Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 1:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na afei teɛ wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa hwɛ, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Ɛnneɛ afei tene wo nsa ka deɛ ɔwɔ nyinaa hwɛ ɛ, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na wo de, teɛ wo nsa na sɛe nea ɔwɔ nyinaa, na obegyina wʼanim na wadome wo.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Ɛnneɛ afei tene wo nsa ka deɛ ɔwɔ nyinaa hwɛ ɛ, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Na wo deɛ, tene wo nsa na sɛe deɛ ɔwɔ nyinaa, na ɔbɛgyina wʼanim na wadome wo.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na afei teɛ wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa hwɛ, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!

Ver Capítulo Copiar




Hiob 1:11
21 Referencias Cruzadas  

Na Abimelek hyɛɛ ne nkurɔfo nyinaa sɛ: Nea ɔbɛka ɔbarima yi anaa ne yere no, owu na obewu.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, nea ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, na ɔno ankasa de, mfa wo nsa nka no. Ɛnna Satan fii AWURADE anim kɔe.


na ɔkae sɛ: Adagyaw na mede mifi me na yam mebae, na adagyaw na mede mɛsan makɔ: AWURADE de mae, na AWURADE afa, AWURADE din na nhyira nka no.


Na apontow nna no fa wɔn so hyia a, Hiob soma kodwira wɔn, na otua ahema kɔbɔ ɔhyew afɔre sɛnea wɔn nyinaa dodow te, efisɛ Hiob ka sɛ: Ebia me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn koma mu. Saa na Hiob yɛ daa.


Munhu me mmɔbɔ, munhu me mmɔbɔ, me yɔnkonom, na Onyankopɔn nsa aka me.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: So woadwen m’akoa Hiob ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho; nanso ɔda so kura ne mudi no mu ara, na woahwanyan me ahyɛ no sɛ mensɛe no kwa.


Na afei teɛ wo nsa na ka ne dompe ne ne nam, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, oni, ɔwɔ wo nsam, ne nkwa nko na kyɛe so.


Ɛnna Satan fii AWURADE anim kɔe, na ɔde akuru bɔne kɔtotow Hiob fi ne nan ase kosii ne mpampam.


Na ne yere ka kyerɛɛ no sɛ: Woda so kura wo mudi no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!


Na afei ɛtoo wo yi, woagyigya, ɛkaa wo yi, woayɛ basaa.


Monnka me nnipa a wɔasra wɔn no, na monnyɛ m’adiyifo bɔne bi.


Eyi nti AWURADE bo afuw ne man, na ɔteɛ ne nsa hyɛ wɔn na ɔbobɔ wɔn, na ɛma mmepɔw no him, na wɔn afunu yɛ sɛ mmorɔn so sumina, wɔ mmɔnten so, Eyi nyinaa mu no n’abufuw no nnyaee ɛ, na ne nsa mu ateɛ ara.


ɔman a woyi me ahii m’anim daa yi, wɔbobɔ afɔre nturo mu, na wɔhyew nnuhuam ntayaa so,


Na wɔbɛfa asase no mu akɔ, na aden wɔn na ɔkɔm ade wɔn; na ɛbere a ɔkɔm rede wɔn no, wɔn ho bɛyeraw wɔn, na wɔadome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn, na wɔadannan wɔn ani akyerɛ soro,


Na sɛ asafo Awurade se ni: N’anuonyam nti, na wasoma me amanaman a wɔfom mo no nkyɛn; na nea ɔka mo no, waka Awurade aniwa nkosua.


Na metee nne kɛse bi ɔsoro sɛ: Afei nkwagye ne tumi ne ahenni ayɛ yɛn Nyankopɔn de, na tumi ayɛ ne Kristo no dea, efisɛ wɔatow yɛn nuanom anototofo no akyene; ɔno na ɔtoto wɔn ano yɛn Nyankopɔn anim awia ne anadwo.


na wɔn yaw ne wɔn akisikuru nti wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm, na wɔannu wɔn ho wɔn nnwuma mu.


Na asukɔtwea akɛse a ɛte sɛ dwetikɛsebo fi soro guguu nnipa so, na asukɔtwea no haw nti nnipa kaa Onyankopɔn ho abususɛm, efisɛ ɔhaw no so kɛse.


Na wɔde ahohuru kɛse hyehyee nnipa, na wɔkaa Onyankopɔn a ɔwɔ haw mmusu yi so ahoɔden no din ho abususɛm, na wɔansakra wɔn adwene anhyɛ no anuonyam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios