Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 1:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na Onyankopɔn ne me dansefo, sɛ mede Kristo Yesu mu tema mefe mo nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na Onyankopɔn ne me danseni sɛ mede Kristo Yesu mu tema mefe mo nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Onyankopɔn ankasa di me adanse sɛ mʼani agyina mo wɔ Yesu Kristo dɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na Onyankopɔn ne me danseni sɛ mede Kristo Yesu mu tema mefe mo nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Onyankopɔn ankasa di me adanseɛ sɛ mʼani agyina mo wɔ Yesu Kristo ɔdɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na Onyankopɔn ne me dansefo, sɛ mede Kristo Yesu mu tema mefe mo nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 1:8
24 Referencias Cruzadas  

Seisei po, hwɛ, ɔsoro na me dansefo wɔ, na me dimafo wɔ nea ɛkorɔn.


Enti me kra ho yeraw no Moab ho sɛ ɔsanku, me yam nso hyehye me Kir-heres ho.


Brɛ w’ani ase fi soro, na fi wo kronkronyɛ ne w’anuonyam tenabea hɔ hwɛ. Ɛhe na wo ninkuntwe ne wo mmaninne no wɔ? W’ayamhyehye ne wo mmɔborohunu afi me ho.


So Efraim yɛ me dɔ ba? Anaa abotɔyam ba? Dodow ara a mekasa mekyerɛ no yi, nkae ara na meda so mekae no? Ɛno nti na me nsono mu twitwa me, ɔno ho, enti me yam hyehye me ma no, AWURADE asɛm ni.


efi yɛn Nyankopɔn mmɔborohunu a ɛmaa ne yam hyehyee no no mu. Ɛno nti na adekyee a efi soro abepue yɛn so,


Na me dansefo ne Nyankopɔn a mesom no me honhom mu, ne Ba no asɛmpa no mu, sɛ minnyae mo dinbɔ da, me mpaebɔ mu,


Mereka no nokware Kristo mu, minni atoro, na m’ahonim nso redi me adanse Honhom Kronkron mu


Na sɛ yɛyɛ mmerɛw, na mo de, moyɛ den a, yɛn ani gye; na mo pɛyɛ ho na yebɔ mpae.


Ɛnyɛ yɛn mu na monsen, na mo ankasa mo yam na monsen.


Na ne koma wɔ mo ho pii boro so, na ɔkae mo nyinaa setie, ne sɛnea mode suro ne ahopopo gyee no no.


Na nea merekyerɛw mo yi, hwɛ, Onyankopɔn anim, merenni atoro.


Na mmom, mo nyinaa nam gyidi so yɛ Onyankopɔn mma, Kristo Yesu mu,


Ao, me mma nkumaa a mereko mo awo bio kosi sɛ wobewie Kristo suyɛ wɔ mo mu,


Enti sɛ Kristo mu nkuranhyɛ bi, sɛ ɔdɔ awerɛkyekye bi, sɛ honhom no ayɔnkofa bi, sɛ ayamhyehye ne timmɔbɔ bi wɔ hɔ a,


efisɛ n’ani gyina mo nyinaa, na ne ho yeraw no, efisɛ motee sɛ ɔyare.


Enti, me nuanom a medɔ mo na mefe mo, m’anigye ne m’abotiri, munnyina Awurade mu sa, adɔfo.


Na mepɛ sɛ muhu apereapere dennen a midi no mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wonhuu m’anim ɔhonam mu nyinaa ho,


Enti sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi mo, ahotefo ne adɔfo, yi, monhyɛ timmɔbɔ, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo ne abodwokyɛre.


Na sɛnea munim no, Onyankopɔn ne dansefo, yɛanka adɛfɛdɛfɛsɛm da, nso yɛamfa nsɛm anyɛ anibere nkataso,


Na esiane sɛ yɛpɛ mo asɛm yiye saa nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛne mo bɛkyɛe, na yɛn ankasa kra nso bi, efisɛ moayɛ yɛn adɔfo.


na mekae wo nusu a, ɛma m’ani gyina sɛ mehu wo, na anigye ayɛ me ma,


Ɔno ara na masoma no wo nkyɛn bio; onipa a ɔte sɛ me ara m'akoma.


Yiw, onua, ma minnya wo ho biribi a eye, Awurade mu, na me koma ntɔ me yam wɔ Kristo mu.


Na nea ɔwɔ wiase asetenade na ohu ne nua sɛ ahia no na ɔbɔ no ayamɔnwene no, Onyankopɔn dɔ no te ne mu dɛn?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios