Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 1:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Ɛye ma me sɛ midwen saa fa mo ho, efisɛ moda m'akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Onyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne bere a migyina pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Ɛyɛ ma me sɛ medwene saa fa mo ho, ɛfiri sɛ moda m’akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Nyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne ɛberɛ a megyinaa pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Sɛnea mo ho adwene pa wɔ me tirim no nti sɛ daa mekae mo a, na ne kwan so ara ne no. Efisɛ sɛ meda mpokyerɛ mu, anaasɛ mede me ho na mereka Asɛmpa no a, mo nyinaa ne me nya Onyankopɔn adom.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Ɛyɛ ma me sɛ medwene saa fa mo ho, ɛfiri sɛ moda m’akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Nyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne ɛberɛ a megyinaa pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Sɛdeɛ mo ho adwene pa wɔ me tirim no enti, sɛ daa mekae mo a, na ne kwan so ara ne no. Ɛfiri sɛ, sɛ meda mpɔkyerɛ mu, anaasɛ mede me ho na mereka Asɛmpa no a, mo nyinaa ne me nya Onyankopɔn adom.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Ɛye ma me sɛ midwen saa fa mo ho, efisɛ moda m'akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Onyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne bere a migyina pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 1:7
34 Referencias Cruzadas  

gye sɛ Honhom Kronkron di me adanse nkurow nyinaa mu ka sɛ ɔkyere ne amane twɛn me.


Ɛnna ɔsafohene no kɔ kosoo no mu, na ɔhyɛe sɛ wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn abien ngu no, na obisaa no onipa ko a ɔyɛ ne nea wayɛ.


Etie ade nyinaa, egye ade nyinaa di, enya ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu.


Na eyi nyinaa, asɛmpa no nti na meyɛ, na manya emu nhyira no bi.


Mone yɛn nhoma a wɔakyerɛw yɛn komam a nnipa nyinaa hu na wɔkenkan,


Menka eyi afobu kwan so; efisɛ maka dedaw sɛ, sɛ yewu oo, yɛte ase oo, mohyɛ yɛn koma mu.


Efisɛ Kristo Yesu mu de, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidi a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.


Eyi nti na me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani ma mo amanaman mufo


Enti afei me, Awurade deduani, mitu mo fo sɛ, monnantew sɛnea ɛfata ɔfrɛ a wɔde afrɛ mo,


Ɛno ho bɔfo na meyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; na mayɛ mu nnam, sɛnea ɛsɛ sɛ mekasa.


Na, anuanom, mepɛ sɛ muhu sɛ nea ayɛ me no ama asɛmpa no akɔ so mmom,


ama me mpokyerɛ abɛda adi Kristo mu, amrado aban mufo nyinaa ne wɔn a aka no nyinaa mu,


na anuanom no mu pii nam Awurade mu de wɔn ani ato me mpokyerɛ so ayɛ nnam aboro so a sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no a, wonsuro.


mo ayɔnkofa a mowɔ no asɛmpa no fam fi da a edi kan de abedu nnɛ yi nti;


Na ɔno de, sɛnea munim no, munim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛnea ɛte wɔ ɔba ne n’agya ntam.


Nanso moyɛɛ no yiye sɛ moboaa me m’ahohia no mu.


Na mo Filipifo nso munim sɛ asɛmpa no mfiase mu a mifii Makedonia mekɔe no, asafo biara ammoa me, ɔma ne ogye akontaabu ho, sɛ mo nko ara.


Na mesrɛ wo nso, me yɔnko kɔnnuasuafo nokwafo, so saa mmea yi mu abia, efisɛ wɔn na wɔkaa me ho peree asɛmpa no, wɔne Klement nso ne me yɔnko adwumayɛfo a aka a wɔn din hyehyɛ nkwa nhoma mu no.


Me nkyia a me Paulo mede me nsa mekyerɛwee ni. Monkae me mpokyerɛ no. Adom nka mo nyinaa.


Na mommɔ mpae mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhiɛ asɛm no pon mma yɛn, na yɛaka Kristo ahintasɛm a enti meda afiase yi,


Mo nyinaa moyɛ hann mma ne adekyee mma; yɛnyɛ anadwo anaa esum dea.


Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade adansedi ne me a meyɛ ne deduani no ho, na mmom hu asɛmpa no ho amane bi, sɛnea Onyankopɔn ahoɔden te no.


Ɛno mu na mihu amane bedu ɔkyere mu sɛ ɔdebɔneyɛfo, nanso Onyankopɔn asɛm de, wɔnkyeree no.


Anka mepɛe sɛ mesan no ma ɔtena me nkyɛn, na wasi w’ananmu asom me, wɔ asɛmpa nkyehama no mu,


Ɛno nti, anuanom akronkronfo a mofra ɔsoro frɛ no mu, monhwɛ yɛn asɛm a yegyina so ka no ho Ɔsomafo ne Ɔsɔfo Panyin Yesu


na mmom, sɛnea moayɛ Kristo amanehunu no fafafo no, momma mo ani nnye, na sɛ woyi n’anuonyam no adi a, mode ahosan ama mo ani agye nso.


Me a meyɛ ɔpanyin bi ne Kristo amanehunu ho dansefo ne anuonyam a wɔrebeyi adi no fafafo nso, mitu mpanyimfo a ɛwɔ mo mu no fo sɛ:


Nanso mibu no sɛ ɛteɛ sɛ mete ntamadan yi mu yi, mede nkae mekanyan mo,


Yɛn de, yenim sɛ yɛatwam afi wu mu akɔ nkwa mu, efisɛ yɛdɔ anuanom. Nea onni dɔ no te wu mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios