Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 1:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na, anuanom, mepɛ sɛ muhu sɛ nea ayɛ me no ama asɛmpa no akɔ so mmom,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na anuanom, mepɛ sɛ mohunu sɛ deɛ ayɛ me no ama asɛmpa no akɔ so mmom,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Anuanom, mepɛ sɛ mote ase sɛ nneɛma a aba me so nyinaa aboa ama Asɛmpa no atrɛw.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na anuanom, mepɛ sɛ mohunu sɛ deɛ ayɛ me no ama asɛmpa no akɔ so mmom,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Anuanom, mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ nneɛma a aba me so nyinaa aboa ama Asɛmpa no atrɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na, anuanom, mepɛ sɛ muhu sɛ nea ayɛ me no ama asɛmpa no akɔ so mmom,

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 1:12
19 Referencias Cruzadas  

Na ɔsram a ɛto so dumien a ɛne ɔsram Adar a ɛte sɛ: Ɔbɛnem no, da a ɛto so dumiɛnsa no a ɔhene asɛm ne ne mmara no dui sɛ wonni so no, da no ara a Yudafo atamfo ani daa so sɛ wobedi wɔn so na ɛdan sɛ: Yudafo no mmom na wodii wɔn atamfo no so,


Na nnipa abufuhyew dan wo ayeyi, wode abufuhyew a ɛboro so no bɔ wo ho so.


Afei na mahu sɛ AWURADE yɛ kɛse sen anyame nyinaa, efisɛ oyii ɔman no fii Misraim nsam, bere a wɔredi wɔn so ahantansɛm.


na mode adi me ho adanse.


Ɛnna wɔn a wɔhwetee no kyinkyin kɔkaa asɛmpa no.


Na yenim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, ade nyinaa di boa wɔn ma ewie wɔn yiye, wɔn a wɔnam n’atirimbɔ no so afrɛ wɔn no.


Nanso eyinom nyinaa mu na yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so.


mo ayɔnkofa a mowɔ no asɛmpa no fam fi da a edi kan de abedu nnɛ yi nti;


Ɛye ma me sɛ midwen saa fa mo ho, efisɛ moda m'akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Onyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne bere a migyina pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.


Na ɔno de, sɛnea munim no, munim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛnea ɛte wɔ ɔba ne n’agya ntam.


Na mo Filipifo nso munim sɛ asɛmpa no mfiase mu a mifii Makedonia mekɔe no, asafo biara ammoa me, ɔma ne ogye akontaabu ho, sɛ mo nko ara.


Na mesrɛ wo nso, me yɔnko kɔnnuasuafo nokwafo, so saa mmea yi mu abia, efisɛ wɔn na wɔkaa me ho peree asɛmpa no, wɔne Klement nso ne me yɔnko adwumayɛfo a aka a wɔn din hyehyɛ nkwa nhoma mu no.


Enti mepɛ sɛ mmarima bɔ mpae wɔ mmaa nyinaa, ma nsa a ɛho tew so a abufuw anaa akyinnye mma mu.


Ɛno mu na mihu amane bedu ɔkyere mu sɛ ɔdebɔneyɛfo, nanso Onyankopɔn asɛm de, wɔnkyeree no.


Na Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den, na wɔafa me so awie asɛnka no, na amanaman nyinaa ate; na woyii me gyata anom.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios