Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 1:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Ebinom fi ɔdɔ mu, efisɛ wonim sɛ asɛmpa no ho anoyi nti na meda ha,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Ebinom firi ɔdɔ mu, ɛfiri sɛ wɔnim sɛ asɛmpa no ho anoyie nti na meda ha,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Wɔn a wɔde adwene pa ka asɛm no fi ɔdɔ mu na ɛka, efisɛ, wonim sɛ Onyankopɔn asɛm nti na meda afiase.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Ebinom firi ɔdɔ mu, ɛfiri sɛ wɔnim sɛ asɛmpa no ho anoyie nti na meda ha,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Wɔn a wɔde adwene pa ka asɛm no firi ɔdɔ mu na ɛka, ɛfiri sɛ, wɔnim sɛ Onyankopɔn asɛm enti na meda afiase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Ebinom fi ɔdɔ mu, efisɛ wonim sɛ asɛmpa no ho anoyi nti na meda ha,

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 1:16
13 Referencias Cruzadas  

Na yɛnte sɛ nnipa bebree a wɔnenam tɔn Onyankopɔn asɛm no, na mmom sɛ wɔn a woyi wɔn yam kasa, Onyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu Onyankopɔn anim.


Na, anuanom, mepɛ sɛ muhu sɛ nea ayɛ me no ama asɛmpa no akɔ so mmom,


na moasɔ nneɛma a eye koraa no ahwɛ na moabu, na moayɛ kurunnyenn ne nnipa a hintiduato nni wɔn mu akosi Kristo da no,


Ɛye ma me sɛ midwen saa fa mo ho, efisɛ moda m'akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Onyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne bere a migyina pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.


Efisɛ wɔtaa nea wo ara woabɔ no no, na wɔka wɔn a woapira wɔn no yaw kyerɛ.


Nea n’ahome tew no no, ɛsɛ no ne yɔnko nsam adɔe; anyɛ saa a, ogyaa Otumfo no suro.


Sɛ mewɔ me tebea mu a, anka me nso mɛkasa sɛ mo, anka mɛhɔre nsɛm magu mo so, na mawosow me ti magu mo so;


Na sɛ meyɛ no anigye so a, mewɔ akatua; sɛ nso manyɛ no anigye so a, wɔde ofiehwɛ adwuma no ahyɛ me nsa ara.


mo ayɔnkofa a mowɔ no asɛmpa no fam fi da a edi kan de abedu nnɛ yi nti;


Na ɔno de, sɛnea munim no, munim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛnea ɛte wɔ ɔba ne n’agya ntam.


Na mesrɛ wo nso, me yɔnko kɔnnuasuafo nokwafo, so saa mmea yi mu abia, efisɛ wɔn na wɔkaa me ho peree asɛmpa no, wɔne Klement nso ne me yɔnko adwumayɛfo a aka a wɔn din hyehyɛ nkwa nhoma mu no.


Na mo Filipifo nso munim sɛ asɛmpa no mfiase mu a mifii Makedonia mekɔe no, asafo biara ammoa me, ɔma ne ogye akontaabu ho, sɛ mo nko ara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios