Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 3:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Afei nea edi akyi, me nuanom, momma mo ani nnye Awurade mu. Sɛ mekyerɛw mo ade koro no ara a, ɛnyɛ ade a ɛhaw me, na mmom, ɛma mutim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Afei deɛ ɛdi akyire, me nuanom, momma mo ani nnye Awurade mu. Sɛ metwerɛ mo ade korɔ no ara a, ɛnyɛ adeɛ a ɛha me, na mmom, ɛma motim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, momma mo ani nnye wɔ Awurade mu. Ɛnhaw me sɛ meti nsɛm a makyerɛw dedaw no mu. Ɛma mo akwankyerɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Afei deɛ ɛdi akyire, me nuanom, momma mo ani nnye Awurade mu. Sɛ metwerɛ mo ade korɔ no ara a, ɛnyɛ adeɛ a ɛha me, na mmom, ɛma motim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, momma mo ani nnye wɔ Awurade mu. Ɛnha me sɛ mɛti nsɛm a matwerɛ dada no mu. Ɛyɛ ma mo akwankyerɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Afei nea edi akyi, me nuanom, momma mo ani nnye Awurade mu. Sɛ mekyerɛw mo ade koro no ara a, ɛnyɛ ade a ɛhaw me, na mmom, ɛma mutim.

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 3:1
46 Referencias Cruzadas  

Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!


Na ɛnyɛ eyi nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn mu, esiane Awurade Yesu Kristo a yɛnam no so seisei anya mpata yi.


Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahorow bebree mu a, mummu no anigye koraa,


na mmom, sɛnea moayɛ Kristo amanehunu no fafafo no, momma mo ani nnye, na sɛ woyi n’anuonyam no adi a, mode ahosan ama mo ani agye nso.


Afei nea edi akyiri no, anuanom, nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛyɛ ahomeka, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen;


Na awiei ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkoro, munhuhu mmoma mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmoma mo ho, munnwen ahobrɛase adwene.


Afei awiei, anuanom, makra mo. Monyɛ pɛ, momma mo werɛ nkyekye, munnya adwenkoro, montena asomdwoe mu, na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn bedi mo akyi.


Adɔfo, eyi ne nhoma a ɛto so abien a merekyerɛw mabrɛ mo. Emu na mede nkae mekanyan mo adwene gyenennyenen,


Nea edi akyiri no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.


na m’agyenkwa Onyankopɔn ho na me honhom ho asan no;


Na Efraim bɛyɛ sɛ dɔmmarima, na nsa nti wɔn koma bɛtɔ wɔn yam, na wɔn mma nso behu na wɔn ani agye, na wɔn koma adi Awurade mu ahurusi.


Awurade wo Nyankopɔn ne wo wɔ hɔ, ɔkofoni a ɔma nkonimdi; ne ho bɛsan no, anigye mu, ɔbɛyɛ wo foforo ne dɔ no mu, ne ho bɛsɛpɛw no, ahurusi dwom mu,


To ahurusi dwom, Sion babea, bɔ ose, Israel, ma w’ani nnye, na koma nyinaa nni ahurusi, O Yerusalem babea.


Na mo, Sion mma, munni ahurusi na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn ho, na ɔma mo asusow sɛ ɛfata, na ɔma osu tɔ ma mo, asusow ne adonsu, kan ansa.


na ma w’ani nka AWURADE ho, na wama wo nea wo koma pɛ.


Treneefo, momma mo ani nnye AWURADE ho, na munni ahurusi! Komam teefo nyinaa, momfa anigye nhuro!


Ɛno na wo ho bɛsɛpɛw wo Otumfo ho, na woama w’ani so akyerɛ Onyankopɔn.


Na wɔde anigye kɛse didi nomee, AWURADE anim da no. Na wosii Dawid ba Solomon hene ne mprenu so, na wɔsraa no ngo maa AWURADE sɛ bapɔmma, ne Sadok nso sɛ ɔsɔfo.


Na yɛn twetiatwa no, yɛn na yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam so.


Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛw mo, na mo akatua so ɔsoro; na saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo kan no.


AWURADE mu na me ho sɛpɛw me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi, efisɛ ɔde nkwagye atade ahyɛ me, ɔde trenee batakari asi me, sɛ ayeforokunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotiri, ne ayeforo a ɔde ne nnwinne hyehyɛ ne ho.


Wubehuw so na mframa asoa akɔ na ahum abɔ apete; na wo de, wubedi AWURADE mu ahurusi de Israel kronkronni no ahyehye wo ho.


Ma Israel ani nnye ne yɛfo ho, ma Sion mma nni wɔn hene ho ahurusi.


AWURADE di hene ma, asase ho san no, nsupɔw bebree no ani gye.


Mekae eyinom, na mihwie me kra wɔ me mu, sɛnea me ne asafokuw nantew kɔɔ Onyankopɔn fi, na me ne nkurɔfo a wɔnam yuu hyɛ fa no de ayeyi ne aseda nnwom kɔe no.


Na ma wɔn a woguan toa wo nyinaa ani nnye, na wɔmfa ahosan nhuro daa, efisɛ woakata wɔn so, na ma wɔn a wɔdɔ wo din no ani nka wo ho.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkodi sradenam na monnom adɔkɔdɔkɔde, na momfa ebi nkɔma wɔn a wonsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnhow mo ho, na AWURADE anika ne mo ahoɔden.


Momfa ne din kronkron nhyehye mo ho, wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE koma ntɔ wɔn yam.


Na Israel nyinaa de AWURADE apam adaka no bae, osebɔ ne mmɛnhyɛn ne ntorobɛnto ne nsammɔ nnawuru mu, ne mmɛnta asanku ne asankuten a egyigye dennen.


Ɛnna Hana bɔɔ mpae sɛ: Me koma di AWURADE mu ahurusi, AWURADE mu na wɔama m’abɛn so; m’anom atrɛw m’atamfo so, efisɛ m’ani gye wo nkwagye mu.


na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, wo ne wo babarima ne wo babea ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini a ɔwɔ wo nkurow mu ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo a wɔwɔ mo mu, faako a AWURADE wo Nyankopɔn beyi sɛ ne din ntena hɔ no.


gye AWURADE wo Nyankopɔn anim, faako a AWURADE wo Nyankopɔn beyi no na di, wo ne wo babarima ne wo babea ne w’akoa ne w’afenaa, ne Lewini a ɔwɔ wo kurow apon mu, na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, nea wode wo nsa ka nyinaa ho.


Nea edi akyiri no, anuanom, yɛsrɛ mo na yetu mo fo Awurade Yesu mu, sɛ nea moasua yɛn nkyɛn, sɛnea ɛsɛ sɛ mobɔ mo bra na mosɔ Onyankopɔn ani no, saa ara na monkɔ so mma ɛmmoro so.


hwɛ, me nkoa de koma pa bɛto ahurusi dwom, na mo de, mode koma mu yaw bɛteɛm, na mode honhom a abubu asu yɔɔ.


Treneefo, momfa anigye nhuro AWURADE mu, ɛsɛ wɔn a wɔteɛ no sɛ woyi no ayɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios