Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 1:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na mihui, na hwɛ, ahum bi tu fi atifi fam bae, omununkum kɛse ne ogya a ɛtoatoam, na ɔharan atwa ho ahyia na efi mfinimfini, te sɛ sika ne dwetɛ mfrafrae a adɔ ahoa ani, ogya no mfinimfini.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na mehwɛe, na hwɛ, ahum bi tu firi atifi fam bae, mununkum kɛseɛ ne ogya a ɛtoatoam, na ɔharan atwa ho ahyia. Na biribi te sɛ sika ne dwetɛ mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani firi ogya no mfimfini baeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Mehwɛe, na mihuu sɛ ahum kɛse bi fi atifi fam reba, omununkum kɛse bi a ɛretwa anyinam na hann bi a ano yɛ den atwa ho ahyia. Ogya no mfimfini te sɛ dade a asɔ kɔɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na mehwɛe, na hwɛ, ahum bi tu firi atifi fam bae, mununkum kɛseɛ ne ogya a ɛtoatoam, na ɔharan atwa ho ahyia. Na biribi te sɛ sika ne dwetɛ mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani firi ogya no mfimfini baeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Mehwɛeɛ na mehunuu sɛ ahum kɛseɛ bi firi atifi fam reba, omununkum kɛseɛ bi a ɛrete ayerɛmo na hann bi a ano yɛ den atwa ho ahyia. Ogya no mfimfini te sɛ dadeɛ a asɔ kɔɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na mihui, na hwɛ, ahum bi tu fi atifi fam bae, omununkum kɛse ne ogya a ɛtoatoam, na ɔharan atwa ho ahyia na efi mfinimfini, te sɛ sika ne dwetɛ mfrafrae a adɔ ahoa ani, ogya no mfinimfini.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 1:4
35 Referencias Cruzadas  

Na ɔkae sɛ: Fi adi kogyina bepɔw no so AWURADE anim. Na hwɛ, AWURADE twaam, na mframa kɛse a ɛyɛ den paepaee mmepɔw na ebubuu abotan dii AWURADE anim; na ɛnyɛ mframa no mu na AWURADE wɔ; na mframa no akyi no asasewosow; na ɛnyɛ asasewosow no mu na AWURADE wɔ;


Na wɔnam rekɔ na wɔrekasa no, hwɛ, ogya teaseɛnam ne ogya apɔnkɔ a ɛbɛpaee wɔn baanu no ntam bae, na Elia faa ahum mu foro kɔɔ ɔsoro.


Na ntorobɛntohyɛnfo ne nnwontofo no yɛɛ sɛ obiakofo ma wɔtee ɛnne biako a wɔde reyi AWURADE ayɛ da no ase, na wɔde ntorobɛnto ne nnawuru ne asanku maa wɔn nne so yii AWURADE ayɛ sɛ: Oye na n’adɔe wɔ hɔ daa no, ɛnna omununkum hyɛɛ ɔdan no, AWURADE dan no ma,


Na AWURADE fi ahum no mu buaa Hiob sɛ:


Yɛn Nyankopɔn bɛba, na ɔrenyɛ komm. Ogya di n’anim rehyew ade, na ahum atu huu atwa ne ho ahyia.


Na ɔsoro abo ne ogya a ɛdɛw framfram toatoam a ano yɛ den pii pa a ɛso bi mmaa Misraim asase nyinaa so da fi da a ɛyɛɛ ɔman no bae.


Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum harehare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuw ho bɛpopo n’anim, na Misraim koma anan wɔ ne mu.


Atemmusɛm a ɛfa Mpoano sare so aman ho ni: Sɛ ahum tutu fi Negeb fam ba no, saa ara na efi anwea so, efi asase a ɛso yɛ hu so ba.


Hwɛ, AWURADE ahum, abufuhyew afi adi, na ahum a edi kyinhyia betwa ne ho abesi abɔnefo ti so.


Sɛ asafo AWURADE se ni: Hwɛ, bɔne fi ɔman so kɔ ɔman so, na ahum kɛse retu afi asase anoano.


hwɛ, meresoma ma wɔakɔfa atifi fam mmusua nyinaa, AWURADE asɛm ni, ne m’akoa, Babel hene Nebukadnesar, na mede wɔn maba asase yi ne ɛsotefo so, ne amanaman yi a wɔatwa ho ahyia nyinaa so, na masɛe wɔn pasaa, na mama wɔadan ahodwiriwde ne fɛwdi ne daa amamfo,


Munsi frankaa nkyerɛ Sion fam, mommɔ mo ho aguaa, munnnyina hɔ. Na adebɔne na merema afi atifi fam aba, ne ɔsɛe kɛse.


O Benyamin mma, mommɔ mo ho aguaa mfi Yerusalem, na monhyɛn torobɛnto Tekoa, na munsi frankaa Bet-hakerem! Na adebɔne bi ne ɔsɛe kɛse repue afi atifi fam.


Na mihui, na ɛte sɛ sika ne dwetɛ mfrafrae a adɔ ahoa ani, ɛte sɛ ogya emu fam hyia, efi nea ɛte sɛ n’asen so de rekɔ soro, nanso efi nea ɛte sɛ n’asen so de reba fam no, mihui na ɛte sɛ ogya, na ɛharan twa ho hyia;


ka kyerɛ wɔn a wɔde hyirew sra ho no sɛ: Ɛbɛhwe ase! Osu a ɛsram so bɛba na amparuwbo bɛtotɔ, na kyinhyia mframa bɛbɔ.


Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛma kyinhyia mframa abɔ m’abufuhyew mu, na osu a ɛsram so aba m’abufuw mu, na amparuwbo aba anibere mu abewie.


Na ade a mihui no su te sɛ ade a mihui a mebae mebɛsɛee kurow no; na ɛyɛ adehu a ɛte sɛ ade a mihui asu Kebar ho no; na mede m’anim mibutuw fam.


Na mehwɛe, na hwɛ, suban bi a ɛte sɛ ogya ni, efi nea ɛte sɛ n’asen so de rekɔ fam yɛ ogya, na efi n’asen so de rekɔ soro no te sɛ ɔhyerɛn, ɛte sɛ sika ne dwetɛ mfrafrae a adɔ ahoa ani.


Nea apɔnkɔbiri wɔ ho no, wofi adi kɔ atifi fam asase so, na afufu no fi adi di wɔn akyi, na nworannworan no fi adi kɔ anafo fam asase so;


Efisɛ yɛn Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyew.


na ne nan te sɛ ayowa fɛfɛ a adɔ fononoo mu, na ne nne te sɛ asu bebree nne,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios