Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 1:6 - KYERƐW KRONKRON

6 na mewɔ eyi ara ho ahotoso sɛ nea wafi adwuma pa ase wɔ mo mu no bewie akosi Kristo Yesu da no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 na mewɔ yei ara ho ahotosoɔ sɛ deɛ wafiri adwuma pa ase wɔ mo mu no bɛwie akɔsi Yesu Kristo da no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Eyi nti migye di yiye sɛ Onyankopɔn a ofii ase yɛɛ saa adwuma pa yi wɔ mo mu no bɛkɔ so de akosi da a Yesu Kristo bɛba no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 na mewɔ yei ara ho ahotosoɔ sɛ deɛ wafiri adwuma pa ase wɔ mo mu no bɛwie akɔsi Yesu Kristo da no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Yei enti, megye di yie sɛ, Onyankopɔn a ɔhyɛɛ aseɛ yɛɛ saa adwuma pa yi wɔ mo mu no bɛkɔ so de akɔsi da a Yesu Kristo bɛba no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 na mewɔ eyi ara ho ahotoso sɛ nea wafi adwuma pa ase wɔ mo mu no bewie akosi Kristo Yesu da no.

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 1:6
33 Referencias Cruzadas  

AWURADE bewie di ama me, AWURADE, w’adɔe wɔ hɔ daa, wo nsa ano adwuma no, worennyaw no hɔ.


Yesu bua see wɔn sɛ: Eyi ne Nyankopɔn adwuma, sɛ mubegye nea ɔsomaa no no adi.


Na wɔtee nsɛm yi no, womuaa wɔn ano, na woyii Nyankopɔn ayɛ sɛ: Ɛnne na Onyankopɔn ama amanaman no nso adwensakra a ɛde kɔ nkwa mu.


Na ɔbea bi a ne din de Lidia a ɔtɔn ɔtankɔkɔɔ a ofi Tiatira kurow mu a ɔfɛre Nyankopɔn tee; na Awurade buee ne komam sɛ ontie nea Paulo ka no.


ɔno ara nso na ɔbɛhyɛ mo den akosi awiei, na mo ho amma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo da no.


Na saa ahotoso yi mu na mebɔɔ me tirim kan no sɛ anka mɛba mo nkyɛn, na moanya adom mmɔho,


Na mekyerɛw ade koro yi ara, na sɛ minya meba a, wɔn a ɛsɛ sɛ wɔgye m’ani no anhow me werɛ; efisɛ mewɔ mo mu awerɛhyɛm sɛ m’anigye yɛ mo nyinaa de.


M’ani agye sɛ biribiara mu mewɔ mo mu awerɛhyɛm.


na sɛ Makedoniafo bi ne me ba na wɔbɛto mo sɛ monsiesiee mo ho a, yɛn po yɛn ani bewu — nyɛ menne mo mmom sɛ yɛde yɛn ho too mo so.


Me de, m’ani da mo so Awurade mu sɛ morennwen biribi foforo biara sɛ me de no; na nea ɔhaw mo no, ɔte dɛn ara a, obenya atemmu.


na wɔasesɛw ahotefo no yiye ama ɔsom adwuma no, na Kristo nipadua no si akɔ so,


na moasɔ nneɛma a eye koraa no ahwɛ na moabu, na moayɛ kurunnyenn ne nnipa a hintiduato nni wɔn mu akosi Kristo da no,


efisɛ mo na wɔde adom mo sɛ Kristo nti, ɛnyɛ sɛ mugye no di nko, na mmom sɛ ne nti muhu amane nso,


Enti, m’adɔfo, sɛnea mutie daa no, ɛnyɛ sɛ bere a mewɔ mo nkyɛn nko mu, na mmom afei a minni mo nkyɛn yi titiriw no, momfa osuro ne ahopopo nyɛ mo ara nkwagye ho adwuma nwie;


na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔyɛ adwuma mo mu, na monya ɔpɛ na moyɛ adwuma nyinaa sɛnea ɛbɛsɔ n’ani.


sɛ mukura nkwa asɛm no mu yiye, sɛnea Kristo da no mahoahoa me ho sɛ ammirika a mitui anyɛ hunu, na me brɛ adwuma nso anyɛ ɔkwa.


Na wɔasie mo ne no wɔ asubɔ mu; na ne mu na ɔne mo nso anyan. Ɛnam gyidi a ɛwɔ Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu no tumi adwuma so.


na daa yɛkae mo gyidi adwuma ne mo dɔ mmɔdemmɔ ne yɛn Awurade Yesu Kristo ho anidaso mu boasetɔ, yɛn Nyankopɔn ne agya anim.


Enti nso yɛbɔ mpae ma mo daa, sɛ yɛn Nyankopɔn mmu mo sɛ mosɛ ɔfrɛ no, na ɔmfa tumi so mma n’ayamye anisɔde ne gyidi adwuma nyɛ ma,


Na yɛn ani da mo so Awurade mu, sɛ moyɛ na mobɛyɛ nea yɛhyɛ mo.


Mewɔ awerɛhyɛm wɔ wo setie ho nti na mekyerɛw wo nhoma yi, na minim sɛ wobɛyɛ asen nea maka yi mpo.


Enti monntow mo nnamyɛ a ɛwɔ akatua kɛse no nnkyene.


nhwɛ gyidi mu adikanfo ne ne wiefo Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛnnua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtena Onyankopɔn ahengua nifa.


Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa anuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ munya hu amane kakra ansa a, obesiesie mo pɛ, ɔbɛma mo ase atim, ɔbɛhyɛ mo den, ɔbɛma moanya nnyinaso.


Na Awurade da no bɛba sɛ owifo ba. Emu na ɔsoro de kukurududu betwam akɔ, na ewim mfitiasede bɛhyew asɛe, na asase ne mu nnwuma bɛhyew.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios