Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 2:2 - KYERƐW KRONKRON

2 momma m’anigye nwie pɛyɛ sɛ mubedwen ade koro anya ɔdɔ koro, ano koro, ne adwenkoro.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 momma m’anigyeɛ nni mu sɛ mobɛdwene ade korɔ anya ɔdɔ korɔ, anokorɔ, ne adwenkorɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Sɛ ɛte saa de a, ɛno de, munnya adwene koro wɔ ɔdɔ ne Honhom ne botae koro mu, na mʼanigye awie pɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 momma m’anigyeɛ nni mu sɛ mobɛdwene ade korɔ anya ɔdɔ korɔ, anokorɔ, ne adwenkorɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Sɛ ɛte saa deɛ a, ɛnneɛ monnya adwene korɔ wɔ ɔdɔ ne Honhom ne botaeɛ korɔ mu na mʼanigyeɛ awie pɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 momma m’anigye nwie pɛyɛ sɛ mubedwen ade koro anya ɔdɔ koro, ano koro, ne adwenkoro.

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 2:2
28 Referencias Cruzadas  

Me nuanom ne me mfɛfo nti mɛka sɛ: Asomdwoe ntena wo mu.


Nea ayeforo wɔ no no ne ayeforokunu; na ayeforokunu adamfo a ogyina hɔ na otie no de, ogye na n’ani gye, ayeforokunu no nne nti. Ɛno nti afei na me saa anigye yi awie pɛyɛ.


Eyinom nyinaa de koma koro kura mpaebɔ mu ara, wɔne mmea no ne Maria, Yesu ne na ne ne nuanom.


Na Pentekoste da no dui no, na wɔn nyinaa ahyia faako.


Na daa wɔde koma koro hyia mu wɔ asɔrefi, na wobubuu abodoo afi mu de ahosan ne koma kronn dii wɔn aduan,


Na wɔnam asomafo no nsa so yɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade pii ɔman no mu. Na wɔn nyinaa de koma koro wɔ Solomon abrannaa so.


Mo nyinaa nnya adwenkoro; mommmoma ho so, na mmom momma ahobrɛasede mfa mo! Mummmu mo ho anyansafo!


Na, anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo din so mitu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaepaemu amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.


Afei awiei, anuanom, makra mo. Monyɛ pɛ, momma mo werɛ nkyekye, munnya adwenkoro, montena asomdwoe mu, na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn bedi mo akyi.


Na mekyerɛw ade koro yi ara, na sɛ minya meba a, wɔn a ɛsɛ sɛ wɔgye m’ani no anhow me werɛ; efisɛ mewɔ mo mu awerɛhyɛm sɛ m’anigye yɛ mo nyinaa de.


Na ɛnyɛ ne ba no nko ara, na mmom awerɛkyekye nso a onyae mo ho bere a ɔkaa yɛn mo anigyina wɔ yɛn ho, mo awerɛhowdi, me ho mmɔden a mobɔ a ɛmaa m’ani gyei pii kyerɛɛ yɛn no.


Nso daa, me mpaebɔ nyinaa mu, mede anigye mesrɛ mema mo nyinaa,


sɛ mukura nkwa asɛm no mu yiye, sɛnea Kristo da no mahoahoa me ho sɛ ammirika a mitui anyɛ hunu, na me brɛ adwuma nso anyɛ ɔkwa.


Na minni obi a ɔne m’adwene sɛ, te sɛ ɔno a mo ho asɛm hia no no;


Mitu Euodia fo, na mitu Sintike nso fo sɛ wonnya adwenkoro Awurade mu.


Na sɛ minni hɔ ɔhonam mu mpo a, me ne mo wɔ hɔ honhom mu, na m’ani gye sɛ mihu mo kwan a mugyina so ne mo gyidi a ɛkɔ Kristo mu tim a atim no.


Na yɛn de, mo nti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, anuanom a Awurade dɔ mo, efisɛ Onyankopɔn afi mfiase ayi mo kɔ nkwagye mu, honhom ahotew ne nokware gyidi mu.


na mekae wo nusu a, ɛma m’ani gyina sɛ mehu wo, na anigye ayɛ me ma,


Yiw, onua, ma minnya wo ho biribi a eye, Awurade mu, na me koma ntɔ me yam wɔ Kristo mu.


M’ani agye sɛ, sɛ mahu wo mma no mu bi sɛ wɔnam nokware mu, sɛnea yɛanya ahyɛde afi Agya no nkyɛn no.


Minni anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios