Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 26:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Tiro, na mede amanaman bebree mɛba wo so, sɛnea ɛpo de n’asorɔkye ba no,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mene wo anya, Tiro, na mede amanaman bebree bɛba wo so, sɛdeɛ ɛpo de n’asorɔkyeɛ ba no,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo anya, Tiro, mede aman bebree bɛba abetia wo te sɛ po a ɛrebɔ nʼasorɔkye.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mene wo anya, Tiro, na mede amanaman bebree bɛba wo so, sɛdeɛ ɛpo de n’asorɔkyeɛ ba no,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛno enti, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya Tiro, mede aman bebree bɛba abɛtia wo te sɛ ɛpo a ɛrebɔ nʼasorɔkye.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Tiro, na mede amanaman bebree mɛba wo so, sɛnea ɛpo de n’asorɔkye ba no,

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 26:3
23 Referencias Cruzadas  

Ɛpo asram Babel so, n’asorɔkye huuyɛ akata so.


Na wɔbɛworo ahyɛ wɔn da no sɛ ɛpo woro, na wɔhwɛ asase a, na hwɛ, ahohia ne sum ni, na hann reduru wɔn so sum.


Na afei amanaman pii aboa wɔn ho ano ahyɛ wo, na wɔka sɛ: Ma Sion ho nhura, na yɛmfa yɛn ani nhwɛ n’animguase no.


Na nsɛnkyerɛnne bɛba owia ne ɔsram ne nsoromma mu, na amanaman ho bɛyeraw wɔn asase so, ɛpo ne asorɔkye a ɛrehuru nti;


Na mɛboa amanaman nyinaa ano aba Yerusalem ne no abɛko, na wɔafa kurow no, na wɔafow afi no, na wɔahura mmea no ho, na kurow no fa afi akɔ atukɔ mu, na ɔman no nkae de, wɔrentwitwa wɔn mfi kurow no mu.


Gyata tetew mu ma ne mma na omia ma n’abere, na ɔde ntetewee hyɛɛ n’atu mu amaama, na ɔde nea ɔtetew mu no hyehyɛɛ ne tenabea.


na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Gog, Ros, Mesek ne Tubal birɛmpɔn!


na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Sidon, na menya wo mu anuonyam, na sɛ meyɛ no mu atemmude na miyi me kronkronyɛ adi no mu a, wɔahu sɛ mene AWURADE.


Akwamfo no de wo kɔ nsu bebree mu, apuei mframa bobɔ wo ɛpo horow no mfinimfini.


na ka kyerɛ Israel asase no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, me ne wo anya, na mɛtwe me nkrante afi ne boha mu, na matwitwa wo so treneeni ne ɔbɔnefo.


ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, na mebu wo mu atɛn, amanaman no anim.


Wokurakura ta ne pɛmɛ; wɔn ho yɛ den, na wonhu mmɔbɔ; wɔn nne yɛ huu sɛ ɛpo, na wɔtete apɔnkɔ so asiesie wɔn ho sɛ akofofo, atu wo, Babel babea, so sa.


Ɔhantanni, hwɛ, me ne wo na anya, AWURADE, asafo Nyankopɔn, asɛm ni, efisɛ wo bere adu, w’asotwe bere adu.


Hwɛ, me ne mo a mote obon mu, asasetaw so botan so no anya, AWURADE asɛm ni, mo a moka sɛ: Hena na obesian aba yɛn so anaa hena na ɔbɛba yɛn tenabea no?


wokurakura ta ne pɛmɛ, wɔn tirim yɛ den na wonni timmɔbɔ; wɔn nne te sɛ po huuyɛ, na wɔtete apɔnkɔ so; wɔamia sɛ akofofo, sɛ wɔne wo, Sion babea, rebɛko.


na ɔka maa ahum kɛse tui, na ɛmaa n’asorɔkye so.


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ meyɛ wo akurofo sɛ nkurow a wɔntena mu bio, sɛ mede obun meba wo so ma nsu bebree abɛkata wo so,


Enti, hwɛ, me ne wo ne w’asuten horow no anya, na mɛyɛ Misraim asase no afoafo, amamfo ne ahodwiriwde, afi Siene abantenten ho akosi Etiopia hye so tɔnn.


Hwɛ, me ne wo anya, asafo AWURADE asɛm ni, na meyi w’atade mmuano afa w’anim, na mama amanaman ahu w’adagyaw, na ahenni aman ahu w’ahohora.


Hwɛ, Awurade bɛma wɔafa no so na wasɛe ne tumi ɛpo mu, na ɔno ankasa de, ogya bɛhyew no.


ne Tiro ahene nyinaa ne Sidon ahene nyinaa ne po akyi noho asase so ahene,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios