Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filemon 1:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoduru kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ ade a ɛfata yi,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoɔduro kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ adeɛ a ɛfata yi,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Sɛ meyɛ wo nua wɔ Kristo mu nti, metumi de akokoduru ahyɛ wo, ama woayɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoɔduro kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ adeɛ a ɛfata yi,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Sɛ meyɛ wo nua wɔ Kristo mu enti, mɛtumi de akokoɔduru ahyɛ wo, ama woayɛ deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoduru kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ ade a ɛfata yi,

Ver Capítulo Copiar




Filemon 1:8
7 Referencias Cruzadas  

Na sɛ mehoahoa me ho boro so kakra wɔ tumi a Awurade de ama yɛn mo nkɔso na ɛnyɛ mo dwiriw nti no ho mpo a, m’ani renwu,


Meka no aniwu mu sɛ yɛn de yɛayɛ mmerɛw wɔ mu; nanso nea obi yɛ nnam wɔ mu no, (meka no sɛnea aba biara nni mu), me nso meyɛ nnam wɔ mu bi.


Na sɛ yɛwɔ saa anidaso yi nti, yɛde akokoduru kasa,


Na mommma wɔnte aniwude ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda.


na ɛwom sɛ yɛadi kan ahu amane, na wɔbɔɔ yɛn adapaa wɔ Filipi sɛnea munim no de, nanso yɛyɛɛ nnam wɔ yɛn Nyankopɔn mu, sɛ yɛbɛka Onyankopɔn asɛmpa no, ɔko bebree mu.


anaasɛ yɛanhwehwɛ nnipa anim anuonyam amfi mo anaa afoforo nkyɛn;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios