Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 9:25 - KYERƐW KRONKRON

25 na Ester baa ɔhene anim no, ɔkae nhoma no mu, sɛ n’adwemmɔne a odwen Yudafo no ho no nsan mmebua n’atifi na wɔnsɛn no ne ne mma dua no so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 na Ester baa ɔhene anim no, ɔkaa no nwoma no mu, sɛ Haman adwemmɔne a ɔdwenee no Yudafoɔ ho no nsane mmɛbua n’atifi, na wɔnsɛne no ne ne mma dua no so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Nanso Ɛster baa ɔhene anim no, ɔhyɛɛ mmara, nam so maa Haman adwemmɔne no bɔɔ ne ti so, na wɔsɛn no ne ne mmabarima wɔ nnua so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

25 na Ester baa ɔhene anim no, ɔkaa no nwoma no mu, sɛ Haman adwemmɔne a ɔdwenee no Yudafoɔ ho no nsane mmɛbua n’atifi, na wɔnsɛne no ne ne mma dua no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Nanso, Ɛster baa ɔhene anim no, ɔhyɛɛ mmara, nam so maa Haman adwemmɔne no bɔɔ ne tiri so, na wɔsɛnee no ne mmammarima wɔ dua no so.

Ver Capítulo Copiar




Ester 9:25
19 Referencias Cruzadas  

Ne mmusu resan abua n’atifi, na n’amim abua ne mpampam.


Na nea ɔbɛhwe ɔbo yi so no, bebubu, na nea ɛbɛhwe no so no, ɛbɛpɛtɛw no.


Ma abɔnefo nhwe wɔn ankasa nsɛmma mu, na me de, ma mintwa ho menkɔ prɛko.


Wɔn a wotwa me ho hyia de, ma wɔn anom mmusu mmua wɔn atifi.


Ɛnna ɔhene Ahas-weros bua see ɔhemmea Ester sɛ: Hena ne no na ɛhe na ɔwɔ, na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ saa no?


Nanso wampɛ sɛ ɔde ne nsa bɛka Mordekai nko ara, efisɛ na wɔakyerɛ no nea Mordekai fi, na Haman hwehwɛe sɛ okunkum Yudafo a wɔwɔ Akas-weros ahenni nyinaa mu a wɔyɛ Mordekai nkurɔfo no nyinaa.


na wɔatɔn yɛn, me ne me man, sɛ wɔnsɛe yɛn nkunkum yɛn nnwerɛw yɛn. Na sɛ wɔretontɔn yɛn ayɛ nkoa ne mfenaa a, anka mɛyɛ komm, nanso ɔtamfo no ntumi nhyɛ ɔhene ade a ɛbɛsɛe no ananmu.


O! Awurade, mma ɔbɔnefo nea ɔpɛ, mma n’agyina no nnkɔ so, na wɔamma wɔn ho so. Sela


Ɛda no, asafo AWURADE na ose, bofunnua a wɔde abɔ nea ɛhɔ yɛ den no bɛhɔn, na wɔabu ahwe fam, na adesoa a ɛsɛn so no asɛe, efisɛ AWURADE na waka.


Na Dawid tee sɛ Nabal awu no, ɔkae sɛ: Nhyira nka AWURADE a watɔ Nabal nsopa no so were ama me na waso n’akoa mu afi bɔne ho, AWURADE adan Nabal bɔne agu n’atifi! Na Dawid soma ne Abigail kɔkasae sɛ ɔbɛfa no aware.


ɛnne wo ara tie ɔsoro, na yɛ, na bu wo nkoa atɛn, sɛ wubebu ɔbɔnefo fɔ ama ne kwan abua n’atifi, na woabu ɔtreneeni bem ama no sɛ ne trenee te.


Na wɔsɛn Haman dua a wasiesie ama Mordekai no so. Na ɔhene abufuw ano dwoe.


Mɛda AWURADE ase sɛnea ne trenee te, na mato ayeyi dwom mama AWURADE a ɔwɔ sorosoro no din.


Na ɔde wɔn mmusu abua wɔn atifi, na wɔn bɔne nti obeyi wɔn hɔ; Yiw, AWURADE, yɛn Nyankopɔn beyi wɔn hɔ.


Ɔbɔnefo amumɔyɛ so no mu, na ne bɔne nhama kyere no.


Nea otu amoa bɛhwe ɛno ara mu, na nea omunum ɔbo no, ɛbɛsan aba no so.


Na AWURADE da no abɛn, amanaman nyinaa so; sɛnea woyɛe no, saa ara na wɔbɛyɛ wo, wo nneyɛe bɛsan abebua w’atifi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios