Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 1:10 - KYERƐW KRONKRON

10 So ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fi ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Ne nsa ano adwuma woahyira so, na n’afieboa ase afɛe asase no so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fie ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Ne nsa ano adwuma woahyira so, na n’afieboa ase akyene asase so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Wunnyee ban mfaa ɔno, ne fie ne biribiara a ɔwɔ ho ana? Woahyira ne nsa ano adwuma so, enti ne nguan ne nʼanantwi ase atrɛw asase no so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fie ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Ne nsa ano adwuma woahyira so, na n’afieboa ase akyene asase so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Wonnyee ban mfaa ɔno, ne fie ne biribiara a ɔwɔ ho anaa? Woahyira ne nsa ano adwuma so, enti ne nnwan ne nʼanantwie ase atrɛ asase no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 So ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fi ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Ne nsa ano adwuma woahyira so, na n’afieboa ase afɛe asase no so.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 1:10
29 Referencias Cruzadas  

AWURADE bɔfo bɔ wɔn a wosuro no ho nsra hyia, na ogye wɔn.


na me de, Awurade asɛm ni, m’ankasa mɛyɛ no ogya fasu matwa ne ho ahyia, na mayɛ ne mu anuonyam.


a wɔnam gyidi so wɛn mo wɔ Onyankopɔn tumi mu de kɔ nkwagye a wɔasiesie sɛ wɔrebeyi no adi bere a edi akyiri no mu.


AWURADE nhyira na ɛyɛ ɔdefo, na ɔbrɛ adwuma mfa bi nka ho.


Na sɛ asafo Awurade se ni: N’anuonyam nti, na wasoma me amanaman a wɔfom mo no nkyɛn; na nea ɔka mo no, waka Awurade aniwa nkosua.


na sɛ m’ani gyei sɛ m’ahode dɔɔso, ne sɛ me nsa aka ade bebree,


Nsɛm yi akyi no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w'akatua bɛdɔɔso pii.


Na ohyiraa wɔn maa wɔn ase fɛee bebree, na wamma wɔn afieboa so anhuan.


Na Awurade yɛn Nyankopɔn animtew mmra yɛn so, na yɛn nsa ano adwuma no, ma ɛnyɛ yiye mma yɛn, yiw, yɛn nsa ano adwuma na ma ɛnyɛ yiye.


na wadɔ wo ahyira wo ama woadɔ, na wahyira wo yafunu mu aba ne w’asase so aba, w’aburow ne wo nsa ne wo ngo ne w’anantwi mma ne wo nguan mma, asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom sɛ ɔde bɛma wo no so.


Na Isak duaa mfude wɔ asase no so, na onyaa nnɔbae mmɔho ɔha afirihyia no ara mu, na Awurade hyiraa no.


Na afei merema moahu nea merebɛyɛ me bobeturo no. Meyi ɛho ban, na mmoa adi, mebubu ne fasu, na wɔatiatia so;


na ɔfɛtɛw mu tutuu mu abo, na ɔtetɛw mu bobe pa, na ɔtoo abantenten sii mu, na otuu mu nsa-kyi-amoa nso; na ɔtwɛnee sɛ ɛbɛsow obobe aba. Ɛnna ɛsow abuntwɛre.


wɔyɛɛ yɛn ho ɔfasu anadwo ne awia, bere a yɛne wɔn te a yɛrehwɛ nguan no nyinaa.


Tete Nyankopɔn ne wo tenabea, na ase na daapem abasa no wɔ. Na ɔbɛpam ɔtamfo w’anim, na waka sɛ: Dwerɛw wɔn.


Wobɛma me kɛseyɛ adɔ, na woadan w’ani akyekye me werɛ.


Na AWURADE hyiraa Hiob awiei sen ne mfiase, na onyaa nguan ɔpeduanan ne yoma mpemnsia ne anantwi mpamho apem ne mfurum abere apem.


Efi w'agya Nyankopɔn, ɔmmoa wo, na efi Tweaduampɔn hɔ, onhyira wo, ɔmfa ɔsorosoro nhyira, ne ebun a ɛtrɛtrɛw ase mu nhyira, ne nufu ne yafunu mu nhyira, nhyira wo.


Na ɔbarima no yɛɛ kɛse pa ara, na onyaa nguan pii ne mfenaa ne nkoa ne yoma ne mfurum.


efisɛ mebaa wo nkyɛn no, na nea wowɔ no sua, na afei ase afɛe ayɛ pii, na Awurade ahyira wo baabiara a mefa. Na afei da bɛn na menhwɛ me fi nso?


Adɛn nti na woabubu ne ban, ma wɔn a wɔnam kwan so nyinaa tetew no yi?


Na wo, AWURADE, wuhyira ɔtreneeni, wode anisɔ twa ne ho hyia sɛ ɔkyɛm.


bere a me nan ho fɔwee nufusu mu srade mu, na abotan maa ngo asubɔnten sen me hɔ no.


AWURADE, hyira n’ahonyade so, na ma ne nsa ano adwuma nsɔ w’ani; bobɔ wɔn a wɔsɔre hyɛ no no dwonku, ne wɔn a wɔtan no, na wɔansɔre bio.


Na efi bere a ɔde no sii ne fi ne nea ɔwɔ nyinaa so no, Yosef nti AWURADE hyiraa Misraimni no fi, na AWURADE nhyira baa nea ɔwɔ nyinaa so, ofie ne afum.


Na ɔwɔ nguan mpemnsɔn ne yoma mpensa ne anantwi mpamho ahanum ne mfurum abere ahanum, ne fie nnipa bebree pa ara; na ɔbarima no soe sen apueifo no nyinaa.


O, sɛ anka mɛyɛ sɛ mete kan asram no, sɛ nna a Onyankopɔn hwɛɛ me so no ɛ!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios