Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 4:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na mesrɛ wo nso, me yɔnko kɔnnuasuafo nokwafo, so saa mmea yi mu abia, efisɛ wɔn na wɔkaa me ho peree asɛmpa no, wɔne Klement nso ne me yɔnko adwumayɛfo a aka a wɔn din hyehyɛ nkwa nhoma mu no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na mesrɛ wo nso, me yɔnko konnuasoafoɔ nokwafoɔ, sɔ saa mmaa yi mu abia, ɛfiri sɛ wɔn na wɔkaa me ho peree asɛmpa no, wɔne Klemens nso ne me yɔnko adwumayɛfoɔ a aka a wɔn din hyehyɛ nkwa nwoma mu no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na wo nso a woka me ho a migye wo di no mepɛ sɛ woboa saa mmea yi, efisɛ wɔde wɔn ahoɔden nyinaa aboa me ama Asɛmpa no mu atrɛw a Klemens ne mʼahokafo bi a wɔn din hyɛ Onyankopɔn nkwa nhoma no mu no nso ka ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na mesrɛ wo nso, me yɔnko konnuasoafoɔ nokwafoɔ, sɔ saa mmaa yi mu abia, ɛfiri sɛ wɔn na wɔkaa me ho peree asɛmpa no, wɔne Klemens nso ne me yɔnko adwumayɛfoɔ a aka a wɔn din hyehyɛ nkwa nwoma mu no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na wo nso a woka me ho a megye wo di no, mepɛ sɛ woboa saa mmaa yi, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn ahoɔden nyinaa aboa me ama Asɛmpa no mu atrɛ a Klemens ne mʼahokafoɔ bi a wɔn din hyɛ Onyankopɔn nkwa nwoma no mu no nso ka ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na mesrɛ wo nso, me yɔnko kɔnnuasuafo nokwafo, so saa mmea yi mu abia, efisɛ wɔn na wɔkaa me ho peree asɛmpa no, wɔne Klement nso ne me yɔnko adwumayɛfo a aka a wɔn din hyehyɛ nkwa nhoma mu no.

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 4:3
28 Referencias Cruzadas  

Ma wonyi wɔn mfi ateasefo nhoma mu, na mma wɔnnkyerɛw wɔne treneefo din mmmom.


Na afei, sɛ wode wɔn bɔne no bekyɛ a! Na sɛ ɛnte saa a, popa me nso fi wo nhoma a woakyerɛw no mu ɛ!


Na nea wɔagyaw no Sion ne nea waka Yerusalem no wɔbɛfrɛ no kronkron, wɔn a wɔakyerɛw wɔn din afra ateasefo mu, Yerusalem nyinaa,


Na me nsa bɛba adiyifo a wohu ahuhude na wɔhyɛ nkɔntoro no so: Wɔrentena me man bagua no mu, na wɔrenkyerɛw wɔn din Israel fi din kyerɛw no mu, na wɔremma Israel asase so, na moahu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.


Ɛbere no mu na Mikael, ɔbapɔmma kɛse a ogyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina; na ɛbɛyɛ ahohia bere a efii sɛ ɔman bae no besi bere no so, ebi ɛmmae da, na ɛbere no mu na wobegye wo manfo afi mu, obiara a wobehu sɛ wɔakyerɛw ne din nhoma no mu no.


Nanso eyi mu de, mommma mo ani nnnye sɛ ahonhom abrɛ wɔn ho ase ama mo; na mmom momma mo ani nnye sɛ wɔakyerɛw mo din ɔsoro.


Enti, anuanom, migyina Onyankopɔn mmɔborohunu so mitu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no.


Munkyia Trifaina ne Trifosa a wɔbɔ Awurade mu mmɔden no. Munkyia ɔdɔfo Persi a ɔbɔɔ Awurade mu mmɔden pii no.


Munkyia yɛn Kristo mu yɔnko dwumayɛfo Urbano ne me dɔfo Staki.


Na, anuanom, mepɛ sɛ muhu sɛ nea ayɛ me no ama asɛmpa no akɔ so mmom,


Ebinom fi ɔdɔ mu, efisɛ wonim sɛ asɛmpa no ho anoyi nti na meda ha,


Ɛnne na momma mo abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no nko ara, na sɛ meba na mibehu mo oo, sɛ minni hɔ oo, mate mo ho asɛm sɛ mugyina pintinn honhom koro mu, na mode adwene koro bom di apere gyidi a efi asɛmpa no mu,


mo ayɔnkofa a mowɔ no asɛmpa no fam fi da a edi kan de abedu nnɛ yi nti;


Ɛye ma me sɛ midwen saa fa mo ho, efisɛ moda m'akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Onyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne bere a migyina pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.


Mitu Euodia fo, na mitu Sintike nso fo sɛ wonnya adwenkoro Awurade mu.


sɛnea musuae nso fii yɛn awurakwaa dɔfo Epafra a ɔyɛ mo Kristo somfo nokwafo


Na wɔn a wɔte asase so nyinaa bɛkotow no, wɔn a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din oguammaa a wokum no no nkwa nhoma mu no.


Aboa a wuhuu no no, da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, na obefi bun no mu aba, na wabɛsen akɔ ɔsɛe mu. Na ɛbɛyɛ wɔn a wɔtete asase so a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din nkwa nhoma mu no nwonwa sɛ wobehu aboa no, sɛ da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara.


Na mihuu awufo, nketewa ne akɛse, sɛ wogyinagyina ahengua no anim; na wobuebuee nhoma mu. Na wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ nkwa nhoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so bubuu awufo atɛn sɛnea wɔn nnwuma te.


Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔakyerɛw ne din nkwa nhoma no mu no, wɔtow no kyenee ogya tare no mu.


Na ade hunu biara ne nea ɔyɛ akyide na odi atoro renhyɛn mu koraa, gye wɔn a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ Oguammaa no nkwa nhoma no mu no nko.


Nea odi nkonim no na wɔbɛhyɛ no atade fitaa saa, na merempopa ne din mfi nkwa nhoma no mu, na mɛbɔ ne din m’agya ne n’abɔfo anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios