Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 1:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na mebɔ eyi ho mpae sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so ara nimdeɛ ne nhumu nyinaa mu,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na mebɔ yei ho mpaeɛ sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so ara nimdeɛ ne nhunumu nyinaa mu,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Me mpae a mebɔ ma mo ne sɛ ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho no mu bɛyɛ den, na mubenyin wɔ nimdeɛ ne ntease mu,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na mebɔ yei ho mpaeɛ sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so ara nimdeɛ ne nhunumu nyinaa mu,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Me mpaeɛ a mebɔ ma mo ne sɛ, ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho no mu bɛyɛ den, na mobɛnyini wɔ nimdeɛ ne nteaseɛ mu,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na mebɔ eyi ho mpae sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so ara nimdeɛ ne nhumu nyinaa mu,

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 1:9
19 Referencias Cruzadas  

Nanso ɔtreneeni bekura ne kwan mu, na nea ne nsa ho tew no bɛkɔ so anya ahoɔden.


Kyerɛkyerɛ me nhumu pa ne nimdeɛ, na magye wo mmara nsɛm madi.


Na treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee.


Anuanom, monnyɛ mmofra wɔ adwene mu, na mmom bɔne mu na monyɛ mmofra, na dwen mu de, munwie nyin.


Na sɛnea moboro so nneɛma nyinaa mu no, gyidi ne ɔkasa ne nimdeɛ ne mmɔdemmɔ nyinaa ne ɔdɔ a mode dɔ yɛn mu no, monhwɛ sɛ mobɛboro so adom yi mu nso.


Eyi nti monnyɛ nnipa a wonni adwene, na mmom monyɛ nnipa a wohu ade a Awurade pɛ yiye.


Ne saa nti, yɛn nso, efi da a yɛtee no, yennyaee mo ti so mpaebɔ ne nkotosrɛ, sɛ ne pɛ mu nimdeɛ nhyɛ mo ma, honhom, nyansa ne ntease nyinaa mu,


na moahyɛ onipa foforo a wɔyɛ no foforo aba nimdeɛ mapa mu a egyina nea ɔbɔɔ no no suban so;


Na mo de, Awurade mma monnɔɔso na mommoro so ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho ne nnipa nyinaa no mu, sɛnea yɛn nso yɛdɔ mo no,


Nea edi akyiri no, anuanom, yɛsrɛ mo na yetu mo fo Awurade Yesu mu, sɛ nea moasua yɛn nkyɛn, sɛnea ɛsɛ sɛ mobɔ mo bra na mosɔ Onyankopɔn ani no, saa ara na monkɔ so mma ɛmmoro so.


Anuanom, ɛsɛ yɛn sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa sɛnea ɛfata mo nti, efisɛ mo gyidi nyin boro so, na dɔ a mo nyinaa mode dodɔ mo ho mmiako mmiako no mu adɔ.


Na mebɔ mpae sɛ nnepa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidi adɔe nnwuma no ada adi kɛse.


Na aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin a ɛnam daa daa adeyɛ nti wɔn adwene tumi hu papa ne bɔne mu.


Montew mo kra ho, nokware tie mu, nkɔ onuadɔ a nkontompo nni mu mu, na mumfi koma mu nnodɔ mo ho mo ho dennen.


Na munnyin yɛn Awurade ne agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na anuonyam nka no afei ne daa. Amen.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios