankopɔn gya fi soro atɔ abɛhyew nguan ne mmerante no, na asɛe wɔn, na me nko ara na mafi mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Ɔno da so rekasa no, ɔfoforɔ ba bɛkaa sɛ: Nyankopɔn gya firi soro atɔ abɛhye nnwan ne mmeranteɛ no, na asɛe wɔn, na me nko ara na mafiri mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Bere a ogu so rekasa no, ɔbɔfo foforo bi ba bɛkae se, “Onyankopɔn gya fi soro abɛhyew wo nguan ne wo nguanhwɛfo no nyinaa, na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo amanneɛ yi.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Ɔno da so rekasa no, ɔfoforɔ ba bɛkaa sɛ: Nyankopɔn gya firi soro atɔ abɛhye nnwan ne mmeranteɛ no, na asɛe wɔn, na me nko ara na mafiri mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛberɛ a ɔgu so rekasa no, ɔbɔfoɔ foforɔ bi ba bɛkaa sɛ, “Onyankopɔn ogya firi soro abɛhye wo nnwan ne wo nnwanhwɛfoɔ no nyinaa, na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo amaneɛ yi.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Ɔno da so rekasa no, ɔfoforo bae bɛkae sɛ: Onyankopɔn gya fi soro atɔ abɛhyew nguan ne mmerante no, na asɛe wɔn, na me nko ara na mafi mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 1:16
13 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE tɔɔ sufre ne gya fi ɔsoro guu Sodom ne Gomora so.


Ɛnna AWURADE gya duru bɛhyew ɔhyew afɔre no ne nnyina no ne abo ne dɔte no, na ɛyow nsu a ɛwɔ ɔka no mu no.


Na Elia bua ka kyerɛɛ aduonum so safohene no sɛ: Sɛ Onyankopɔn nipa ne me a, ogya mfi soro nsian mmɛhyew wo ne w’aduonum! Na ogya fi soro duru bɛhyew ɔno ne n’aduonum no.


Na Elia bua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn nipa ne me a, ogya mfi soro nsian mmɛhyew wo ne w’aduonum! Na Onyankopɔn gya fi soro duru bɛhyew ɔno ne n’aduonum no.


Hwɛ, ogya afi soro aduru abɛhyew kan aduonum so asafohene baanu no ne wɔn aduonum aduonum no, na afei ma me kra bo nyɛ den w’ani so.


Otumfo, fa w’afoa bɔ w’asen, fa w’anuonyam ne w’ahensɛm bɔ wo ho so.


Mompa AWURADE kyɛw, na Onyankopɔn aprannaa ne ɔsoro abo no nnyae, na adɔɔso, na mɛma moakɔ na morentena ha bio.


Na ogya fii AWURADE anim bɛhyew wɔn, na wowuwui AWURADE anim.


Na ogya fii AWURADE anim bɛhyew afɔremuka no so ɔhyew afɔre ne srade no. Na ɔman no nyinaa hui, na wɔde anigye huroe, na wɔde wɔn anim butubutuw fam.


Eyi na AWURADE Nyankopɔn ma mihui, na hwɛ, AWURADE Nyankopɔn refrɛ ogya abɛtwe aso, na ɛbɛhyew obun haharaa no, na ɛrehyew asase no bi.


Na ɔyɛ nsɛnkyerɛnne akɛse, na ɔma ogya mpo fi soro ba asase so, nnipa anim.


Na ehu baa nsra no mu, petee mu ne dɔm no nyinaa mu; bansifo no ne afowfo no nso, ehu kaa wɔn, na asase no wosowee; na ɛyɛɛ ehu kɛse pa ara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios