Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 3:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Monhwɛ yiye akraman no ho, monhwɛ yiye adwumayɛfo bɔne no ho, monhwɛ yiye wɔ twetiatwafo no ho!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Monhwɛ yie akraman no ho, monhwɛ yie adwumayɛfoɔ bɔne no ho, monhwɛ yie wɔ twetiatwafoɔ no ho!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Monhwɛ nnebɔneyɛfo no a wɔte sɛ akraman a wɔka se twa na ɛsɛ sɛ onipa twa twetia ansa na wanya nkwagye no yiye.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Monhwɛ yie akraman no ho, monhwɛ yie adwumayɛfoɔ bɔne no ho, monhwɛ yie wɔ twetiatwafoɔ no ho!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Monhwɛ nnebɔneyɛfoɔ no a wɔte sɛ nkraman a wɔhyɛ mo sɛ montwa twetia ansa na moanya nkwagyeɛ no yie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Monhwɛ yiye akraman no ho, monhwɛ yiye adwumayɛfo bɔne no ho, monhwɛ yiye wɔ twetiatwafo no ho!

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 3:2
31 Referencias Cruzadas  

Nnebɔneyɛfo, mumfi me so, na madi me Nyankopɔn mmara nsɛm so.


Nnipa bɔne te sɛ akraman atwa me ho ahyia, na wɔbobom ba me so, wɔahwirew me nsa ne me nan mu.


Hwim me kra fi nkrante ano, m’ade koro no fi akraman nsam.


Sɛ ɔkraman san kɔ ne fe ho no, sɛ ɔkwasea ti n’agyimisɛm mu ne no.


Na ɛno na ɛbɛto nnipa bebree hintidua; na wobeyiyi wɔn ho ama, na wɔatentan wɔn ho.


Na monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu de, wɔyɛ mpataku adifudepɛfo.


Mommfa nea ɛyɛ kronkron mmma akraman, na monntow mo nhene pa nngu mprako anim, na wɔamfa wɔn nan antiatia so na wɔannan ammɛtetew mo.


Na ɛnyɛ nea ɔda adi saa na ɔyɛ Yudani, nso ɛnyɛ nea ɛda adi saa ɔhonam mu na ɛyɛ twetiatwa,


Na saa nnipa yi yɛ asomafo atorofo, adwumayɛfo nnaadaafo a wɔdan wɔn ho yɛ sɛ Kristo asomafo.


Anuanom, adehyedi mu na wɔafrɛ mo aba; nanso mommma adehyedi no nnyɛ ɔkwan mmma ɔhonam, na mmom momfa ɔdɔ so nsonsom mo ho!


Na sɛ mokeka, na momemmene mo ho a, monhwɛ yiye, na moanni mo ho awu.


Efisɛ Kristo Yesu mu de, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidi a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.


wɔn na wɔn awiei ne ɔsɛe, wɔn nyame ne yafunu, na wɔn anuonyam wɔ wɔn aniwu mu, na asase so nneɛma ho na wodwen.


Na yɛn twetiatwa no, yɛn na yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam so.


na nya gyidi ne ahonim pa a ebinom agyaa mu na wɔagu asu gyidi ho no.


Wɔka se wonim Nyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no. Wɔyɛ akyiwadeyɛfo ne asoɔdenfo, na wɔmfra mma adwuma pa biara.


Na ayɛ wɔn sɛnea nokware bɛ no se: Ɔkraman no asan akɔ n’ankasa fe ho bio, na prako a wɔaguare no no asian kɔ ne dontori a ɔyantam mu no mu.


Na nnipa bi awiawia wɔn ho abam a wofi tete akyerɛw wɔn ho asɛm de ato hɔ ama saa atemmu yi, amumɔyɛfo a wɔdan yɛn Nyankopɔn adom ahohwi, na wɔpo owura koro a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo no.


Minim w’ahohia ne wo hia no, nanso woyɛ ɔdefo, ne wɔn a wose wɔyɛ Yudafo, na wɔnyɛ, na mmom wɔyɛ Satan hyiadan no abususɛm.


Na ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyideyɛfo ne awudifo ne nguamammɔfo ne adutofo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufre dɛw mu no mu, ɛne owuprenu no.


Na kurow no akyi na akraman ne adutofo ne nguamammɔfo ne awudifo ne abosonsomfo ne wɔn a wɔpɛ atoro na wodi nyinaa wɔ.


Hwɛ, mede ebinom a wofi Satan hyiadan mu a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafo na wɔnyɛ, na mmom wodi atoro no mema. Hwɛ, mɛma wɔaba na wɔabɛkotow wo nan ase, na wɔahu sɛ madɔ wo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios