Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 9:22 - KYERƐW KRONKRON

22 sɛ nna a Yudafo nyaa mu home fii wɔn atamfo nsam, ne ɔsram a ɛdan wɔn fii awerɛhow mu kɔɔ anigye mu na efii nkɔmmɔdi mu kɔɔ dapa mu, sɛ wɔmfa nyɛ apontow ne anigye ne ɔyɔnko ne yɔnko adiama ne ahiafo adekyɛ nna.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 sɛ nna a Yudafoɔ nyaa mu home firii wɔn atamfoɔ nsam, ne bosome a ɛdanee wɔn firii awerɛhoɔ mu kɔɔ anigyeɛ mu, na ɛfirii abooboodie mu kɔɔ dapa mu, sɛ wɔmfa nyɛ apontoɔ ne anigyeɛ ne ɔyɔnko ne yɔnko adiama ne ahiafoɔ adekyɛ nna.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Ɔka kyerɛɛ wɔn se wɔnhyɛ saa nna no ho fa a adidi ne ɔnom ka ho, na wɔmma wɔn ho wɔn ho ne ahiafo akyɛde. Eyi bɛma Yudafo no akae bere a wonyaa ogye fii wɔn atamfo nsam, wɔn awerɛhow dan anigye, na wɔn su bɛyɛɛ ahosɛpɛw no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 sɛ nna a Yudafoɔ nyaa mu home firii wɔn atamfoɔ nsam, ne bosome a ɛdanee wɔn firii awerɛhoɔ mu kɔɔ anigyeɛ mu, na ɛfirii abooboodie mu kɔɔ dapa mu, sɛ wɔmfa nyɛ apontoɔ ne anigyeɛ ne ɔyɔnko ne yɔnko adiama ne ahiafoɔ adekyɛ nna.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnhyɛ saa nna no ho fa a adidie ne ɔnom ka ho, na wɔmma wɔn ho wɔn ho ne ahiafoɔ akyɛdeɛ. Yei bɛma Yudafoɔ no akae ɛberɛ a wɔnyaa ɔgyeɛ firii wɔn atamfoɔ nsam, wɔn awerɛhoɔ danee anigyeɛ, na wɔn su bɛyɛɛ ahosɛpɛ no.

Ver Capítulo Copiar




Ester 9:22
24 Referencias Cruzadas  

Woama me nkɔmmɔdi adan me asaw, woasan me ho ayitama, na wode anigye abɔ m'asen,


gye ahiafo nko na wɔsrɛe sɛ yɛnkae wɔn. Na ɛno nso na mebɔɔ ho mmɔden sɛ mɛyɛ.


Na ɛda a AWURADE bɛma wo ɔhome afi wo yaw ne w’ahoyeraw ne w’anyadi dennen a wodii wo no mu no,


Enti Yudafo a wɔwɔ nkuraa ase a wɔtete nkurow a ɛho nni afasu mu no de ɔsram Adar [a ɛte sɛ Ɔbɛnem] da a ɛto so dunan no yɛ apontow ne anigye da ne dapa a wɔde nneɛma mema wɔn ho.


Na hwɛ, nea ɛwɔ mu no, momfa bi nyɛ adɔe; ɛno na ne nyinaa ho befi ama mo.


Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahow, na wɔn na wɔbɛkyekye wɔn werɛ.


Me kra, hyira AWURADE, na mma wo werɛ mmfi ne nneyɛe pa nyinaa.


Na wɔn a wɔtete asase so ani begye wɔn ho, na wɔn bo atɔ wɔn yam, na wɔamenamena wɔn ho ade, efisɛ adiyifo baanu yi ateetee wɔn a wɔte asase so.


bisabisa wo mmerante no na wɔbɛka akyerɛ wo; enti ma mmerante no nnya w’anim anuonyam, na afahyɛ da na yɛaba yi, fa nea ɛtɔ wo nsam ma wo nkoa ne wo ba Dawid ɛ!


sɛ wɔmma eyi ntim wɔn tirim sɛ wonni ɔsram Adar [a ɛte sɛ Ɔbɛnem] da a ɛto so dunan ne ne da a ɛto so dunum no daa afe,


Na Yudafo no soo nea wɔafi ase reyɛ ne nea Mordekai kyerɛw brɛɛ wɔn no mu,


Sɛ wo nuanom mu biara dan wo mu hiani, wo kurow biara mu, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so a, mpirim wo koma, na mmua wo nsa ano nhyɛ wo nua hiani;


na ma w’ani nnye wo nnapɔnna no mu, wo ne wo babarima ne wo babea ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo a wɔwɔ wo nkurow mu.


Nnansɔn na di dapɔnna no ma AWURADE wo Nyankopɔn faako a AWURADE ayi hɔ: Na AWURADE wo Nyankopɔn behyira wo, wo nnɔbae mu ne wo nsa ano adwuma nyinaa mu; enti ma w’ani nnye ara.


na m’anuonyam ato wo dwom na annyae da. AWURADE, me Nyankopɔn, mɛda wo ase daa.


Wɔn nkrante bɛwɔ wɔn ara komam, na wɔn ta abubu.


sɛ wobedi amanaman mu were, na wɔatwe aman aso;


Sɛ asafo AWURADE se ni: Ɔsram a ɛto so anan ne anum mu ne nea ɛto so ason mu ne nea ɛto so du mu akɔnkyen bɛyɛ Yuda fi ahosɛpɛw ne anigye ne afahyɛ pa; na nokware ne asomdwoe nko no mompɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios