Ester 9:3 - KYERƐW KRONKRON3 Na nsase no so mmapɔmma ne amradofo akɛse ne nkumaa ne wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nyinaa boaa Yudafo no, efisɛ Mordekai ho hu aka wɔn. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron3 Na nsase no so mmapɔmma ne amradofoɔ akɛseɛ ne nkumaa ne wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nyinaa boaa Yudafoɔ no, ɛfiri sɛ na Mordekai ho hu aka wɔn. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm3 Esiane Mordekai ho hu nti, amantam so asafohene nyinaa, mmapɔmma, amradofo ne ɔhene adwumayɛfo nyinaa boaa Yudafo no. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible3 Na nsase no so mmapɔmma ne amradofoɔ akɛseɛ ne nkumaa ne wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nyinaa boaa Yudafoɔ no, ɛfiri sɛ na Mordekai ho hu aka wɔn. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm3 Esiane Mordekai ho hu enti, amantam so asafohene nyinaa, mmapɔmma, amradofoɔ ne ɔhene adwumayɛfoɔ nyinaa boaa Yudafoɔ no. Ver Capítulo |
Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene no akyerɛwfo ɔsram a edi kan no da a ɛto so dumiɛnsa, na wɔkyerɛwee sɛ Haman hyɛe nyinaa de kɔmaa ɔhene no amradofo ne amantam no mmiako mmiako so ahwɛfo ne aman no nyinaa so mmapɔmma, asase biara sɛ ne nkyerɛwee te, ne ɔman biara man sɛ ne kasa te; wɔde ɔhene Ahas-weros din na ɛkyerɛwee, na wɔde ɔhene no pɛtea sɔw ano.
Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene akyerɛwfo bere no mu, ɔsram a ɛto so abiɛsa a ɛne ɔsram Siwan no da a ɛto so aduonu abiɛsa, na wɔkyerɛwee sɛnea Mordekai hyɛe no nyinaa kɔmaa Yudafo no, ne amradofo akɛse ne nketewa, ne nsase no so mmapɔmma, de fi India de kosi Etiopia, nsase horow ɔha aduonu asɔn, asase biara asase sɛ ne nkyerɛwee te, ne ɔman biara man sɛ ne kasa te, ne Yudafo nso sɛ wɔn nkyerɛwee ne wɔn kasa te.