Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 4:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Enti, me nuanom a medɔ mo na mefe mo, m’anigye ne m’abotiri, munnyina Awurade mu sa, adɔfo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Enti, me nuanom a medɔ mo na mefe mo, m’anigyeɛ ne m’abotire, monnyina pintinn wɔ Awurade mu saa, m’adɔfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Enti anuanom, medɔ mo na mʼani agyina mo. Moama me ho asan me enti me nso mede mo hoahoa me ho. Adɔfonom, saa na ɛsɛ sɛ mugyina pintinn wɔ Awurade mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Enti, me nuanom a medɔ mo na mefe mo, m’anigyeɛ ne m’abotire, monnyina pintinn wɔ Awurade mu saa, m’adɔfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Enti, anuanom, medɔ mo na mʼani agyina mo. Moama me ho asane me enti me nso mede mo hoahoa me ho. Adɔfonom, saa na ɛsɛ sɛ mogyina pintinn wɔ Awurade mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Enti, me nuanom a medɔ mo na mefe mo, m’anigye ne m’abotiri, munnyina Awurade mu sa, adɔfo.

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 4:1
35 Referencias Cruzadas  

Anka ampa ara mede mɛto me mmati, mede mɛbɔ me ti sɛ abotiri,


Wɔn a wɔde wɔn ho to AWURADE so no te sɛ Sion bepɔw, entwiw, na etim hɔ daa.


Ma w’ani nna AWURADE so, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru, Yiw, ma w’ani nna AWURADE so.


Na me din nti nnipa bɛtan mo; na nea obegyina ano akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.


Ɛnna Yesu see Yudafo a wɔagye no adi no sɛ: Sɛ motena m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafo ampa;


Na ɔbae na obehuu Onyankopɔn adom no, n’ani gyei, na otuu wɔn nyinaa fo sɛ wonsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho.


hyehyɛɛ asuafo no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidi mu, kae nso sɛ etwa yɛn sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Onyankopɔn ahenni mu.


Na wokura asomafo no nkyerɛkyerɛ ne ayɔnkofa ne abodoo bubu ne mpaebɔ mu ara.


Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ anuonyam ne nidi ne ade a ɛmporɔw no, ɔbɛma wɔn daa nkwa;


Enti, me nuanom adɔfo, muntintim, munnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, efisɛ munim sɛ mo brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu.


Monwɛn, munnyina gyidi mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den.


sɛnea mo nso moate yɛn ase ɔfa-ne-fa, sɛ yɛyɛ mo ahohoahoa, sɛnea mo nso moyɛ yɛn de, yɛn Awurade Yesu da no.


Adehyedi mu na Kristo ama yɛade yɛn ho. Enti munnyina pintinn, na mommma wɔmmfa akoayɛ kɔndua ntoatoa mo bio!


Ɛnne na momma mo abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no nko ara, na sɛ meba na mibehu mo oo, sɛ minni hɔ oo, mate mo ho asɛm sɛ mugyina pintinn honhom koro mu, na mode adwene koro bom di apere gyidi a efi asɛmpa no mu,


Na Onyankopɔn ne me dansefo, sɛ mede Kristo Yesu mu tema mefe mo nyinaa.


sɛ mukura nkwa asɛm no mu yiye, sɛnea Kristo da no mahoahoa me ho sɛ ammirika a mitui anyɛ hunu, na me brɛ adwuma nso anyɛ ɔkwa.


efisɛ n’ani gyina mo nyinaa, na ne ho yeraw no, efisɛ motee sɛ ɔyare.


Kristo Yesu akoa Epafra a ofi mo mu no kyia mo. Daa odi ma mo dennennen wɔ mpaebɔ mu, sɛ munnyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na moayɛ ma Onyankopɔn apɛde nyinaa mu.


na wahyɛ mo koma den a mo ho nni asɛm, kronkronyɛ mu, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim, yɛn Awurade Yesu ne n’ahotefo nyinaa ba mu.


Enti afei, anuanom, munnyina pintinn na munkura atetesɛm a yɛnam asɛm anaa yɛn nhoma so kyerɛkyerɛɛ mo no mu.


Afei wo, me ba, yɛ den adom a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu!


Momma yenso anidaso asɛm a yegyina so ka no mu pintinn, efisɛ ɔnokwafo ne nea ɔhyɛɛ bɔ no,


Nanso sɛnea yɛfii ase de yɛn ho too so no, yɛso mu pintinn kosi awiei a, yɛne Kristo bɛyɛ biako


Enti, sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panyin kɛse a watwa ɔsoro mu, Yesu, Onyankopɔn Ba no yi, momma yenso yɛn gyidi asɛm a yegyina so ka no mu dennennen.


Enti, adɔfo, sɛ munim dedaw nti, monhwɛ mo ho so yiye, na wɔamfa amumɔyɛfo nnaadaasɛm no amfa mo ankɔ bi, na moamfi mo ankasa tim a moatim no mu anhwe ase.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios