Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 2:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Enti sɛ Kristo mu nkuranhyɛ bi, sɛ ɔdɔ awerɛkyekye bi, sɛ honhom no ayɔnkofa bi, sɛ ayamhyehye ne timmɔbɔ bi wɔ hɔ a,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Enti sɛ Kristo mu nkuranhyɛ bi, sɛ ɔdɔ awerɛkyekyerɛ bi, sɛ Honhom no ayɔnkofa bi, sɛ ayamhyehyeɛ ne ntimmɔborɔ bi wɔ hɔ a,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Mo nkwa a mowɔ wɔ Kristo mu no hyɛ mo den ana? Ne dɔ kyekye mo werɛ ana? Mo ne Honhom no wɔ ayɔnkofa bi ana? Mowɔ ayamye ne ayamhyehye ma mo ho mo ho ana?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Enti sɛ Kristo mu nkuranhyɛ bi, sɛ ɔdɔ awerɛkyekyerɛ bi, sɛ Honhom no ayɔnkofa bi, sɛ ayamhyehyeɛ ne ntimmɔborɔ bi wɔ hɔ a,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mo nkwa a mowɔ wɔ Kristo mu no hyɛ mo den anaa? Ne dɔ kyekyere mo werɛ anaa? Mo ne Honhom no wɔ ayɔnkofa bi anaa? Mowɔ ayamyɛ ne ayamhyehyeɛ ma mo ho mo ho anaa?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Enti sɛ Kristo mu nkuranhyɛ bi, sɛ ɔdɔ awerɛkyekye bi, sɛ honhom no ayɔnkofa bi, sɛ ayamhyehye ne timmɔbɔ bi wɔ hɔ a,

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 2:1
42 Referencias Cruzadas  

Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena faako.


Enti me kra ho yeraw no Moab ho sɛ ɔsanku, me yam nso hyehye me Kir-heres ho.


Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi teɛ, osuro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekye no, na Honhom Kronkron wɔ no so.


Merennyaw mo nnyanka, mɛba mo nkyɛn.


Asomdwoe na mede migyaw mo, m’asomdwoe na mede mema mo; ɛnyɛ sɛnea wiase ma na mema mo. Mommma mo koma nntutu, nanso mommma no mmɔ mo hu!


Na afei na mereba wo nkyɛn, na meka eyinom wiase, na wɔanya m’anigye ma awie pɛyɛ wɔ wɔn mu.


Na daa wɔde koma koro hyia mu wɔ asɔrefi, na wobubuu abodoo afi mu de ahosan ne koma kronn dii wɔn aduan,


Na wɔn mu bebree a wogye dii no koma ne wɔn kra yɛ biako, na wɔn mu biara nka sɛ ne nneɛma a ɔwɔ yɛ n’ankasa dea, na ne nyinaa yɛ wɔn kwasafode.


Na anidaso nhyɛ aniwu, efisɛ wɔnam Honhom Kronkron a wɔde ama yɛn no so ahwie Onyankopɔn dɔ agu yɛn komam.


Saa ara nso na Honhom no boa yɛn yɛn mmerɛwyɛ mu, efisɛ sɛnea yɛbɛbɔ mpae a ɛsɛ no, yennim, nanso Honhom no ara de ɔpene a enni kabea di ma yɛn.


Na yɛn nyinaa nso, Yudafo oo, Helafo oo, nkoa oo, adehye oo, wɔbɔɔ yɛn asu Honhom koro no mu ma yɛbɛyɛɛ nipadua biako, na wɔmaa yɛn nyinaa nom honhom biako.


Meka mo ho ahohoahoa a mewɔ no yɛn Awurade Kristo Yesu mu sɛ, miwu da biara.


Munnim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn honhom te mo mu anaa?


Awurade Yesu Kristo adom ne Nyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron ayɔnkofa nka mo nyinaa.


Na aseda nka Onyankopɔn a ɔma yedi Kristo mu nkonim daa, na ɔnam yɛn so yi ne nimdeɛ hua adi mmaa nyinaa;


Na sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn asoma ne Ba honhom aba mo komam a ɔteɛm sɛ: Abba, agya!


Na honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi,


Efisɛ nipadua biako ne honhom biako na ɛwɔ hɔ, sɛnea wɔafrɛ mo nso, mo frɛ anidaso biako mu:


Na Onyankopɔn ne me dansefo, sɛ mede Kristo Yesu mu tema mefe mo nyinaa.


Na yɛn twetiatwa no, yɛn na yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam so.


sɛ wonnya nea ɛka wɔn koma to wɔn yam, ɛne sɛ wɔnyɛ biako ɔdɔ mu nnya ntease a wɔasi so dua ahonya nyinaa, na wɔahu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no mu.


Enti sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi mo, ahotefo ne adɔfo, yi, monhyɛ timmɔbɔ, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo ne abodwokyɛre.


na yɛafa ade abien a ɛnsakra a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ntumi nni atoro wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛm a emu yɛ den, yɛn a yɛaguan repɛ hintabea no bɛsɔ anidaso a ɛda yɛn anim no mu.


sɛnea Agya Onyankopɔn nim a onim dedaw no te no, wɔ honhom ahotew mu, de akɔ asoɔmmerɛw ne Yesu Kristo mogya dwira mu: Adom ne asomdwoe mmoroso nka mo.


Na nea odi n’ahyɛde so no te ne mu, na ɔno nso te ne mu. Na nea yɛde hu sɛ ɔte yɛn mu ne honhom a ɔde ama yɛn no.


Obi nhuu Nyankopɔn pɛn. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu, na ne dɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu.


Na yɛn de, yɛahu na yɛagye ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ no yɛn ho no adi. Onyankopɔn ne ɔdɔ, na nea ɔte ɔdɔ mu no te Nyankopɔn mu, na Onyankopɔn te ne mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios