Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 8:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na oyii biribi a ɛte sɛ nsa sɛso, na osoo m’atifi nwi mu, na honhom no maa me so faa asase ne ɔsoro ntam de me kɔɔ Yerusalem, Onyankopɔn anisoadehu no mu, de me baa emu fam ponkɛse a ɛkyerɛ atifi fam no ano, nea ninkuntwe honi bi a eyi ninkunu si hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔyii biribi a ɛte sɛ nsa nsɛsoɔ, na ɔsɔɔ m’atifi nwi mu, na honhom no maa me so faa asase ne ɔsoro ntam de me kɔɔ Yerusalem, Nyankopɔn anisoadehunu no mu, de me baa emu fam ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam no ano, deɛ ninkuntwe honi bi a ɛyi ninkunu sie hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔteɛɛ biribi te sɛ nsa de soo me tinwi mu faa me. Afei honhom no pagyaw me de me kɔɔ wim na ɛde me wuraa Onyankopɔn anisoadehu mu kɔɔ Yerusalem kogyinaa mfimfini adiwo no atifi pon ano, faako a ohoni a ɛyɛ ninkutwe farebae no si.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔyii biribi a ɛte sɛ nsa nsɛsoɔ, na ɔsɔɔ m’atifi nwi mu, na honhom no maa me so faa asase ne ɔsoro ntam de me kɔɔ Yerusalem, Nyankopɔn anisoadehunu no mu, de me baa emu fam ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam no ano, deɛ ninkuntwe honi bi a ɛyi ninkunu sie hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔtenee biribi te sɛ nsa de sɔɔ me tirinwi mu faa me. Afei honhom no pagyaa me de me kɔɔ ewiem na ɛde me wuraa Onyankopɔn anisoadehunu mu kɔɔ Yerusalem kɔgyinaa mfimfini adihɔ no atifi ɛpono ano, baabi a ohoni a ɛyɛ ninkunutweɛ farebae no sie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na oyii biribi a ɛte sɛ nsa sɛso, na osoo m’atifi nwi mu, na honhom no maa me so faa asase ne ɔsoro ntam de me kɔɔ Yerusalem, Onyankopɔn anisoadehu no mu, de me baa emu fam ponkɛse a ɛkyerɛ atifi fam no ano, nea ninkuntwe honi bi a eyi ninkunu si hɔ.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 8:3
39 Referencias Cruzadas  

Na sɛ me de, mifi wo nkyɛn mekɔ a, AWURADE honhom bɛma wo so akɔ baabi a minnim, na sɛ meka mekyerɛ Ahab na wanhu wo a, obekum me. Na me, w’akoa de, mifi me mmofraase misuro AWURADE.


Na kɔbere afɔremuka a esi AWURADE anim no, otwiw fii asɔredan no anim, afɔremuka foforo no ne AWURADE dan no ntam, de kosii afɔremuka no nkyɛn mu benkum fam.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, mmarima a wɔyɛ nnam aduonum wɔ wo nkoa mu, ma wɔnkɔ nkɔhwehwɛ wo wura; na ebia sesɛɛ AWURADE honhom ama no so kɔ, de no akɔto mmepɔw no bi so anaa abon no bi mu. Na ose: Monnsoma!


Na ɔde Asera ohoni a ɔyɛe no sii ofi no mu, ofi a AWURADE kaa ho asɛm kyerɛɛ Dawid ne ne ba Solomon no sɛ: Ofi yi ne Yerusalem a mayi Israel mmusuakuw nyinaa mu no mu na mede me din mɛto daa;


Wɔde wɔn srɔnsrɔnmmea huruu ne bo, na wɔde wɔn ahoni ma ɔtwee ninkunu.


Nyɛ ohoni bi anaa ade a ɛwɔ wim wɔ ɔsoro anaa nea ɛwɔ asase so wɔ fam anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase nsɛso biara mfa; nkotow wɔn, na nsom wɔn.


Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo a mitua agyanom amumɔyɛ so ka mefa mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan a wɔtan me so,


Na nsɔre onyame foforo bi, efisɛ AWURADE a ne din ne oninkufo no yɛ Onyankopɔn ninkufo:


Na wosisii wɔn akyide, ofi a wɔde me din ato no mu de guu ho fi.


Na Yuda mma ayɛ m’ani so bɔne, sɛ AWURADE se ni, wɔde wɔn akyide asisi ofi a wɔde me din ato no mu, de agu ho fi;


Na afe a ɛto so aduasa, ɔsram a ɛto so anan, da a ɛto so anum no, na mewɔ atukɔfo no mu, asu Kebar ho, na ɔsoro buei, na mihuu Onyankopɔn hɔ anisoade.


Nso ɔbarima no kɔɔ mu no, na Kerubim no gyinagyina ɔdan no nifa so, na omununkum no ayɛ emu fam abangua no so ma.


Na honhom no maa me so de me kɔɔ AWURADE fi no apuei fam ponkɛse a ɛkyerɛ apuei no ano; na hwɛ, mmarima aduonu anum gyina ɔponkɛse no ano, na mihuu Asur ba Yaasania ne Benaia ba Pelatia, ɔman no mu mmapɔmma no, wɔ wɔn mu.


Na honhom no maa me so de me kɔɔ Kaldea, atukɔfo no nkyɛn, anisoadehu mu, Onyankopɔn honhom mu; na ade a mihui no fii me so kɔɔ soro.


Na mihui, na hwɛ, nsa ateɛ kyerɛ me, na hwɛ, nhoma mmobɔwee wɔ mu.


Ɛnna honhom no maa me so, na metee ɔwosow kɛse nne wɔ m’akyi sɛ: Nhyira ne AWURADE anuonyam! Fi nea ɔte hɔ;


Na honhom no maa me so faa me kɔe: Mede awerɛhow na ɛkɔe, me honhom anibere no mu, na AWURADE nsa yɛɛ me so den.


AWURADE nsa baa me so, na AWURADE de me fii adi honhom mu, na ɔde me kosii obon kɛse a nnompe ara nko ayɛ mu ma mu;


Onyankopɔn anisoadehu mu na ɔde me baa Israel asase so, na ɔde me kogyinaa bepɔw a ɛkorɔn papaapa so, na ɛso te sɛ kurow bi a wɔakyekye anafo fam.


Na honhom no maa me so de me baa emu fam abangua no so, na hwɛ, AWURADE anuonyam no ayɛ ofi no ma.


a wɔde wɔn apon ase too m’apon ase ho na wɔde wɔn apongua nkyɛn mu sii m’apongua nkyɛn mu ho ma ɔfasu nko si me ne wɔn ntam no, na wɔde wɔn akyide a wɔyɛe huraa me din kronkron no ho ma mehyew wɔn m’abufuw mu no.


Enti sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, esiane sɛ wode w’atantanne nyinaa ne w’akyide nyinaa agu me kronkronbea ho fi nti, me nso mɛpra wo, na m’aniwa renkyɛe wo so, na me nso merenhu mmɔbɔ.


na n’ahokekade fɛfɛ no, wɔde dii ahantansɛm, na wɔde yɛɛ wɔn akyide mfonini, wɔn atantanne no, ɛno nti na mɛma adan wɔn fi,


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, ma w’ani so kɔ atifi fam ɛ! Na memaa m’ani so mekɔɔ atifi fam, na hwɛ, afɔremuka ponkɛse no atifi fam na ninkuntwe honi no si abobow ano.


Na hwɛ, mmarima baasia fi atifi ponkɛse a ɛkyerɛ atifi fam kwan no so reba, na wɔn dwerɛw nnade kurakura wɔn nsam, na ɔbarima biako wɔ wɔn mu a ɔhyɛ nwera, na ɔkyerɛwfo toaa bɔ n’asen, na wɔbaa mu begyinaa kɔbere afɔremuka no ho.


Na hwɛ, nsa bi bɛkaa me kanyan me ma meweaweaa me nankoroma ne me nsa so.


Na obi a ɔte sɛ onipa sɛso san bɛkaa me bio, na ɔhyɛɛ me den;


Dɔn no mu ara na onipa nsa so nsatea fi bae bɛkyerɛw ahennan no fasu no akado so, kaneadua no anim, na ɔhene huu nsa a ɛkyerɛwee no ano.


Na wofi asu no mu reba no, Awurade honhom hwim Filipo, na opiani no anhu no bio; na ɔde anigye kɔɔ ne kwan.


Wɔde ananafo anyame ma ɔtwee ninkunu, wɔde akyide huruu ne bo.


Wɔn de, wɔde nea ɛnyɛ Onyankopɔn ma metwee ninkunu, wɔde wɔn adehuhuw yi me ahi: Na me nso mede nea ɛnyɛ ɔman mɛma wɔatwe ninkunu, mede ɔman nkwasea bi na ɛbeyi wɔn ahi.


Na AWURADE wo Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyew, Onyankopɔn ninkufo.


Na me AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo a mitua agyanom amumɔyɛ so ka mefa mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan a wɔtan me so,


na AWURADE wo Nyankopɔn a ɔwɔ wo mu no yɛ Onyankopɔn ninkufo, na AWURADE wo Nyankopɔn abufuw annɛw anhyɛ wo, na wansɛe wo amfi asase ani.


Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Morentumi nsom AWURADE, efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn kronkron, Onyankopɔn ninkufo ne no, ɔremfa mo mmarato ne mo bɔne nkyɛ mo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios