Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 9:21 - KYERƐW KRONKRON

21 sɛ wɔmma eyi ntim wɔn tirim sɛ wonni ɔsram Adar [a ɛte sɛ Ɔbɛnem] da a ɛto so dunan ne ne da a ɛto so dunum no daa afe,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 sɛ wɔmma yei ntim wɔn tirim sɛ wɔbɛdi bosome Adar da a ɛtɔ so dunan, ne ne da a ɛtɔ so dunum no daa afe,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 hyɛɛ wɔn nkuran sɛ, wonni afirihyia afahyɛ yi wɔ saa nnaanu no mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 sɛ wɔmma yei ntim wɔn tirim sɛ wɔbɛdi bosome Adar da a ɛtɔ so dunan, ne ne da a ɛtɔ so dunum no daa afe,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 hyɛɛ wɔn nkuran sɛ, wɔnni afirinhyia afahyɛ yi wɔ saa nnanu no mu.

Ver Capítulo Copiar




Ester 9:21
8 Referencias Cruzadas  

Na wowiee ofi no ɔsram Adar [a ɛte sɛ Ɔbɛnem] da a ɛto so abiɛsa so, ɔhene Dario ahenni afe a ɛto so asia mu.


Ɔsram a edi kan a ɛne ɔsram Nisan a ɛte sɛ Oforisuo no so, ɔhene Akas-weros afe a ɛto so dumien mu no, wɔtwee Pur, a ɛne ntonto, Haman anim, da biara da, na efi ɔsram no so ara kosii ɔsram a ɛto so dumien a ɛne ɔsram Adar.


ɔsram Adar [a ɛte sɛ Ɔbɛnem] da a ɛto so dummiɛnsa, so, na wonyaa ɔhome ne da a ɛto so dunan no so. Na wɔde yɛɛ apontow ne anigye da.


Na Yudafo a wɔwɔ Susan no boaboaa wɔn ho ano, ne da a ɛto so dumiɛnsa ne ne da a ɛto so dunan, na wonyaa ɔhome ne da a ɛto so dunum, na wɔde yɛɛ apontow ne anigye da.


Na Mordekai kyerɛw nsɛm yi, na ɔsoma ma wɔde nhoma kɔmaa Yudafo a wɔwɔ Ɔhene Ahas-weros nsaase nyinaa so no nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no,


sɛ nna a Yudafo nyaa mu home fii wɔn atamfo nsam, ne ɔsram a ɛdan wɔn fii awerɛhow mu kɔɔ anigye mu na efii nkɔmmɔdi mu kɔɔ dapa mu, sɛ wɔmfa nyɛ apontow ne anigye ne ɔyɔnko ne yɔnko adiama ne ahiafo adekyɛ nna.


Yudafo no ma etimii, na wɔde too wɔn ho ne wɔn asefo ne wɔn a wɔde wɔn ho bɛbata wɔn ho nyinaa so, sɛ wɔmmma nna abien yi di nntwa wɔn ti so, sɛnea wɔakyerɛw no, ne bere a wɔahyɛ no te, daa afehyia biara mu.


Na ɔhemmea Ester a ɔyɛ Abihail ba no, ne Yudani Mordekai de tumi nyinaa kyerɛwee, sɛ wɔbɛma Purim nhoma a ɛto so abien yi atim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios