Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 10:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera no sɛ: Kɔ nkyimii no ntam, Kerub no ase hɔ, na fa nnyansramma fi Kerubim no ntam hyehyɛ wo nsam amaama, na fa pete kurow no so. Na ɔkɔɔ mu m’anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ no sɛ: Kɔ nkyimiiɛ no ntam, Kerub no ase hɔ, na fa nnyansramma firi Kerubim no ntam hyehyɛ wo nsam ma ma, na fa pete kuro no so. Na ɔkɔɔ mu wɔ m’anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na Awurade ka kyerɛɛ ɔbarima a ofura nwera no se, “Kɔhyɛ nkyimii a ɛwɔ kerubim ase no mu. Fi kerubim no mu fa nnyansramma hyɛ wo nsa ma na tow pete kuropɔn no so.” Migu so rehwɛ no, ɔkɔhyɛɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ no sɛ: Kɔ nkyimiiɛ no ntam, Kerub no ase hɔ, na fa nnyansramma firi Kerubim no ntam hyehyɛ wo nsam ma ma, na fa pete kuro no so. Na ɔkɔɔ mu wɔ m’anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na Awurade ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera no sɛ, “Kɔhyɛ ntwahonan a ɛwɔ Kerubim ase no mu. Fa egyasramma nsabuo firi Kerubim no mu na to pete kuropɔn no so.” Megu so rehwɛ no, ɔkɔhyɛɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera no sɛ: Kɔ nkyimii no ntam, Kerub no ase hɔ, na fa nnyansramma fi Kerubim no ntam hyehyɛ wo nsam amaama, na fa pete kurow no so. Na ɔkɔɔ mu m’anim.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 10:2
19 Referencias Cruzadas  

Na ɔbɔfo no faa ohuam kuruwa no de afɔremuka no so gya bi hyɛɛ mu ma, na ɔtow guu asase so. Na aprannaa ne nne horow ne anyinam ne asasewosow bae.


Na ateasefo no suban no, ne su te sɛ nnyansramma a ɛdɛw, sɛ agyatɛn; ɛno na ɛnenam ateasefo no ntam, na ogya no hyerɛn, na anyinam fi ogya no mu;


Na Kerubim no nantew a, nkyimii no siane wɔn; na Kerubim no moma wɔn ntaban so sɛ wɔde rema wɔn ho so afi asase so a, nkyimii no nso nnan mfi wɔn nkyɛn mu;


Na AWURADE bɛma wɔate ne nne kɛseyɛ, na wama wɔahu ne nsa a ɛresian, abufuw ahomegu ne adehyew gyaframa, osu babababa ne osu yɔɔ ne amparuwbo mu.


Ma nsramma ngu wɔn so, ma wɔmfa wɔn ngu ogya mu, aku donkudonku mu a wɔrensɔre bio.


Na hwɛ, ɔbarima a ɔhyɛ nwera a ɔkyerɛwfo toaa bɔ n’asen no de asɛm san bae sɛ: Mayɛ sɛnea wohyɛɛ me no.


na ɔbɛhyew AWURADE fi ne ɔhene fi ne Yerusalem afi nyinaa, na ɔde ogya hyew afi akɛse nyinaa.


Na ɔtenaa Kerub so tui, na ɔde mframa ntaban tu bae afrɛso.


Mede hwɛ ara kosii sɛ wosisii agua, na obi a ne nna akyɛ bɛtenaa ase, n’atade hoa sɛ nsukyerɛma, na ne ti nwi hoa sɛ oguanten nwi fitafitaa; n’agua ogyaframa ara nko, ne ntwahonan ogya a ɛrefram;


Na yɛ sika kerubim abien, ɔboro adwuma na fa yɛ, na fa sisi mpata agua no ti abien no so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios