Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 1:5 - KYERƐW KRONKRON

5 mo ayɔnkofa a mowɔ no asɛmpa no fam fi da a edi kan de abedu nnɛ yi nti;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 mo ayɔnkofa a mowɔ no asɛmpa no fam firi da a ɛdi kan de abɛduru nnɛ yi nti;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 efisɛ efi da a edi kan de besi sesɛɛ no, moaboa me wɔ asɛmpaka no adwumayɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 mo ayɔnkofa a mowɔ no asɛmpa no fam firi da a ɛdi kan de abɛduru nnɛ yi nti;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 ɛfiri sɛ, ɛfiri da a ɛdi ɛkan de bɛsi sɛsɛɛ no, moaboa me wɔ asɛmpaka no adwumayɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 mo ayɔnkofa a mowɔ no asɛmpa no fam fi da a edi kan de abedu nnɛ yi nti;

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 1:5
23 Referencias Cruzadas  

Na wokura asomafo no nkyerɛkyerɛ ne ayɔnkofa ne abodoo bubu ne mpaebɔ mu ara.


Na sɛ nnubaa no bi abubu, na wo a woyɛ wuram ngo dua no, wɔde wo afra ahyɛ mu, na woanya ngo dua no ntini ne emu nsu no bi a,


Momma ahotefo hia nhia mo bi, mommɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden!


Na Makedonia ne Akaia de fɛw aboaboa nneɛma bi ano de rekɔma ahotefo a wɔwɔ Yerusalem no mu ahiafo.


Onyankopɔn a wɔnam no so afrɛ mo akɔ ne ba, yɛn Awurade Yesu Kristo, ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafo.


Nanso, anuanom, yɛrema moahu Onyankopɔn adom a wɔde adom Makedonia asafo no,


sɛ amanaman mufo nso bɛyɛ adedifo ne nipadua koro no ara bi, na wɔnam asɛmpa no so anya kyɛfa ne bɔhyɛ no ho bi Kristo Yesu mu.


Na, anuanom, mepɛ sɛ muhu sɛ nea ayɛ me no ama asɛmpa no akɔ so mmom,


Ebinom fi ɔdɔ mu, efisɛ wonim sɛ asɛmpa no ho anoyi nti na meda ha,


Ɛnne na momma mo abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no nko ara, na sɛ meba na mibehu mo oo, sɛ minni hɔ oo, mate mo ho asɛm sɛ mugyina pintinn honhom koro mu, na mode adwene koro bom di apere gyidi a efi asɛmpa no mu,


Ɛye ma me sɛ midwen saa fa mo ho, efisɛ moda m'akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Onyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne bere a migyina pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.


Enti, m’adɔfo, sɛnea mutie daa no, ɛnyɛ sɛ bere a mewɔ mo nkyɛn nko mu, na mmom afei a minni mo nkyɛn yi titiriw no, momfa osuro ne ahopopo nyɛ mo ara nkwagye ho adwuma nwie;


Na ɔno de, sɛnea munim no, munim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛnea ɛte wɔ ɔba ne n’agya ntam.


Na mesrɛ wo nso, me yɔnko kɔnnuasuafo nokwafo, so saa mmea yi mu abia, efisɛ wɔn na wɔkaa me ho peree asɛmpa no, wɔne Klement nso ne me yɔnko adwumayɛfo a aka a wɔn din hyehyɛ nkwa nhoma mu no.


Enti sɛ wubu me sɛ ɔyɔnko de a, gye no sɛ me ara.


Nanso sɛnea yɛfii ase de yɛn ho too so no, yɛso mu pintinn kosi awiei a, yɛne Kristo bɛyɛ biako


Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafo, de kɔma wɔn a wɔanya gyidi a ne bo yɛ den sɛ yɛn de no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo trenee mu:


nea yɛahu na yɛate na yɛka kyerɛ mo, na mo nso ne yɛn anya ayɔnkofa; na yɛn ayɔnkofa no, yɛne Agya no ne ne ba Yesu Kristo na ɛwɔ.


Na sɛ yɛnam hann mu sɛ ɔno wɔ hann mu no a, na yɛwowɔ ayɔnkofa wɔ yɛn ntam, na ne ba Yesu mogya tew yɛn ho fi bɔne nyinaa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios