Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 7:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Afei awiei reba wo so, na mɛsoma m’abufuw aba wo so, na mabu wo w’akwan so atɛn, na mede w’akyide nyinaa aba wo so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Afei awieeɛ reba wo so, na mɛsoma m’abufuo aba wo so, na mabu wo w’akwan ho ntɛn, na mede w’akyiwadeɛ nyinaa bɛba wo so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Awiei no adu wɔ wo so, na mehwie mʼabufuwhyew agu wo so. Megyina wʼabrabɔ so abu wo atɛn na matua wo ka wɔ wo nneyɛe bɔne nyinaa ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Afei awieeɛ reba wo so, na mɛsoma m’abufuo aba wo so, na mabu wo w’akwan ho ntɛn, na mede w’akyiwadeɛ nyinaa bɛba wo so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Awieeɛ no aduru wɔ wo so, na mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so. Mɛgyina wʼabrabɔ so abu wo atɛn, na matua wo ka wɔ wʼakyiwadeɛ nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Afei awiei reba wo so, na mɛsoma m’abufuw aba wo so, na mabu wo w’akwan so atɛn, na mede w’akyide nyinaa aba wo so.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 7:3
27 Referencias Cruzadas  

Ɛno nti, Israel fi, mebu mo mo akwan so atɛn mmiako mmiako, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Monsan na monnan mo ho mfi mo mmaratode nyinaa mu, na mmusu anyɛ hintidua amma mo.


Na m’abufuw bewie na mama m’anibere adwo, wɔn so, na me werɛ akyekye; na sɛ meyɛ m’anibere no so ade wɔ wɔn so a, wɔahu sɛ me, AWURADE, makasa me ninkuntwe mu.


nanso moka sɛ: AWURADE kwan nteɛ! Sɛ obiara kwan te no, saa ara na mebu mo atɛn, Israel fi.


Na mede mmea awaresɛefo ne mogyakagufo atemmude mebu wo atɛn, na mayɛ wo abufuhyew ne ninkuntwe mogya,


na mepansam wɔn miguu amanaman mu, na wɔhwetee wɔn mu guu nsaase so; wɔn bra ne wɔn nsɛnnii so na mibuu wɔn atɛn.


Ɔhene di nkɔmmɔ, na ɔbirɛmpɔn ho adwiriw no, na asase no so nnipa abasam atu. Wɔn akwan so ade na mɛyɛ wɔn, na wɔn atemmude na mede mebu wɔn atɛn, na wɔahu sɛ mene AWURADE.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: Abɔde nyinaa awiei aba wɔ m'anim, efisɛ wɔn awurukasɛm ahyɛ asase so ma, na hwɛ, mɛsɛe wɔn ne asase.


na wokae sɛ: Mɛyɛ awuraa akosi daa. Na ɛno nti amma woamfa eyinom anhyɛ wo komam, woankae n’awiei.


Na wo, onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ Israel asase ni: Awiei no, awiei aba na ɛreba asase no ntwea anan so.


Na m’aniwa renkyɛe wo so, na merenhu mmɔbɔ, na w’akwan na mɛma aba wo so, na w’akyide atena wo mu, na moahu sɛ mene AWURADE.


Na wo, ɔbɔnefo a woatɔ, Israel birɛmpɔn a ne da adu, awiei amumɔyɛ bere mu no,


Enti mehwie m’abufuhyew magu wɔn so, na madwerɛw wɔn, m’anibere gya no mu, na mede wɔn abrabɔ mabua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Na obisaa sɛ Amos, dɛn na wuhu yi? Na mise: Nnuaba a abere kɛntɛn. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Awiei no adu ama me man Israel, merenkɔ so mintwa wɔn ho bio.


Na mede wɔn mɛbobɔ wɔn yɔnkonom, agyanom ne mma nyinaa, AWURADE asɛm ni; merenkyɛe wɔn so, na merenhu wɔn mmɔbɔ, na me yam renhyehye me a enti merensɛe wɔn.


Wo mu nkyemu abiɛsa mu biako bewuwu owuyare ano, na ɔkɔm bɛdwerɛw wɔn wo mu, nkyemu abiɛsa mu biako bɛtotɔ nkrante ano atwa wo ho ahyia, na nkyemu abiɛsa mu biako nso, mɛbɔ wɔn mapete mframa nyinaa mu, na matwe nkrante madi wɔn akyi.


Enti me nso m’aniwa renkyɛe so, na merenhu mmɔbɔ; mede wɔn kwan mebua wɔn atifi.


Na wɔn a wɔn koma di wɔn atantanne ne wɔn akyide akyi no, mede wɔn kwan mebua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Esiane sɛ wonkaee wo mmabaabere mu nna no na wode eyinom nyinaa haw me nti, na me nso, hwɛ, mede w’abrabɔ mibua w’atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, na mammɔ w’akyide nyinaa so mmusu.


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛyɛ wo sɛnea woyɛe no a wubuu ntanka animtiaa sɛ worebu apam so no.


Me, AWURADE, na maka; ɛbɛba na mɛyɛ. Merennyae na merenkyɛe so na merennu me ho; sɛ w’akwan te ne sɛ wo nneyɛe te no, saa na wobebu wo atɛn, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Ɔyafunum na osoo ne nua nantin, na n’ahoɔden mu na ɔne Onyankopɔn koe;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios