Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 2:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔrekasa akyerɛ me no, honhom bi baa me mu, na ɛmaa me so gyinaa m’anan so, na mitiee nea ɔne me kasae no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔrekasa akyerɛ me no, honhom bi baa me mu, na ɛmaa me so gyinaa me nan so, na metiee deɛ ɔne me kaeɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔrekasa no, Honhom no bɛhyɛɛ me mu maa me so gyinaa hɔ, na metee se ɔrekasa kyerɛ me.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔrekasa akyerɛ me no, honhom bi baa me mu, na ɛmaa me so gyinaa me nan so, na metiee deɛ ɔne me kaeɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔrekasa no, Honhom no bɛhyɛɛ me mu maa me so gyinaa hɔ, na metee sɛ ɔrekasa kyerɛ me.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔrekasa akyerɛ me no, honhom bi baa me mu, na ɛmaa me so gyinaa m’anan so, na mitiee nea ɔne me kasae no.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 2:2
13 Referencias Cruzadas  

Na honhom no bɛhyɛn me mu ma migyinaa m’anan so na ɔne me kasae ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ na kɔto wo ho mu hyɛ wo fi.


Ɛnna honhom no maa me so, na metee ɔwosow kɛse nne wɔ m’akyi sɛ: Nhyira ne AWURADE anuonyam! Fi nea ɔte hɔ;


Na nnansa ne fa akyi no, nkwa honhom fii Nyankopɔn mu bɛhyɛn wɔn mu, na wogyinagyinaa hɔ, na ehu kɛse kaa wɔn a wohuu wɔn no.


Na ɔne me rekasa no, m’ani so birii me ma mehwee ase, na m’anim butuw fam; nanso osoo me mu de me gyinaa m’anan so bio.


Na mede me honhom mɛhyɛ mo mu, na mama moanantew m’ahyɛde so, na moahwɛ m’atemmude ayɛ.


Na honhom no maa me so faa me kɔe: Mede awerɛhow na ɛkɔe, me honhom anibere no mu, na AWURADE nsa yɛɛ me so den.


Nanso wukuraa wɔn mfe pii, na wode wo honhom nam w’adiyifo so dii wɔn adanse: na wɔantie; ɛnna wode wɔn hyɛɛ nsaase so aman nsa.


Ɛnna Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na AWURADE honhom sii Dawid so fi da no ara de rekɔ no. Ɛnna Samuel sɔre baa Rama.


Na AWURADE honhom fii ase kekaa no wɔ ne mu, Dan nsra mu, Sora ne Estaol ntam.


Na AWURADE honhom tɔɔ me so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ka sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Saa ara na moka, Israel fi, na nea ɛba mo adwene mu no, me de, minim.


Na bu asowui fi no bɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Fa ɔsɛn no si so, fa si so, na hwie nsu nso gu mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios